< Yesaia 57 >

1 Atreneefo wu, na obiara nnwen ho wɔ ne koma mu; wɔfa nyamesurofo kɔ, na obiara nte ase sɛ wɔfa atreneefo kɔ sɛnea wobeyi wɔn afi bɔne mu.
See how the just man has perished, and no one lays [it] to heart: and righteous men are taken away, and no one considers: for the righteous has been removed out of the way of injustice.
2 Wɔn a wɔnantew tee no wɔhyɛn asomdwoe mu; wonya ahomegye bere a wɔadeda sɛ awufo.
His burial shall be in peace: he has been removed out of the way.
3 “Nanso mo, mommra ha, mo ɔbayifo mma, mo nguaman ne mmea nguamanfo mma!
But draw you near hither, you lawless children, the seed of adulterers and the harlot.
4 Hena na moreserew no? Hena na moredi ne ho fɛw na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatewfo fekuw ne atorofo asefo ana?
Wherein have you been rioting? and against whom have you opened your mouth, and against whom have you loosed your tongue? are you not children of perdition? a lawless seed?
5 Mode ɔpɛ mmoroso bɔ afɔre wɔ adum mu ne dua biara a adennan ase; mode mo mma bɔ afɔre wɔ aku a mu dɔ mu ne abotan mpaapae ase.
who call upon idols under the leafy trees, slaying your children in the valleys among the rocks?
6 Anyame a wɔyɛ abo trontrom, a ɛwɔ aku a mu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Yiw, moahwie nsa afɔrebɔde agu wɔn so na mode aduan afɔrebɔde ama wɔn. Eyinom nyinaa akyi, mingow me nsam ana?
That is your portion, this is your lot: and to them have you poured forth drink-offerings, and to these have you offered meat-offerings. Shall I not therefore be angry for these things?
7 Moasiesie mo nnabea wɔ koko a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔre.
On a lofty and high mountain, there is your bed, and there you carried up your meat-offerings:
8 Mo apon ne apongua akyi na mo de mo abosonsom nsɛsode asisi. Mufii mʼakyi koyii mo mpa so ntama, mokɔdaa so na motrɛw mu; mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam, na mohwɛɛ wɔn adagyaw mu.
and behind the posts of your door you did place your memorials. Did you think that if you should depart from me, you would gain? you have loved those that lay with you;
9 Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn na momaa mo nnuhuam dɔɔso. Mosomaa mo ananmusifo kɔɔ akyirikyiri; mosian kɔɔ ɔda mu ankasa! (Sheol h7585)
and you have multiplied your whoredom with them, and you have increased the number of them that are far from you, and have sent ambassadors beyond your borders, and have been debased even to hell. (Sheol h7585)
10 Mo nneyɛe maa mo ɔbrɛ, nanso moanka da se, ‘Yenni anidaso.’ Mopɛɛ ahoɔden foforo enti moantɔ piti.
You has wearied yourself with your many ways; yet you said not, I will cease to strengthen myself: for you has done these things; therefore you has not supplicated me.
11 “Hena na wama mo koma atu na wabɔ mo hu sɛɛ a enti moanni me nokware, na moankae me anaa moannwene eyi ho wɔ mo koma mu yi? So ɛnyɛ komm a mayɛ akyɛ no nti na munsuro me no ana?
Through dread of whom have you feared, and lied against me, and has not remembered, nor considered me, nor regarded me, yes, though when I see you I pass you by, yet you has not feared me.
12 Mɛda mo trenee ne mo nnwuma adi, na so remma mo mfaso.
And I will declare your righteousness, and your sins, which shall not profit you.
13 Sɛ moteɛ mu pɛ mmoa a, momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo! Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ, home kɛkɛ bɛfa wɔn. Nanso onipa a ɔde me yɛ ne guankɔbea no bedi asase no so na wafa me bepɔw kronkron no.”
When you cry out, let them deliver you in your affliction: for all these the wind shall take, and the tempest shall carry [them] away: but they that cleave to me shall possess the land, and shall inherit my holy mountain.
14 Na wɔbɛka se: “Monyɛ, monyɛ, munsiesie ɔkwan no! Munyiyi akwanside mfi me nkurɔfo akwan mu.”
And they shall say, Clear the ways before him, and take up the stumbling blocks out of the way of my people.
15 Na oyi ne nea ɔkorɔn no, nea ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no se: “Mete beae a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, mene nea ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyan honhom mu hiani no honhom, na makanyan ne koma a abubu no.
Thus says the Most High, who dwells on high for ever, Holy in the holies, is his name, the Most High resting in the holies, and giving patience to the faint-hearted, and giving life to the broken-hearted:
16 Meremmɔ sobo afebɔɔ, na me bo remfuw daa, sɛ anyɛ saa a onipa honhom bɛtɔ beraw wɔ mʼanim, onipa ahome a me na mabɔ no.
I will not take vengeance on you for ever, neither will I be always angry with you: for my Spirit shall go forth from me, and I have created all breath.
17 Ne nnebɔne adifudepɛ maa me bo fuwii; metwee nʼaso, na mede abufuw yii mʼani, nso ɔkɔɔ so yɛɛ nea ne koma pɛ.
On account of sin for a little while I grieved him, and struck him, and turned away my face from him; and he was grieved, and he went on sorrowful in his ways.
18 Mahu ne nneyɛe, nanso mɛsa no yare. Mɛkyerɛ no kwan na makyekye ne werɛ,
I have seen his ways, and healed him, and comforted him, and given him true comfort;
19 na mama ayeyi aba wɔn a wɔredi awerɛhow wɔ Israel no ano. Asomdwoe, asomdwoe mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,” sɛɛ na Awurade se. “Na mɛsa wɔn yare.”
peace upon peace to them that are far off, and to them that are near: and the Lord has said, I will heal them.
20 Na amumɔyɛfo te sɛ po a ɛrehuru, entumi nyɛ komm, nʼasorɔkye yiyi dontori ne fi.
But the unrighteous shall be tossed as troubled waves, and shall not be able to rest.
21 “Amumɔyɛfo nni asomdwoe.” Sɛɛ na me Nyankopɔn se.
There is no joy to the ungodly, said God.

< Yesaia 57 >