< Yosua 18 >

1 Afei a asase no abedi Israelfo nsam no, Israelfo nyinaa boaa wɔn ho ano wɔ Silo na wosii hyiadan.
這地方即然已被征服,以色列子民的全會眾就都聚集到史羅,在那裏整起了會慕。
2 Nanso na aka mmusuakuw ason a wɔmfaa wɔn kyɛfa no mmaa wɔn ɛ.
以色列子民中,還有七個支派沒有分到產業。
3 Enti Yosua bisaa wɔn se, “Moretwɛn akosi da bɛn ansa na moafa asase no nkae a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no?
若蘇厄對以色列子民說:「你們遲遲不去,承受上主你們祖先的天主賜與你們的土地,要到時候呢﹖
4 Munyi nnipa baasa mfi abusuakuw biara mu na mɛsoma wɔn ama wɔakɔsra baabi a wonnii hɔ so no. Wɔsan ba a, wɔbɛkyerɛw nea wohui agu krataa so akyerɛ me sɛnea wɔbɛkyekyɛ agyapade no.
你們應由每反派推選三人,我好派他們去走遍全境,按照各支派應得的產業,畫成圖樣,然後回來見我。
5 Akwansrafo no bɛkyekyɛ asase no mu ason, na wɔmmfa Yuda asase a ɛda anafo fam ne Yosef asase a ɛwɔ atifi fam no nka ho.
他們應將那地分成七份,猶大保有自己在南方的土地,若瑟家族保有自己在北方的土地。
6 Afei, mɛbɔ ntonto a ɛho tew wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim, apɛ baabi a wɔde bɛma abusuakuw biara.
你們應將那地畫成七份,把圖樣帶來見我,使我好在這裏,於上主我們的天主面前,為你們抽籤。
7 Nanso Lewifo no rennya asase biara. Wɔn dwumadi sɛ Awurade asɔfo no bɛyɛ wɔn agyapade. Na Gad ne Ruben mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no nso nnya asase no bi bio, efisɛ wɔanya wɔn agyapade a Mose a ɔyɛ Awurade somfo de maa wɔn wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam no dedaw.”
肋未人在你們中間不應有產業,因為上主司祭的品位,就是他們的產業。至於加得、勒烏本和默納協和默納協半個支派,在約旦河東岸已分得了產業,那是上主的僕人梅瑟分給他們的。」
8 Mmarima a wɔrekosusuw asase no rebɛkɔ no, Yosua hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔkyekyɛ asase no, na monsan mfa nea muhui ho nsɛm a moakyerɛw agu krataa so mmrɛ me, na menam ntontobɔ kronkron a wɔbɛbɔ no Awurade anim wɔ Silo no so de asase no bɛma mmusuakuw no.”
這些人準備出發時,若蘇厄吩咐這些去繪圖的人說:「你們去走遍這地,畫成圖樣,然後回來見我,我要在史羅在上主面前為你們抽籤。」
9 Mmarima no yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ wɔn no, kyekyɛɛ asase no nyinaa mu ason, kyerɛw nkurow a ɛwɔ asase no nkyekyɛ mu biara so. Wɔsan kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Silo atenae hɔ.
這些人就去走遍全境,將所有城市分成七分,寫在書冊上,回到史羅營中呈給若蘇厄。
10 Silo hɔ na Yosua bɔɔ ntonto kronkron wɔ Awurade anim de pɛɛ asasetaw a ɛsɛ sɛ abusuakuw biara fa.
若蘇厄便在史羅於上主面前,為他們抽籤,在那裏按照他們的分法,將地畫分給了以色列子民。
11 Asase no nkyekyɛ mu a edi kan no kɔɔ mmusua a ɛwɔ Benyamin abusuakuw no nsam. Na ɛda nsase a wɔde maa Yuda ne Yosef mmusuakuw no ntam.
本雅明支派安他們的家族,抽籤分得的產業,是在猶大子孫和若瑟子孫中間。
12 Atifi fam hye no fi Asubɔnten Yordan kɔ Yeriko nsian no atifi, na afei, afa bepɔw mantam ne Bet-Awen sare so akɔ atɔe fam.
北邊邊界起自約旦河,沿耶利哥北邊的山坡往上,至西面山地,直達貝特阿文曠野;
13 Ɔhye no fi hɔ kɔ Lus (a ɛyɛ Bet-El) wɔ anafo fam, na ɛtoa so kɔ Atarot-Adar ne bepɔw atifi a ɛwɔ Bet-Horon Anafo wɔ anafo fam.
再由此經路次,沿路即貝特耳南山坡下,下至阿塔洛特阿達爾,與在下貝特曷龍南部的山相接,
14 Afei ɔhye no fa anafo fam, nam bepɔw a anim hwɛ Bet-Horon wɔ atɔe fam no ntentenso, kosi Kiriat-Yearim, a ɛyɛ Kiriat-Baal akuraa; Yuda abusuakuw no nkurow no mu baako. Eyi ne atɔe fam hye.
西邊的邊界由此轉彎,折向南方,由貝特曷龍對面的山向南折,直到猶大人的克黎雅特巴爾,即克黎雅特耶阿陵城:這是西界。
15 Anafo fam hye no, fi Kiriat-Yearim mfikyiri. Efi hɔ fa atɔe fam kɔ Neftoa nsuwansuwa asuti ho,
南界是從克黎雅特耶阿陵的邊界起,向加斤伸展,直到乃費托亞水泉;
16 na asian akɔ bepɔw a ɛwɔ Hinom bon a ɛwɔ Refaim bon no atifi fam no ase. Ɛtoa so kɔ Hinom wɔ anafo fam, na atwam wɔ nsian a na Yebusifo te no anafo fam na akodu En-Rogel.
由此往下直到位於勒法因不原北部,本希農山谷對面的山角;然後往下,經希農山谷,下至耶步斯人山腰南部,直到洛革耳泉;
17 Ɔhye no fi En-Rogel a ɛkɔ atifi fam, kosi En-Semes na atoa so akɔpem Gelilot a ɛne Adumim di nhwɛanim na afei asian akɔ Bohan a na ɔyɛ Ruben babarima no bo ho.
由此轉北,出舍默士水泉,直至阿杜明山坡對面的革里羅特,再下至勒烏本人波罕的盤石;
18 Ɛtoa so fa nsian a ɛhwɛ Yordan Bon no atifi fam. Afei ɔhye no kɔ obon no mu,
由此經貝特阿辣巴對面山腰的北部,直下到阿辣巴,
19 ɛkɔfa Bet-Hogla nsian no atifi fam na akɔpem Nkyene Po no atifi awiei ano a ɛyɛ Asubɔnten Yordan anafo fam abɔe.
再經貝特曷拉山脊向北,止於鹽海北端,約旦河南口,:這是南界。
20 Apuei fam hye no yɛ Asubɔnten Yordan. Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no.
東邊以約旦河為界以上是本雅明子孫,按照家族,分得土地的四面邊界。
21 Nkurow a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw na edidi so yi: Yeriko, Bet-Hogla ne Emek-Kesis,
本雅明支派子孫按照家族,分得的城市:有耶利哥、貝特曷革拉、厄默各刻漆茲、
22 Bet-Araba, Semaraim ne Bet-El,
背叛貝特阿辣巴、責瑪辣因、貝特耳、
23 Awim, Para ne Ofra,
阿威、帕辣、敖斐辣、
24 Kefar-Amonai, Ofni ne Geba, nkurow dumien ne wɔn nkuraa.
革法爾阿摩尼、敖弗尼和革巴:共計十二座城和所屬村鎮。
25 Gibeon, Rama ne Beerot,
基貝紅、辣瑪、貝洛特、
26 Mispa, Kefira ne Mosa,
米茲培、革非辣摩匝勒、
27 Rekem, Yirpeel ne Tarala,
耿依爾耳、塔辣拉、
28 Sela, Ha-Elef ne Yebusifo kuropɔn (a ɛyɛ Yerusalem), Gibea ne Kiriat-Yearim, nkurow dunan ne wɔn nkuraa. Eyi ne agyapade a wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Benyamin abusuakuw no.
責拉、厄肋夫、耶步斯即耶路撒冷、基貝亞和克黎雅特耶阿陵:共計十四座城和所屬村鎮:以上是本雅明子孫,按照家族分得的產業。

< Yosua 18 >