< Yesaia 30 >

1 “Munnue mmofra asoɔdenfo,” sɛɛ na Awurade se, “Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano;
“Woe to the rebellious children,” this is Yahweh's declaration. “They make plans, but not from me; they make alliances with other nations, but they were not directed by my Spirit, so they add sin to sin.
2 wɔn a wɔkɔ Misraim a wommisa me ansa; wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn, wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea.
They set out to go down into Egypt, but have not asked for my direction. They seek protection from Pharaoh and take refuge in the shadow of Egypt.
3 Nanso Farao bammɔ bɛyɛ animguase ama mo, Misraim nwini de ahohora bɛbrɛ mo.
Therefore Pharaoh's protection will be your shame, and the refuge in Egypt's shade, your humiliation,
4 Ɛwɔ mu, wɔwɔ adwumayɛfo wɔ Soan na wɔn ananmusifo adu Hanes de,
although their princes are at Zoan, and their messengers have come to Hanes.
5 nanso wɔn nyinaa anim begu ase nnipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti, wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma, na mmom animguase ne ahohora.”
They will all be ashamed because of a people who cannot help them, who are neither help nor aid, but a shame, and even a disgrace.”
6 Adehunu a ɛfa Negeb mmoa ho: wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so, nea gyata ne gyatabere, nhurutoa ne awɔ a wɔn ho yɛ hare wɔ, ananmusifo no de wɔn ahonyade soa mfurum ne wɔn ademude wɔ yoma afu so, de kɔ saa ɔman a ne so nni mfaso no so,
A declaration about the beasts of the Negev: Through the land of trouble and danger, of the lioness and the lion, the viper and fiery flying serpent, they carry their riches on the backs of donkeys, and their treasures on the camels' humps, to a people who cannot help them.
7 de kɔ Misraim a ne mmoa so nni mfaso, enti mefrɛ no Rahab nea Onsi Hwee.
For Egypt's help is worthless; therefore I have called her Rahab, who sits still.
8 Kɔ afei, kyerɛw wɔ kyerɛwpon so ma wɔn, kurukyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so sɛnea nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
Now go, write it in their presence on a tablet, and inscribe it on a scroll, that it may be preserved for the time to come as a testimony.
9 Saa nnipa yi yɛ atuatewfo, mma asisifo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie Awurade nkyerɛkyerɛ.
For these are a rebellious people, lying children, children who will not hear the instruction of Yahweh.
10 Wɔka kyerɛ adehufo se, “Munhu mo ani so ade bio!” ne adiyifo no nso se, “Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio! Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm.
They say to the seers, “Do not see;” and to the prophets, “Do not prophesy the truth to us; speak flattering words to us, prophesy illusions.
11 Mumfi saa ɔtempɔn yi so, momman mfi saa ɔkwan yi ho na munnyae Israel Kronkronni a mode no haw yɛn yi!”
Turn aside from the way, stray off the path; cause the Holy One of Israel to cease speaking before our face.”
12 Enti sɛɛ na Israel Ɔkronkronni no se: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛso ne nnaadaa so nti,
Therefore the Holy One of Israel says, “Because you reject this word and trust in oppression and deceit and lean on it,
13 saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasu tenten bi a ahyɛ kam na akyea na ebu mpofirim, ama mo.
so this sin will be to you like a broken part ready to fall, like a bulge in a high wall whose fall will happen suddenly, in an instant.”
14 Ebebubu nketenkete ayɛ sɛ kuku. Ɛbɛyam pasaa a, sin koraa renka a wobetumi de asɔ gya afi muka mu anaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu.”
He will break it as a potter's vessel is broken; he will not spare it, so that there will not be found among its pieces a shard with which to scrape fire from the hearth, or to scoop up water out of the cistern.
15 Sɛɛ na Otumfo Awurade, Israel Kronkronni no se: “Ahonu mu ne ntoboase mu na mo nkwagye wɔ kommyɛ ne ahotoso mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya mu biara.
For this is what the Lord Yahweh, the Holy One of Israel says, “In returning and resting you will be saved; in quietness and in trust will be your strength. But you were not willing.
16 Mokaa se, ‘Dabi da, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan.’ Enti mubeguan! Mokaa se, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so akɔ.’ Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ hare!
You said, 'No, for we will flee on horses,' so you will flee; and, 'We will ride upon swift horses,' so those who pursue you will be swift.
17 Apem beguan ɔbaako ho hu nti; baanum ho hu nti mo nyinaa beguan akɔ, akosi sɛ wobegyaw mo te sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi, te sɛ frankaa a esi koko so.”
One thousand will flee at the threat of one; at the threat of five you will flee until your remnant will be like a flagstaff on the top of a mountain, or like a flag on a hill.”
18 Nanso Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ. Efisɛ Awurade yɛ ɔtreneeni Nyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
Yet Yahweh is waiting to be gracious to you, therefore he is ready to show you mercy. For Yahweh is a God of justice; blessed are all those who wait for him.
19 Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a obegye mo so prɛko pɛ.
For a people will live in Zion, in Jerusalem, and you will weep no more. He will surely be gracious to you at the sound of your cry. When he hears it, he will answer you.
20 Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.
Though Yahweh gives you the bread of adversity and the water of affliction, even so, your teacher will not hide himself anymore, but you will see your teacher with your own eyes.
21 Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi wɔ mo akyi a ɛka se, “Ɔkwan no ni na momfa so.”
Your ears will hear a word behind you saying, “This is the way, walk in it,” when you turn to the right or when you turn to the left.
22 Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, “Mumfi yɛn so nkɔ.”
You will desecrate your carved figures overlaid with silver and your gold cast figures. You will throw them away like a menstrual rag. You will say to them, “Get out of here.”
23 Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi wɔ adidibea a ɛtrɛw so.
He will give the rain for your seed when you sow the ground, and bread with abundance from the ground, and the crops will be abundant. In that day your cattle will graze in broad pastures.
24 Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu.
The oxen and the donkeys, who plow the ground, will eat seasoned feed that has been winnowed with a shovel and a fork.
25 Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ wɔ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so.
On every high mountain and on every high hill, there will be flowing brooks and streams of waters, in the day of the great slaughter when the towers fall.
26 Ɔsram bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te sɛ nnafua ason mu hyerɛn, bere a Awurade kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no.
The light of the moon will be like the light of the sun, and the light of the sun will be seven times brighter, like the sunlight of seven days. Yahweh will bind up the breaking of his people and heal the bruises of his wounding them.
27 Hwɛ! Awurade fi akyirikyiri reba, ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn; abufuw ahyɛ nʼanom ma, na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhyew nneɛma.
Look, the name of Yahweh comes from a distant place, burning with his anger and in dense smoke. His lips are full of fury, and his tongue is like a devouring fire.
28 Ne home te sɛ asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm, na ɛforo kɔdeda kɔn mu. Ɔwosow aman no wɔ ɔsɛe sɔnee so; ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwan hyehyɛ nnipa no nnyepi.
His breath is like an overflowing torrent that reaches up to the middle of the neck, to sift the nations with the sieve of destruction. His breath is a bridle in the jaws of the peoples to cause them to wander away.
29 Na mobɛto dwom te sɛ anadwo a mudi afahyɛ kronkron no; mo koma bedi ahurusi te sɛ bere a nnipa de atɛntɛbɛn foro kɔ Awurade bepɔw no so, kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.
You will have a song as in the night when a holy feast is observed, and gladness of heart, as when one goes with a flute to the mountain of Yahweh, to the Rock of Israel.
30 Awurade bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnne na ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresian na ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛma osu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba.
Yahweh will make the splendor of his voice heard and show the motion of his arm in storming anger and flames of fire, with windstorm, rainstorm, and hailstones.
31 Awurade nne bɛhwe Asiria; ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam.
For at the voice of Yahweh, Assyria will be shattered; he will strike them with a staff.
32 Ɔbɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu, na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn no ɛbɛyɛ sɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro.
Every stroke of the appointed rod that Yahweh will lay on them will be accompanied with the music of tambourines and harps as he battles and fights with them.
33 Wɔasiesie Topet dedaada; wɔayɛ no krado ama ɔhene no. Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree wɔ ne gya amoa no a emu dɔ na ɛtrɛw no mu; Awurade home te sɛ sufre asuten no bɛsɔ mu gya.
For a place of burning was prepared long ago. Indeed, it is prepared for the king, and God has made it deep and wide. The pile is ready with a fire and much wood. The breath of Yahweh, like a stream of brimstone, will set it on fire.

< Yesaia 30 >