< Yesaia 29 >

1 Due wo Ariel, Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu! Fa afe ka afe ho na ma wo mfirihyia mu afahyɛ ahorow no nkɔ so.
Woe to Ariel, Ariel, the city where David encamped! Add year to year; let the festivals come round.
2 Nanso metua Ariel ano; obedi awerɛhow na wato kwadwom, ɔbɛyɛ sɛ afɔremuka so gya.
But I will besiege Ariel, and she will be mourning and lamenting; and she will be to me like Ariel.
3 Mede dɔm betwa wo ho ahyia; mesisi abantenten atwa wo ho ahyia na madi ntuano dwuma atia wo.
I will encamp against you in a circle and will lay siege against you with a palisade, and I will raise siege works against you.
4 Wɔasie wo no, wobɛkasa afi asase mu; wo kasa a mu ntew no befi mfutuma mu aba. Wo nne befi asase no mu aba te sɛ ɔsaman de; wo kasa befi mfutuma mu aka asomsɛm.
You will be brought down and will speak from the ground; your speech will be low from the dust. Your voice will sound like a spirit that speaks from the ground, and out of the dust your speech will whisper.
5 Nanso wʼatamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma muhumuhu, na atirimɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ. Ɛbɛba prɛko pɛ, amono mu hɔ ara.
The great number of your invaders will become like fine dust, and the multitude of the ruthless ones as chaff that passes away. It will happen suddenly, in an instant.
6 Asafo Awurade bɛba. Ɔde aprannaa ne asasewosow ne huuyɛ kɛse, mframahweam ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade bɛba.
Yahweh of hosts will come to you with thunder, earthquake, great noise, with strong winds and violent storm, and the flames of a devouring fire.
7 Afei amanaman bebrebe a wotu Ariel so sa nyinaa, wɔn a wɔtow hyɛ ɔne nʼaban so na wotua nʼano no, ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeso, anaa anadwo mu anisoadehu.
It will be like a dream, a vision of the night: A horde of all the nations will fight against Ariel and her stronghold. They will attack her and her fortifications to press upon her.
8 Sɛnea obi a ɔkɔm de no so dae sɛ ɔredidi, na sɛ onyan a ɔte sɛ ɔkɔm de no no; sɛnea obi a osukɔm de no so dae sɛ ɔrenom nsu, nanso onyan a na watɔ beraw, na osukɔm de no ara no. Saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodow a wɔko tia Bepɔw Sion no.
It will be like when a hungry man dreams he is eating, but when he awakes, his stomach is empty. It will be like when a thirsty man dreams that he is drinking, but he when he awakes, he is fainting, with his thirst not quenched. Yes, so will be the great number of nations that fights against Mount Zion.
9 Mo ho nnwiriw mo na ɛnyɛ mo nwonwa, mo ani mfura a munhu ade; mommobow a emfi nsa, montotɔ ntintan a emfi bobesa.
Astonish yourselves and be astonished; blind yourselves and be blind! Be drunk, but not with wine; stagger, but not with beer.
10 Awurade de nnahɔɔ ato mo so: Wakata mo ani (adiyifo no); wakata mo ti so (adehufo no).
For Yahweh has poured out on you the spirit of deep sleep. He has closed your eyes, the prophets, and has covered your heads, the seers.
11 Mo de, saa anisoadehu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔw ano wɔ nhoma mmobɔwee mu. Sɛ mode nhoma mmobɔwee no ma obi a, otumi kenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Merentumi, efisɛ wɔasɔw ano.”
All revelation has become to you as the words of a book that is sealed, which men might give to one who is learned, saying, “Read this.” He also says, “I cannot, for it is sealed.”
12 Sɛ nso, mode nhoma mmobɔwee no ma nea onnim akenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Minnim akenkan.”
If the book is given to one who cannot read, saying, “Read this,” he says, “I cannot read.”
13 Awurade ka se, “Saa nnipa yi de anohunu twiw bɛn me na wɔde wɔn anofafa hyɛ me anuonyam, nanso wɔn koma mmɛn me. Som a wɔsom me no yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
The Lord said, “This people comes close to me with their mouths and honors me with their lips, but their heart is far from me. Their honor for me is only a commandment of men that has been taught.
14 Enti mɛma nnipa yi ho adwiriw wɔn bio mede anwonwade ntoatoaso bɛyɛ; mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”
Therefore, see, I will proceed to do a marvelous thing among this people, wonder after wonder. The wisdom of their wise men will perish, and the understanding of their prudent men will disappear.”
15 Wonnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ wɔde wɔn atirimpɔw behintaw Awurade, wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wosusuw sɛ, “Hena na ohu yɛn? Hena na ɔbɛte ase?”
Woe to those who deeply hide their plans from Yahweh, and whose deeds are in darkness. They say, “Who sees us, and who knows us?”
16 Musisi nneɛma ti ase, sɛnea modwene sɛ ɔnwemfo te sɛ dɔte no! Nea wayɛ betumi aka akyerɛ nea ɔyɛe no se, “Ɛnyɛ wo na woyɛɛ me ana”? Kuku betumi aka afa ɔnwemfo ho se “Onnim hwee ana”?
You turn things upside down! Should the potter be considered like clay, so that the thing that is made should say about him who made it, “He did not make me,” or the thing formed say about him who formed it, “He does not understand”?
17 Ɛrenkyɛ koraa, wɔrennan Lebanon nyɛ no asasebere na asasebere no nso nyɛ sɛ kwae ana?
In just a little while, Lebanon will be turned into a field, and the field will become a forest.
18 Saa da no, ɔsotifo bɛte nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu na kusuuyɛ ne esum mu mpo onifuraefo ani behu ade.
On that day the deaf will hear the words of a book, and the eyes of the blind will see out of the deep darkness.
19 Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ Awurade mu bio; ahiafo ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
The oppressed will again rejoice in Yahweh, and the poor among men will rejoice in the Holy One of Israel.
20 Atutuwpɛfo bɛyera, wɔrenhu fɛwdifo bio, na wɔn a wodwen bɔne nyinaa, wobetwa wɔn agu,
For the ruthless will cease, and the scoffer will vanish. All those who love to do evil will be eliminated,
21 wɔn a wɔka asɛm baako ma obi di fɔ, wɔn a wosum nea ɔreyi ne ho ano afiri wɔ asennii na wodi adansekurum ma wobu nea odi bem no fɔ no nso wobetwa wɔn agu.
who by a word make a man out to be an offender. They lay a snare for him who seeks justice at the gate and put the righteous down with empty lies.
22 Enti sɛɛ na Awurade a ogyee Abraham nkwa no ka kyerɛ Yakob fifo: “Yakob anim rengu ase bio; wɔn anim rehoa bio.
Therefore this is what Yahweh says concerning the house of Jacob—Yahweh, who redeemed Abraham, “Jacob will no longer be ashamed, nor will his face be pale.
23 Sɛ wohu wɔn mma wɔ wɔn mu, wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a wɔbɛyɛ me din no kronkron; wobegye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu, na wɔde fɛre agyina Israel Nyankopɔn no anim.
But when he sees his children, the work of my hands, they will make my name holy. They will make holy the name of the Holy One of Jacob and they will stand in awe of the God of Israel.
24 Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu benya ntease; wɔn a wonwiinwii nso begye nkyerɛkyerɛ ato mu.”
Those who err in spirit will gain understanding, and complainers will learn knowledge.”

< Yesaia 29 >