< Yoɛl 2 >

1 Hyɛn torobɛnto no wɔ Sion; hyɛn abɛn no wɔ me bepɔw kronkron no so. Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo, efisɛ Awurade da no reba, na abɛn koraa.
Blow ye the trumpet in Zion; Sound an alarm in my holy mountain! Let all the inhabitants of the land tremble! For the day of Jehovah cometh, for it is near!
2 Sum ne kusukuukuu da. Omununkum ne sum kabii da. Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw wɔ mmepɔw so no, saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te. Wonhuu wɔn sɛso bi da, na wɔrenhu ne sɛso nso da.
A day of darkness, and gloominess, A day of clouds, and thick darkness. As the morning light spreadeth itself upon the mountains, There cometh a numerous people and a strong; Like them there have been none of old time, And after them there shall not be, Even to the years of many generations.
3 Ogya rehyew wɔ wɔn anim, ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi, asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo, nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam, hwee nguan wɔn.
A fire devoureth before them, And behind them a flame burneth; The land is as the garden of Eden before them. And behind them a desolate wilderness! Yea, nothing escapeth them.
4 Wɔte sɛ apɔnkɔ. Wohuruhuruw te sɛ apɔnkɔsotefo asraafo.
Their appearance is like the appearance of horses, And like horsemen do they run;
5 Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wotu fa mmepɔw atifi, wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee wɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.
Like rattling chariots they leap on the tops of the mountains; Like the crackling flame of fire, which devoureth stubble; Like a mighty host set in battle array.
6 Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; na wɔn anim hoa.
Before them the people tremble, And all faces gather blackness.
7 Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofo; wɔforo afasu te sɛ asraafo na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee, na wɔmman benkum anaa nifa.
They run like mighty men; They climb the wall like warriors; They march every one on his way; They change not their paths.
8 Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu; obiara nantew kɔ nʼanim tee. Wobu fa abandennen so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.
One doth not thrust another; They march every one in his path, And though they rush among weapons, they are not wounded.
9 Wɔtow hyɛ kuropɔn no so wotu mmirika fa afasu no so wɔforo kɔ afi mu, wɔfa mfɛnsere mu te sɛ akorɔmfo.
They run through the city; They run upon the wall; They go up into the houses; They enter in at the windows, like a thief.
10 Asase wosow wɔ wɔn anim, na ɔsoro hinhim. Owia ne ɔsram duru sum, na nsoromma nhyerɛn bio.
The earth quaketh before them, And the heavens tremble; The sun and the moon are darkened, And the stars withdraw their shining.
11 Awurade bobɔ mu de di nʼasraafo no anim. Nʼakofo no dɔɔso bebree, ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so. Awurade da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu; hena na obetumi agyina ano?
Jehovah uttereth his voice before his army; For very great is his host; Yea, it is mighty, executing his word; The day of Jehovah is great, and very terrible; Who shall be able to bear it?
12 “Na afei,” sɛnea Awurade se ni, “San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn, wɔ akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu.”
Yet even now, saith Jehovah, Turn ye to me with all your heart, With fasting, with weeping, and with mourning!
13 Sunsuan wo koma na ɛnyɛ wo ntade mu. San bra Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye. Ne bo kyɛ fuw na ne dɔ boro so, na ɛnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.
And rend your hearts, and not your garments, And turn to Jehovah your God, For he is gracious and merciful, Slow to anger, and of great kindness, And repenteth of a threatened evil.
14 Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ na wagyaw nhyira, a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde a mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.
Who knoweth but he will turn and repent, And leave a blessing behind him, Even a flour-offering and a drink-offering for Jehovah your God.
15 Hyɛn torobɛnto wɔ Sion! Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru, momfrɛ nhyiamu kronkron.
Blow ye the trumpet in Zion; Appoint yea fast; proclaim a solemn assembly!
16 Mommoaboa nnipa no ano montew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; mommoaboa mpanyimfo, mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano. Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra.
Gather the people; appoint a congregation; Assemble the elders; Gather the children and the sucklings! Let the bridegroom come forth from his chamber, And the bride from her nuptial bed!
17 Asɔfo a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam; na wɔnka se, “Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade anaa fɛwdi wɔ aman no mu. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se, ‘Wɔn Nyame no wɔ he?’”
Let the priests, the servants of Jehovah, Weep between the porch and the altar, And say, Spare thy people, O Jehovah, And give not thine inheritance to reproach, And to be a by-word to the nations! Why should they say among the nations, Where is their God?
18 Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.
Then will Jehovah be zealous for his land, And have compassion on his people,
19 Awurade bebua se, “Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo, a ɛbɛso mo ama moamee pintinn. Merenyɛ mo ahohorade mma aman no bio.
Yea, Jehovah will answer, and say to his people, Behold, I will send you corn, And new wine, and oil, and ye shall be satisfied therewith; And I will no more make you a reproach among the nations.
20 “Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so. Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na ne nka betu.” Nokware wayɛ nneɛma akɛse!
I will remove far from you the northern host, And I will drive it into a dry and desolate land; Its van toward the Eastern sea, And its rear toward the Western sea. And its scent shall come up, And its ill savor shall come up, Because it hath done great things.
21 Munnsuro, me nkurɔfo! Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho. Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.
Fear not, O land, exult and rejoice, For Jehovah hath done great things!
22 Munnsuro, mo wuram mmoa! Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm. Nnua no resow wɔn aba; borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba.
Fear not, O ye beasts of the field, For the pastures of the desert spring up, For the tree beareth its fruit; The fig-tree and the vine yield their strength!
23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma, Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu, efisɛ watɔ asusowsu ama mo, ne nokwaredi nti. Watɔ osu bebree ama mo wɔ ne bere mu te sɛ kan no.
And, O ye sons of Zion, exult, And rejoice in Jehovah your God! For he giveth you the former rain in just measure, And causeth showers to come down upon you, Even the former rain, and the latter rain, as aforetime.
24 Aduan bɛyɛ awiporowbea hɔ ma, nsa foforo ne ngo bebu so wɔ kyi amoa mu.
And the threshing-floors shall be full of wheat, And the vats shall overflow with new wine and oil.
25 “Mɛhyɛ mo anan mu, nea mohweree mfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma, mmoadabi akɛse ne nkumaa, ne wɔn a aka no nyinaa, me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.
And I will restore to you the years Which the swarming-locust hath eaten, The licking-locust, the consuming-locust, and the gnawing-locusts, My great army, which I sent among you.
26 Mubedidi amee, na mubeyi Awurade mo Nyankopɔn din ayɛ. Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo; me nkurɔfo ani renwu bio.
Ye shall eat in plenty, and be satisfied, And praise the name of Jehovah your God, Who hath dealt wondrously with you; And my people shall never be put to shame.
27 Afei, mubehu sɛ, mewɔ Israel, mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, na obiara nni hɔ sɛ me; Me nkurɔfo ani renwu bio da.”
Ye shall know that I am in the midst of Israel, And that I am Jehovah, your God, and none else; And my people shall never be put to shame.
28 “Na akyiri no, mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so, mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, mo nkwakoraa bɛsoso adae, mo mmerante benya anisoadehu.
And it shall come to pass afterward, That I will pour out my spirit upon all flesh; And your sons and your daughters shall prophesy; Your old men shall dream dreams, Your young men shall see visions.
29 Saa mmere no mu no, mehwie me Honhom agu mʼasomfo so, mmarima ne mmea.
Upon the men-servants also, and upon the handmaids, Will I pour out my spirit in those days.
30 Mɛyɛ anwonwade wɔ ɔsoro ne asase so, mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn.
And I will show wonders in the heavens and in the earth; Blood and fire, and pillars of smoke.
31 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.
The sun shall be turned into darkness, And the moon into blood, Before the day of Jehovah cometh, The great and the terrible day. Then whoever calleth on the name of Jehovah shall be delivered;
32 Na obiara a ɔbɔ Awurade din no, wobegye no nkwa. Efisɛ nkwagye bɛba ama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu a Awurade afrɛ wɔn wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,” sɛnea Awurade aka no.
For upon mount Zion, and in Jerusalem, shall be deliverance, As Jehovah hath spoken; And among the remnant, whom Jehovah shall call.

< Yoɛl 2 >