< Yesaia 6 >

1 Afe a ɔhene Usia wui mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte ahengua a ɛkorɔn na wapagyaw so na nʼatade mmuano ayɛ hyiadan mu hɔ ma.
In the year in which King Uzziah died, I saw the Lord sitting on a throne high and lifted up, and the train of his robe filled the temple.
2 Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu.
Around him stood seraphs; each one of them had six wings; with two he covered his face, with two he covered his feet, and with two he did fly.
3 Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade; Nʼanuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
And one called to another, and said: Holy, holy, holy is Jehovah of hosts; The whole earth is full of his glory.
4 Wɔn nne nnyigyei maa apon ne abobow ano wosowee, na wusiw yɛɛ hyiadan mu hɔ ma.
And the foundations of the thresholds were shaken with the voice of their cry. And the temple was filled with smoke.
5 Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.”
Then I said, Alas for me! I am undone! For I am a man of unclean lips, and dwell among a people of unclean lips, and mine eyes have seen the King, Jehovah of hosts.
6 Na Serafim no mu baako a okura nnyansramma, a ɔde ɔdaban kɔfa fii afɔremuka no so tu baa me nkyɛn.
Then flew one of the seraphs to me, having in his hands a glowing stone, which he had taken with the tongs from the altar.
7 Ɔde eyi kaa mʼano kae se, “Hwɛ, eyi aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdi na wɔatua wo bɔne so ka.”
And he touched my mouth, and said, Behold, this toucheth thy lips, and thine iniquity is taken away, and thy sin is expiated.
8 Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Na mekae se, “Mini. Soma me!”
And I heard the voice of the Lord, saying, Whom shall I send, and who will go for us? And I said: Behold, here am I; send me!
9 Na ɔkae se, “Kɔ na kɔka kyerɛ saa nkurɔfo yi se, “‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase; Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu.’
And he said: Go, and say thou to this people, Hear ye, indeed, but understand not; See ye, indeed, but perceive not!
10 Efisɛ mo, moapirim mo koma; moasisiw mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade, na mo koma ate asɛm ase, na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”
Make the heart of this people gross; Make their ears dull, and blind their eyes; That they may not see with their eyes, nor hear with their ears, Nor perceive with their hearts, and turn, and be healed.
11 Na mekae se, “Enkosi da bɛn, Awurade?” Na obuae se, “Enkosi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ amamfo a nnipa ntete so, enkosi sɛ afi no bɛyɛ afituw na mfuw no asɛe ayɛ pasaa,
Then said I, How long, Lord? He said: Until the cities be laid waste, so that there be no inhabitant, And the houses, so that there be no man, And the land be left utterly desolate;
12 enkosi sɛ, Awurade bɛpam obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan.
Until Jehovah have removed the men far away, And there be great desolation in the land.
13 Mpo, sɛ nkyɛmu du mu baako ka asase no so a wɔbɛsɛe no bio. Nso sɛnea dupɔn anaa odum gyaw dunsin, bere a wɔatwa ato fam no, saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsin wɔ asase no so.”
And though there be a tenth part remaining in it, Even this shall again be destroyed; Yet as when the terebinth and the oak are cut down, Their stem remaineth alive, So shall a holy race be the stem of the nation.

< Yesaia 6 >