< Yesaia 52 >

1 Nyan, nyan, Sion, hyɛ ahoɔden adurade no. Hyɛ wo ntade fɛɛfɛ no Yerusalem kuropɔn kronkron no. Momonotofo ne wɔn a wɔn ho agu fi renwura wʼapon mu bio.
עורי עורי לבשי עזך ציון לבשי בגדי תפארתך ירושלם עיר הקדש כי לא יוסיף יבא בך עוד ערל וטמא׃
2 Poroporow wo ho mfutuma. Sɔre, tena ahengua so, Yerusalem. Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no fi wo kɔn mu, Ɔbabea Sion a wɔafa wo nnommum.
התנערי מעפר קומי שבי ירושלם התפתחו מוסרי צוארך שביה בת ציון׃
3 Na sɛɛ na Awurade se: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde begye wo.”
כי כה אמר יהוה חנם נמכרתם ולא בכסף תגאלו׃
4 Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “Bere bi me nkurɔfo kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyiri no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.
כי כה אמר אדני יהוה מצרים ירד עמי בראשנה לגור שם ואשור באפס עשקו׃
5 “Na mprempren dɛn na mewɔ wɔ ha?” Sɛɛ na Awurade se. “Wɔafa me nkurɔfo kɔ kwa, na wɔn sodifo di fɛw,” Awurade na ose. “Da mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi.
ועתה מה לי פה נאם יהוה כי לקח עמי חנם משלו יהילילו נאם יהוה ותמיד כל היום שמי מנאץ׃
6 Enti me nkurɔfo behu me din; enti da no wobehu sɛ ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. Yiw, ɛyɛ me.”
לכן ידע עמי שמי לכן ביום ההוא כי אני הוא המדבר הנני׃
7 Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde asɛmpa no reba anammɔn si yɛ fɛ wɔ mmepɔw no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔbɔ amanneɛdɛ, wɔn a wɔpae mu ka nkwagye ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion se, “Mo Nyankopɔn di hene.”
מה נאוו על ההרים רגלי מבשר משמיע שלום מבשר טוב משמיע ישועה אמר לציון מלך אלהיך׃
8 Muntie! Mo awɛmfo ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye teɛ mu. Sɛ Awurade san ba Sion a, wɔde wɔn ani behu.
קול צפיך נשאו קול יחדו ירננו כי עין בעין יראו בשוב יהוה ציון׃
9 Mommɔ mu ntue anigye nnwonto, mo Yerusalem nnwiriwii, efisɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfo werɛ wagye Yerusalem.
פצחו רננו יחדו חרבות ירושלם כי נחם יהוה עמו גאל ירושלם׃
10 Awurade beyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.
חשף יהוה את זרוע קדשו לעיני כל הגוים וראו כל אפסי ארץ את ישועת אלהינו׃
11 Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ! Mommfa mo ho nnka biribiara a ho ntew. Mumfi ho na mo ho ntew, mo a mukurakura Awurade nkuruwa.
סורו סורו צאו משם טמא אל תגעו צאו מתוכה הברו נשאי כלי יהוה׃
12 Morentutu mmirika mfi ha anaa morenguan; efisɛ Awurade bedi mo anim, Israel Nyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.
כי לא בחפזון תצאו ובמנוסה לא תלכון כי הלך לפניכם יהוה ומאספכם אלהי ישראל׃
13 Hwɛ, me somfo bedi yiye wɔbɛma no so ayɛ no ɔkɛse.
הנה ישכיל עבדי ירום ונשא וגבה מאד׃
14 Nea ɛmaa dodow a wohuu no ho dwiriw wɔn no, wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara de na nʼabɔsu sɛe a ɛnsɛ ɔdesani de,
כאשר שממו עליך רבים כן משחת מאיש מראהו ותארו מבני אדם׃
15 saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiriw wɔn na ahemfo bemuamua wɔn ano, ne nti. Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu, na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase.
כן יזה גוים רבים עליו יקפצו מלכים פיהם כי אשר לא ספר להם ראו ואשר לא שמעו התבוננו׃

< Yesaia 52 >