< Hagai 2 >

1 Da a ɛto so aduonu baako wɔ ɔsram a ɛto so ason no, Awurade de asɛm faa Odiyifo Hagai so se:
In the seventh month, on the one and twentieth day of the month, came the word of Jehovah by the prophet Haggai, saying:
2 “Ka eyi kyerɛ Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado ne Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfo nkae a wɔwɔ asase no so hɔ no. Bisa wɔn se,
Speak now to Zerubbabel, the son of Shealtiel, governor of Judah, and to Joshua, the son of Josedech, the high-priest, and to the remnant of the people, saying: —
3 ‘Mo a moaka yi mu hena na ohuu saa ofi yi anuonyam sɛnea na ɛte kan no? Muhu no dɛn nnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee mprempren ana?
Who is there left among you, That saw this house In its former glory? And what do ye see it now? Is it not as nothing in your eyes?
4 Enti Serubabel, nya akokoduru mprempren.’ Saa na Awurade se, ‘Ɔsɔfopanyin Yehosadak babarima Yosua, nya akokoduru. Mo nnipa a mowɔ asase no so mprempren no, munnya akokoduru. Awurade na ose. Munnya akokoduru na monyɛ adwuma, efisɛ, meka mo ho.’ Saa na Asafo Awurade ka.
Yet now be strong, O Zerubbabel, saith Jehovah; And be strong, O Joshua, son of Josedech, the high-priest; And be strong, O all ye people of the land, saith Jehovah, and work! For I am with you, saith Jehovah of hosts.
5 ‘Eyi ne apam a me ne mo yɛe bere a mufii Misraim. Me Honhom ka mo ho. Ɛno nti munnsuro.’
This is the covenant which I made with you when ye came out of Egypt, And my spirit remaineth among you: Fear ye not!
6 “Eyi ne asɛm a Asafo Awurade ka. ‘Ɛrenkyɛ biara, mɛwosow ɔsoro ne asase bio. Mɛwosow po tamaa ne asase kesee nso.
For thus saith Jehovah of hosts: Yet once more, in a short time, I will shake the heavens and the earth, The sea and the dry land.
7 Mɛwosow aman nyinaa, na aman nyinaa anidaso bɛba, na mede anuonyam bɛhyɛ saa ofi yi ma.’ Saa na Asafo Awurade se.
I will shake all the nations, And here shall come the precious things of all the nations; And I will fill this house with glory, Saith Jehovah of hosts.
8 ‘Dwetɛ no yɛ me de. Na sikakɔkɔɔ yɛ me de.’ Sɛɛ na Asafo Awurade se.
Mine is the silver and mine the gold, Saith Jehovah of hosts;
9 ‘Saa ofi yi anuonyam bɛkorɔn asen nʼanuonyam a atwa mu no.’ Saa na Asafo Awurade ka. ‘Na mɛma asomdwoe aba ha.’ Me, Asafo Awurade na makasa.”
Greater shall be the glory of this latter house than of the former, Saith Jehovah of hosts; And in this place will I give peace, Saith Jehovah of hosts.
10 Ɔhene Dario adedi mfe abien mu, ɔsram a ɛto so akron no da a ɛto so aduonu anan, Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Odiyifo Hagai.
On the four and twentieth day of the ninth month, in the second year of Darius, came the word of Jehovah by Haggai the prophet, saying,
11 “Asɛm a Asafo Awurade ka ni: ‘Mummisa asɔfo no nea mmara no ka.
Thus saith Jehovah of hosts: Ask now the law from the priests, saying,
12 Sɛ nam kronkron bi hyɛ obi atade mmuano mu, na sɛ ho kɔka brodo anaa abɔmu, nsa anaa ngo anaa aduan foforo bi a, ɛno nso bɛyɛ kronkron ana?’” Asɔfo no buae se: “Dabi.”
If a man carry holy flesh in the skirt of his garment, and with his skirt touch bread, or pottage, or wine, or oil, or any food, shall it be holy? And the priests answered and said, No.
13 Na Hagai bisae se, “Na sɛ obi nso de ne ho ka funu de gu ne ho fi, na ɔde ne ho twitwiw nneɛma a wɔabobɔ din yi bi ho a na wɔagu ho fi ana?” Na asɔfo no buae se, “Yiw.”
Then said Haggai, If a man unclean by a dead body touch any of these things, shall it be unclean? And the priests answered and said, It shall be unclean.
14 Afei, Hagai kae se, “‘Saa ara na nnipa no ne saa ɔman yi te.’ Saa na Awurade se. ‘Biribiara a wɔyɛ ne biribiara a wɔde ba no ho agu fi.
Then answered Haggai and said: — So is this people, and so is this nation before me, saith Jehovah; And so is all the work of their hands; And that which they offer there is unclean.
15 “‘Enti efi nnɛ, munnwen saa ade yi ho yiye. Monkae sɛnea na nneɛma te, ansa na moreto Awurade asɔredan no fapem no.
And now, I pray you, consider [[how it hath gone with you]] From that day and upward, From the time before one stone was laid upon another in the temple of Jehovah.
16 Bere a modwene sɛ mubenya nnɔbae susukoraa aduonu no, munyaa du pɛ. Bere a mode mo ani buu sɛ mubenya galɔn aduonum afi nsakyibea no, munyaa aduonu pɛ.
Since that time one hath come to a heap of twenty measures, And there were but ten; One hath come to a vat to draw out fifty vessels from the wine-press, And there were but twenty;
17 Memaa ɔyare a ɛsɛe nnɔbae, ɛbɔ ne mparuwbo bɛsɛee mo nsa ano nnwuma nyinaa. Nanso moampɛ sɛ mobɛsan aba me nkyɛn. Saa na Awurade se.
I have smitten you with blasting, with mildew, and with hail, Even all the works of your hands; Yet none among you hath turned to me, saith Jehovah.
18 Efi ɔsram a ɛto so akron, da a ɛto so aduonu anan no, munnwen da a wɔtoo Awurade asɔredan fapem no ho yiye.
Consider, I pray you, From that day and upward, From the four and twentieth day of the ninth month, From the day when the foundation of the temple of Jehovah was laid, Consider ye!
19 Aba bi aka asan no so ana? Ebesi nnɛ, bobe, borɔdɔma, atoaa ne ngodua asow wɔn aba ana? “‘Efi saa da yi rekɔ no, mehyira mo.’”
Is there yet seed in the barn? Yea, as yet the vine, and the fig-tree, and pomegranate, and the olive-tree have not borne. But from this day will I bless you.
20 Awurade asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so wɔ ɔsram no da a ɛto so aduonu anan:
And the word of Jehovah came the second time to Haggai, on the four and twentieth day of the month, saying,
21 “Ka kyerɛ Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado no se, merebɛwosow ɔsoro ne asase.
Speak to Zerubbabel, the governor of Judah, and say: — I will shake the heavens and the earth,
22 Mebutuw ahengua, na masɛe ananafo aheman no tumi. Mɛdan wɔn nteaseɛnam ne wɔn a wɔka no abutuw. Apɔnkɔ akafo no mfoa bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho ama wɔatotɔ.
And I will overthrow the thrones of kingdoms, And I will destroy the strength of the kingdoms of the nations, And I will overthrow the chariots, and those that ride in them, And the horses and their riders shall come down, One by the sword of the other.
23 “‘Da no’ Asafo Awurade na ɔka, ‘Mɛfa wo, Sealtiel babarima, me somfo Serubabel, mɛfa wo sɛ nsɔwano kaa, efisɛ mayi wo.’ Me Asafo Awurade, na makasa.”
In that day, saith Jehovah of hosts, I will take thee, O Zerubbabel, son of Shealtiel, my servant, saith Jehovah, And keep thee as a signet-ring; For thee have I chosen, saith Jehovah of hosts.

< Hagai 2 >