< Yoɛl 1 >

1 Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.
The word of Jehovah, which came to Joel, the son of Pethuel.
2 Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo; muntie, mo a mote asase no so nyinaa. Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere so anaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?
Hear this, ye old men; Give ear, all ye inhabitants of the land! Hath such a thing happened in your days, Or even in the days of your fathers?
3 Monka nkyerɛ mo mma, na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.
Tell ye your children of it, And let your children tell their children, And their children another generation!
4 Nea mmoadabikuw no gyawee no, mmoadabi akɛse no awe; nea mmoadabi akɛse no gyawee no, mmoadabi nkumaa no awe; nea mmoadabi nkumaa no gyawee no, mmoadabi afoforo awe.
That which the gnawing-locust left hath the swarming-locust eaten, And that which the swarming-locust left hath the licking-locust eaten, And that which the licking-locust left hath the consuming-locust eaten.
5 Mo asabowfo, munnyan, na munsu! Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo; muntwa adwo, nsa foforo no nti, efisɛ wɔahuam afi mo ano.
Awake, ye drunkards, and weep! Howl, all ye drinkers of wine, For the new wine, which is snatched from your mouths!
6 Ɔman bi atu mʼasase so sa; dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn; wɔn se te sɛ gyata se na wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo.
For a nation hath come up on my land, Strong, and not to be numbered; Their teeth are the teeth of the lion; They have the jaw-teeth of the lioness.
7 Wasɛe me bobe ne me borɔdɔma nnua. Wawaawae nnua no ho bona, atow agu agyaw ne mman ho fitaa.
They have made my vine a desolation, And my fig-tree a broken branch; They have made it quite bare and cast it away; The branches thereof are made white.
8 Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatam na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu.
Lament ye, like a bride, Clothed in sackcloth for the husband of her youth!
9 Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde, wɔayi afi Awurade fi. Asɔfo no retwa adwo, wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
The flour-offering and the drink-offering are cut off from the house of Jehovah; The priests, the servants of Jehovah mourn.
10 Mfuw asɛe, asase no so awo wosee aduan no asɛe nsa foforo no ayow ngo nyinaa asa.
The field is laid waste; The ground mourneth, For the corn is laid waste; The new wine is dried up; The oil languisheth.
11 Mo ani nwu, mo akuafo, muntwa adwo, mo a mudua bobe; Munsi apini mma awi ne atoko, efisɛ otwabere no asɛe.
Lament, O ye husbandmen, Howl, O ye vine-dressers, For the wheat and the barley, For the harvest of the field hath perished!
12 Bobe no akisa na borɔdɔma nnua no awuwu. Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew. Nokware, anigye a nnipa wɔ no atu ayera.
The vine is dried up, And the fig-tree languisheth; The pomegranate, the palm-tree, and the apple-tree, —All the trees of the field, are withered; Yea, joy is withered away from the sons of men.
13 Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo; mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo. Mumfura atweaatam mmesi pɛ, mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim; efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde no to atwa wɔ Onyankopɔn fi.
Gird yourselves with sackcloth and mourn, ye priests! Howl, ye ministers of the altar! Come, lie all night in sackcloth, ye ministers of my God, For the flour-offering and the drink-offering are withholden from the house of your God!
14 Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru; momfrɛ nhyiamu kronkron. Momfrɛ mpanyimfo ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa mmra Awurade mo Nyankopɔn fi na wommesu mfrɛ Awurade.
Appoint ye a fast, proclaim a solemn assembly! Gather the elders and all the inhabitants of the land Into the house of Jehovah, your God, And cry unto Jehovah!
15 A, da no de! Awurade da no abɛn; Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ.
Alas, alas the day! For the day of Jehovah is near; Even as destruction from the Almighty doth it come.
16 So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua, anigye ne ahosɛpɛw to atwa wɔ yɛn Nyankopɔn fi ana?
Is not our food cut off from before our eyes, Yea, joy and gladness from the house of our God?
17 Aba no wu wɔ asase wosee mu, adekoradan abubu, aburowpata nso so nni mfaso, efisɛ nnuan no ahyew.
The seeds are rotten under their clods, The storehouses are laid desolate, the garners are destroyed; For the corn is withered.
18 Sɛnea anantwi su! na anantwikuw kyinkyin kwa. Nguankuw mpo rebrɛ efisɛ wonni didibea.
How do the beasts groan, How do the herds of oxen wander perplexed, Having no pasture! The flocks of sheep also are destroyed.
19 Awurade, wo na misu frɛ wo, efisɛ ogya ahyew sare so adidibea, na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa.
To thee, O Jehovah, do I call, For a fire hath devoured the pastures of the desert, And a flame hath burned all the trees of the field!
20 Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo. Nsuwansuwa ayoyow, na ogya ahyew sare so adidibea.
The beasts of the field, also, cry unto thee, For the streams of water are dried up, And a fire hath devoured the pastures of the desert!

< Yoɛl 1 >