< Yesaia 4 >

1 Saa da no, mmea baason beso ɔbarima baako mu aka se, “Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhama na yɛn ankasa apɛ yɛn adurade; ma wo din nna yɛn so kɛkɛ. Yi ahohora fi yɛn so!”
And in that day seven women shall take hold of one man, saying: We will eat our own bread, and wear our own apparel: only let us be called by thy name, take away our reproach.
2 Saa da no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya anuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne anuonyam ama Israel nkae no.
In that day the bud of the Lord shall be in magnificence and glory, and the fruit of the earth shall be high, and a great joy to them that shall have escaped of Israel.
3 Wɔn a wɔaka wɔ Sion, a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din aka ateasefo ho wɔ Yerusalem nyinaa.
And it shall come to pass, that every one that shall be left in Sion, and that shall remain in Jerusalem, shall be called holy, every one that is written in life in Jerusalem.
4 Awurade bɛhohoro Sion mmea ho fi; ɔde atemmu honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekae a ɛwɔ Yerusalem.
If the Lord shall wash away the filth of the daughters of Sion, and shall wash away the blood of Jerusalem out of the midst thereof, by the spirit of judgment, and by the spirit of burning.
5 Afei, Bepɔw Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wusiw mununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya a ɛdɛw akata wɔn so anadwo; ntama kyinii bɛkata anuonyam yi nyinaa so.
And the Lord will create upon every place of mount Sion, and where he is called upon, a cloud by day, and a smoke and the brightness of a flaming fire in the night: for over all the glory shall be a protection.
6 Ɛbɛyɛ hintabea ne onwini wɔ awia anoden mu, na osu ne ahum mu nso, ɛbɛyɛ guankɔbea ne hintabea.
And there shall be a tabernacle for a shade in the daytime from the heat, and for a security and covert from the whirlwind, and from rain.

< Yesaia 4 >