< Yesaia 48 >

1 “Muntie eyi, Yakobfifo mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefo, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Nyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu,
Hear this, O house of Jacob! Ye that are called by the name of Israel; Ye that have come forth from the fountain of Judah; Ye that swear by the name of Jehovah, And praise the God of Israel, But not in truth and sincerity!
2 mo a mofrɛ mo ho kurow kronkron no mma na mode mo ho to Israel Nyankopɔn so, Asafo Awurade ne ne din.
For they call themselves of the holy city, And stay themselves on the God of Israel, Whose name is Jehovah of hosts: —
3 Mehyɛɛ nneɛma a atwa mu no ho nkɔm dedaada, mebɔɔ nkae, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.
What hath happened I declared to you long ago; From my mouth it proceeded, and I made it known; On a sudden I effected it, and it came to pass.
4 Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa mo kɔn ho ntin yɛ dade na mo moma yɛ kɔbere mfrafrae.
Because I knew that thou art obstinate, And that thy neck is a bar of iron, And that thy brow is brass,
5 Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaada ansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkae sɛnea morentumi nka se, ‘Mʼahoni na wɔyɛe: me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.’
I declared it to thee long ago; Before it came to pass, I made it known to thee; Lest thou shouldst say, My idol effected it, And my graven image, and my molten image ordained it.
6 Moate eyinom nyinaa; monhwɛ wɔn nyinaa. Morennye wɔn nto mu ana? “Efi saa bere yi de rekɔ mɛka nsɛm foforo akyerɛ mo, ɛfa nneɛma a ahintaw a munnim ho.
Thou hast heard it; now see it all! And will ye not confess it? From this time I make you hear a new thing, Even a hidden thing, which thou hast not known.
7 Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe; ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee. Enti morentumi nka se, ‘Yiw na minim dedaw!’
It is produced now, and not long ago; Before this day thou hast not heard of it, Lest thou shouldst say, Behold, I knew it.
8 Wontee, na wontee ase; efi tete nyinaa wʼaso asiw. Na minim sɛ woyɛ ɔfatwafo; wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu.
Yea, thou heardest it not; yea, thou knewest it not; Yea, it was not disclosed to thee long ago; For I knew that thou wast wholly faithless, And wast called rebellious from thy birth.
9 Me din nti metwentwɛn mʼabufuw so; mʼayeyi nti miyi fi wo so, sɛnea merensɛe wo koraa.
For the sake of my name I will defer my anger, And for the sake of my praise I will restrain it from thee, That I may not utterly cut thee off.
10 Hwɛ mahoa mo ho, ɛnyɛ sɛnea wɔnan dwetɛ ho; mmom, masɔ wo ahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.
Behold, I have melted thee, and found no silver; I have tried thee in the furnace of affliction.
11 Me nti, me nti, na meyɛ eyi. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanuonyam.
For mine own sake will I do it; For how would my name be blasphemed? And my glory will I not give to another.
12 “Tie me, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne odikanfo ne okyikafo.
Hearken to me, O Jacob, And Israel, whom I have called! I am He, I am the first, and I the last.
13 Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.
Yea, my hand hath founded the earth, And my right hand hath spread out the heavens; I called them; they stood forth together.
14 “Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmetie: ahoni no mu nea ɔwɔ he na waka saa nsɛm yi dedaw? Awurade boafo a wapaw no bɛma nʼatirimpɔw a etia Babilonia aba mu; ne basa betia Babiloniafo.
Assemble yourselves, all of you, and hear! Who among you hath declared these things? He whom Jehovah loveth will execute his pleasure upon Babylon, And his power upon the Chaldaeans.
15 Me, me na makasa. Yiw, mafrɛ no. Mede no bɛba, na obewie nʼadwuma nkonimdi so.
I, even I, have spoken; yea, I have called him; I have brought him, and his way shall be prosperous.
16 “Montwiw mmɛn me na muntie eyi: “Efi nkaebɔ a edi kan no, menkasaa wɔ kokoa mu; bere biara a ebesi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me.
Draw near to me, and hear ye this! I spake not in secret from the beginning; And since it began to be, I have been there; And now hath the Lord Jehovah sent me with his spirit.
17 Sɛɛ na Awurade se, mo gyefo, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ mo nea eye ma mo, na ɔkyerɛ mo ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so.
Thus saith Jehovah, thy Redeemer, the Holy One of Israel; I am Jehovah, thy God, who teacheth thee what will profit thee; Who leadeth thee in the way thou shouldst go.
18 Sɛ mudii mʼahyɛde so a, anka mo asomdwoe ayɛ sɛ asubɔnten, na mo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.
O that thou wouldst hearken to my commandments! Then shall thy peace be as a river, And thy prosperity as the waves of the sea;
19 Anka mo asefo ayɛ sɛ nwea, na mo mma ayɛ sɛ ne mmosea a wontumi nkan; wɔn din rempepa da wɔrensɛe mfi mʼanim.”
Then shall thy posterity be as the sand, And the fruit of thy body as the offspring of the sea; Thy name shall not be cut off, nor destroyed before me.
20 Mumfi Babilonia, munguan mfi Babiloniafo nkyɛn! Momfa osebɔ nteɛmu mmɔ nkae na mompae mu nka eyi. Momfa nkɔ nsase ano; monka se, “Awurade abegye ne somfo Yakob.”
Come ye forth from Babylon, flee ye from the land of the Chaldaeans with the voice of joy! Publish ye this, and make it known; Let it resound to the ends of the earth! Say: “Jehovah hath redeemed his servant Jacob;
21 Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, wɔ nweatam ahorow so no, ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu.
They thirst not in the deserts through which he leadeth them; Waters from the rock he causeth to flow for them; He cleaveth the rock, and the waters gush forth.
22 “Asomdwoe nni hɔ mma amumɔyɛfo.” Sɛɛ na Awurade se.
There is no peace, saith Jehovah, for the wicked.”

< Yesaia 48 >