< Yesaia 51 >

1 “Muntie me, mo a mopɛ trenee akyi kwan; na mohwehwɛ Awurade; Monhwɛ ɔbotan a wotwaa mo fii mu no ne abopaebea a wotuu mo fii hɔ no;
שמעו אלי רדפי צדק מבקשי יהוה הביטו אל צור חצבתם ואל מקבת בור נקרתם׃
2 Monhwɛ Abraham, mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Bere a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofo, na mihyiraa no maa nʼase trɛwee.
הביטו אל אברהם אביכם ואל שרה תחוללכם כי אחד קראתיו ואברכהו וארבהו׃
3 Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara na ne yam bɛhyehye no wɔ ne nnwiriwii no ho; ɔbɛyɛ ne nweatam ahorow sɛ Eden, nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo. Wobehu anigye ne ahosɛpɛw, aseda ne nnwonto wɔ ne mu.
כי נחם יהוה ציון נחם כל חרבתיה וישם מדברה כעדן וערבתה כגן יהוה ששון ושמחה ימצא בה תודה וקול זמרה׃
4 “Muntie me, me nkurɔfo; monyɛ aso mma me, me man: Mmara no befi me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntrenee bɛyɛ hann ama aman no.
הקשיבו אלי עמי ולאומי אלי האזינו כי תורה מאתי תצא ומשפטי לאור עמים ארגיע׃
5 Me trenee reba ntɛm so, me nkwagye nam kwan so, na me basa de atɛntrenee bɛbrɛ aman no. Asupɔw no bɛhwɛ me na wɔde anidaso bɛtwɛn me basa.
קרוב צדקי יצא ישעי וזרעי עמים ישפטו אלי איים יקוו ואל זרעי ייחלון׃
6 Momma mo ani so nhwɛ ɔsorosoro, monhwɛ asase wɔ fam; ɔsorosoro betu ayera sɛ wusiw na asase bɛtetew sɛ atade na wɔn a wɔte so bewuwu sɛ nwansena. Nanso me nkwagye bɛtena hɔ daa, me trenee to rentwa da.
שאו לשמים עיניכם והביטו אל הארץ מתחת כי שמים כעשן נמלחו והארץ כבגד תבלה וישביה כמו כן ימותון וישועתי לעולם תהיה וצדקתי לא תחת׃
7 “Muntie me, mo a munim nea ɛteɛ, mo a me mmara wɔ mo koma mu: Munnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo koma.
שמעו אלי ידעי צדק עם תורתי בלבם אל תיראו חרפת אנוש ומגדפתם אל תחתו׃
8 Na nnwewemmoa bɛwe wɔn te sɛnea wɔwe atade; asunson bɛsɛe wɔn te sɛnea wɔsɛe kuntu. Nanso me trenee bɛtena hɔ daa, me nkwagye befi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso so.”
כי כבגד יאכלם עש וכצמר יאכלם סס וצדקתי לעולם תהיה וישועתי לדור דורים׃
9 Nyan, nyan! Awurade basa, hyɛ ahoɔden adurade; nyan te sɛ nna a atwa mu no, te sɛ tete awo ntoatoaso mu no. Ɛnyɛ wo na wutwitwaa Rahab mu asinasin no, na wuhwirew asuboa kɛse no mu no?
עורי עורי לבשי עז זרוע יהוה עורי כימי קדם דרות עולמים הלוא את היא המחצבת רהב מחוללת תנין׃
10 Ɛnyɛ wo na womaa po yowee, asubun mu nsu no, nea ɔpaee kwan wɔ po bun mu no sɛnea wɔn a wɔagye wɔn no betumi atwa?
הלוא את היא המחרבת ים מי תהום רבה השמה מעמקי ים דרך לעבר גאולים׃
11 Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsan aba. Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotiri, anigye ne ahosɛpɛw bɛboro wɔn so, awerɛhow ne apinisi betu ayera.
ופדויי יהוה ישובון ובאו ציון ברנה ושמחת עולם על ראשם ששון ושמחה ישיגון נסו יגון ואנחה׃
12 “Me, me ara, mene wo werɛkyekyefo. Hena ne wo a wusuro ɔdesani, nnipa mma a wɔyɛ sare yi.
אנכי אנכי הוא מנחמכם מי את ותיראי מאנוש ימות ומבן אדם חציר ינתן׃
13 Na wo werɛ afi Awurade, wo yɛfo nea ɔtrɛw ɔsorosoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, a da biara na woabɔ hu ɔhyɛsoni no abufuw nti, nea ɔde ɔsɛe asi nʼani so no ana? Na ɔhyɛsoni no abufuw wɔ he?
ותשכח יהוה עשך נוטה שמים ויסד ארץ ותפחד תמיד כל היום מפני חמת המציק כאשר כונן להשחית ואיה חמת המציק׃
14 Ɛrenkyɛ, wobegyaa nneduafo ahufo no; wɔrenwuwu wɔ afiase amoa mu, na aduan remmɔ wɔn.
מהר צעה להפתח ולא ימות לשחת ולא יחסר לחמו׃
15 Na mene Awurade, wo Nyankopɔn nea ɔhwanyan po, ma nʼasorɔkye woro so. Asafo Awurade ne ne din.
ואנכי יהוה אלהיך רגע הים ויהמו גליו יהוה צבאות שמו׃
16 Mede me nsɛm ahyɛ wʼanom, na mede me nsa ase nwini akata wo so. Me a mede ɔsorosoro sii hɔ na mehyɛɛ asase ase, na meka kyerɛ Sion se, ‘Moyɛ me nkurɔfo.’”
ואשים דברי בפיך ובצל ידי כסיתיך לנטע שמים וליסד ארץ ולאמר לציון עמי אתה׃
17 Nyan, nyan! Sɔre, Yerusalem! Wo a woanom afi Awurade nsam nʼabufuw kuruwa no, wo a woanom apɔɔdɔ mu nsa atu puw nea ɛma nnipa tɔ ntintan no.
התעוררי התעוררי קומי ירושלם אשר שתית מיד יהוה את כוס חמתו את קבעת כוס התרעלה שתית מצית׃
18 Ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa no obiara nni hɔ a ɔkyerɛ no kwan; mma a ɔtetew wɔn nyinaa no obiara nni hɔ a oso ne nsa mu.
אין מנהל לה מכל בנים ילדה ואין מחזיק בידה מכל בנים גדלה׃
19 Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, hena na ɔbɛkyekye wo werɛ? Nnwiriwii ne ɔsɛe, ɔkɔm ne afoa, hena na ɔbɛhyɛ wo den?
שתים הנה קראתיך מי ינוד לך השד והשבר והרעב והחרב מי אנחמך׃
20 Wo mma atotɔ beraw; wɔdeda mmɔnten so baabiara, te sɛ ɔtwe a afiri ayi no. Awurade abufuw aba wɔn so, wo Nyankopɔn animka no.
בניך עלפו שכבו בראש כל חוצות כתוא מכמר המלאים חמת יהוה גערת אלהיך׃
21 Enti tie eyi, wo a worehu amane woabow, nanso ɛnyɛ nsa na abow wo.
לכן שמעי נא זאת עניה ושכרת ולא מיין׃
22 Sɛɛ na Otumfo Awurade se, wo Nyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban: Hwɛ, magye afi wo nsa mu, kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no, kuruwa a ɛyɛ mʼabufuw pɔɔdɔ no, worennom bio.
כה אמר אדניך יהוה ואלהיך יריב עמו הנה לקחתי מידך את כוס התרעלה את קבעת כוס חמתי לא תוסיפי לשתותה עוד׃
23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw mo no nsa mu, wɔn a wɔka kyerɛɛ mo se, “Butuw fam na yɛnnantew wo so na wode wʼakyi yɛɛ fam, te sɛ abɔnten sɛ wɔnnantew so no.”
ושמתיה ביד מוגיך אשר אמרו לנפשך שחי ונעברה ותשימי כארץ גוך וכחוץ לעברים׃

< Yesaia 51 >