< Yesaia 66 >

1 Sɛɛ na Awurade se: “Ɔsoro yɛ mʼahengua, na asase yɛ me nan ntiaso. Ofi a wubesi ama me no wɔ he? Ɛhe na ɛbɛyɛ me homebea?
Thus saith Jehovah: Heaven is my throne, And the earth my footstool; Where is the house that ye can build me, And where is the place of my rest?
2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na ɛma ɛbae ana?” Awurade na ose. “Obi a mʼani sɔ no ni: nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom, na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.
For all these things hath my hand made; By it do all these things exist, saith Jehovah. But to this man will I look, Even to him who is humble and of a contrite spirit, And who trembleth at my word.
3 Nanso obi a ɔde nantwinini bɔ afɔre no saa onipa no ara kum nnipa, na nea ɔma oguamma no, saa onipa no ara bu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no saa onipa no ara de prako mogya bɔ afɔre, nea ɔhyew nnuhuam a ɛwɔ din no saa onipa no ara som ɔbosom. Wɔafa wɔn ankasa akwan na wɔn akra ani gye wɔn akyiwade ho;
He that slayeth an ox killeth a man; He that sacrificeth a lamb beheadeth a dog; He that maketh an oblation offereth swine's blood; He that burneth incense blesseth an idol. Yea, they have chosen their own ways, And in their abominations their souls delight.
4 enti me nso mɛpɛ ayayade ayɛ wɔn na mede nea wosuro bɛba wɔn so. Efisɛ mefrɛe no, obiara annye so, mekasae no, obiara antie. Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so na wɔyɛɛ nea mempɛ.”
I also will choose their calamities; What they dread I will bring upon them; Because I called, and no one answered, I spake, and they did not hear; But they did what is evil in my sight, And chose that in which I have no delight.
5 Muntie Awurade asɛm, mo a mote nʼasɛm a mo ho popo: “Mo nuanom mmarima a wɔtan mo, na me din nti wotwa mo gyaw no, aka se, ‘Momma wɔnhyɛ Awurade anuonyam, na yɛahu mo anigye!’ Nanso wɔn anim begu ase.
Hear the word of Jehovah, Ye that tremble at his word! “Your brethren that hate you, And thrust you out for my name's sake, have said, “May Jehovah be glorified, that we may see your joy!” But they shall be confounded.
6 Muntie huuyɛ a efi kuropɔn no mu, muntie gyegyeegye a efi asɔredan no mu! Ɛyɛ Awurade nnyigyei a ɔde retua nʼatamfo ka sɛnea ɛfata wɔn.
A voice of tumult from the city! A voice from the temple! The voice of Jehovah, rendering recompense to his enemies!
7 “Ansa na ɔbea bɛkyem no, ɔwo; ansa na ɔbɛte awoyaw no ɔwo ɔbabarima.
Before she was in travail, she brought forth, Before her pangs came, she was delivered of a son.
8 Hena na wate biribi sɛɛ ho asɛm pɛn? Hena na wahu biribi sɛɛ pɛn? Wobetumi de da koro akyekyere ɔmansin, anaa ɔman mu, bere sin bi mu ana? Nanso awo ka Sion ara pɛ a ɔwo ne mma.
Who hath heard such a thing? Who hath seen such things? Is a country brought forth in a day? Is a nation born at once? For as soon as Zion was in travail, she brought forth her children.
9 Mede obi bedu awoko ano a memma no nwo ana?” Sɛnea Awurade se ni. “Misiw awotwaa ano bere a awo adu so ana?” Wo Nyankopɔn na ose.
Shall I bring to the birth, and not cause to bring forth, saith Jehovah; Shall I, who beget, restrain the birth? saith thy God.
10 Mo ne Yerusalem ani nnye na munni ahurusi mma no, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no nsɛpɛw mo ho yiye, mo a mudi ne ho awerɛhow nyinaa.
Rejoice ye with Jerusalem, And exult for her, all ye that love her! Be very joyful with her, all ye that mourn for her!
11 Mubenum nʼawerɛkyekye nufu no amee; mobɛnom aboro so na mo ani begye nea abu so atra so no ho.
That ye may suck, and be satisfied, from the breast of her consolations, That ye may suck and be delighted with the fulness of her glory.
12 Na sɛɛ na Awurade se: “Mede asomdwoe bɛma no sɛ asubɔnten, ne amanaman no ahonya nso sɛ asuten a ayiri. Mubenum na waturu mo wɔ ne basa so na obegyigye mo agoru wɔ nʼanankoroma so.
For thus saith Jehovah: Behold, I will bring prosperity to her like a river, And the wealth of the nations like an overflowing stream; Ye shall suck at the breast, Ye shall be carried on the arm, And on the knees shall ye be dandled.
13 Sɛnea ɛna kyekye ne ba werɛ no saa ara na mɛkyekye mo werɛ; na mubenya awerɛkyekye wɔ Yerusalem.”
As one whom his mother comforteth, So will I comfort you; And in Jerusalem shall ye be comforted.
14 Sɛ muhu eyi a, mo koma ani begye na mobɛyɛ frɔmfrɔm sɛ sare; wobehu Awurade nsa wɔ ne nkoa so, nanso wobehu nʼabufuwhyew wɔ nʼatamfo so.
Ye shall see, and your heart shall rejoice, And your bones shall flourish like a green plant, And the hand of Jehovah shall be manifested to his servants, And be moved with indignation against his enemies.
15 Hwɛ, Awurade de ogya reba, na ne nteaseɛnam te sɛ mfɛtɛ; ɔde nʼabufuw bɛba wɔ anibere so, na ɔde gyaframa ayɛ nʼanimka.
For behold, Jehovah cometh with fire, Like a whirlwind are his chariots, To breathe forth his anger in a glowing heat, And his rebuke in flames of fire.
16 Ogya ne nʼafoa, na Awurade de bebu nnipa nyinaa atɛn, na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.
For with fire will Jehovah contend, And with his sword, with all flesh, And many shall be the slain of Jehovah.
17 “Wɔn a wɔtew wɔn ho na wodwira wɔn ho de kɔ nturo mu, na wodi ɔbaako a ɔfra wɔn a wɔwe mprakonam ne akisi ne nneɛma a ɛyɛ akyiwade akyi no, wɔbɛbɔ mu ahu wɔn awiei,” sɛnea Awurade se ni.
They who sanctify and purify themselves in the groves, Following one in the midst, Who eat swine's flesh, and the abomination, and the mouse. They shall all perish together, saith Jehovah.
18 “Esiane wɔn nneyɛe ne wɔn nsusuwii nti, Me, mereba abɛboaboa amanaman ne ɔkasa ahorow ano, na wɔbɛba abehu mʼanuonyam.
For I know their works, and their thoughts; The time cometh to gather all nations and tongues together; They shall come, and behold my glory.
19 “Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne bi wɔ wɔn mu, na mede nkae no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafo ne Lidiafo (wɔn a wɔagye din wɔ agyantow mu), Tubal ne Helafo, ne asupɔw a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wonhuu mʼanuonyam no. Wɔbɛpae mu aka mʼanuonyam wɔ amanaman mu.
And I will give a sign among them, And of those that escape I will send to the nations, To Tarshish, Phul, and Lud, who draw the bow, to Tubal and Javan, To the distant coasts, who never heard my name, And who never saw my glory; And they shall declare my glory among the nations.
20 Na wɔde mo nuabarimanom nyinaa befi amanaman nyinaa so bɛba me bepɔw kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ, afɔrebɔde ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfurumpɔnkɔ ne yoma so bɛba,” sɛɛ na Awurade se. “Wɔde wɔn bɛba sɛnea Israelfo de wɔn aduan afɔre kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ho tew mu.
And they shall bring all your brethren From all the nations, an offering to Jehovah, Upon horses, and in chariots, and in litters, and upon mules and dromedaries, To my holy mountain, Jerusalem, saith Jehovah, As the sons of Israel bring their gifts In pure vessels to the house of Jehovah.
21 Na meyi wɔn mu bi ayɛ asɔfo ne Lewifo,” Awurade, na ose!
And of them will I also take For priests and for Levites, saith Jehovah.
22 “Sɛnea ɔsorosoro foforo ne asase foforo bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefo bɛtena hɔ,” sɛnea Awurade se ni.
For as the new heavens, And the new earth, which I make, Endure before me, saith Jehovah, So shall your race and your name endure.
23 “Efi Ɔsram Foforo baako kɔpem foforo, efi Homeda baako kosi foforo no, adesamma nyinaa bɛba abɛkotow me,” sɛnea Awurade se ni.
And it shall be, from new moon to new moon, And from sabbath to sabbath, That all flesh shall come and worship before me, saith Jehovah.
24 “Na wobefi adi akohu wɔn a wɔtew atua tiaa me no afunu; wɔn asunson renwu, na wɔn gya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adesamma nyinaa nwini.”
Then shall they go forth and see The dead bodies of the men that rebelled against me! For their worm shall not die, And their fire shall not be quenched, And they shall be an abhorrence to all flesh.

< Yesaia 66 >