< 1 Mose 35 >

1 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ wudu hɔ a, si afɔremuka ma me. Me na miyii me ho adi kyerɛɛ wo bere a na woreguan afi wo nua Esau nkyɛn no.”
ויאמר אלהים אל יעקב קום עלה בית אל ושב שם ועשה שם מזבח לאל הנראה אליך בברחך מפני עשו אחיך׃
2 Enti Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa se, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn fi amannɔne bae no nyinaa. Munnwira mo ho, na monsesa mo ntade nso.”
ויאמר יעקב אל ביתו ואל כל אשר עמו הסרו את אלהי הנכר אשר בתככם והטהרו והחליפו שמלתיכם׃
3 Ɔtoaa so se, “Yɛrebetu kwan akɔ Bet-El. Na sɛ yedu hɔ a, yebesi afɔremuka ama Onyankopɔn a otiee me mpaebɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantu mu no.”
ונקומה ונעלה בית אל ואעשה שם מזבח לאל הענה אתי ביום צרתי ויהי עמדי בדרך אשר הלכתי׃
4 Enti wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne asokaa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ.
ויתנו אל יעקב את כל אלהי הנכר אשר בידם ואת הנזמים אשר באזניהם ויטמן אתם יעקב תחת האלה אשר עם שכם׃
5 Na wosii mu. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkurow a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a ɛno nti obiara antumi antaa wɔn.
ויסעו ויהי חתת אלהים על הערים אשר סביבתיהם ולא רדפו אחרי בני יעקב׃
6 Yakob ne ne nkurɔfo a wɔka ne ho no beduu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no.
ויבא יעקב לוזה אשר בארץ כנען הוא בית אל הוא וכל העם אשר עמו׃
7 Osii afɔremuka wɔ hɔ, too hɔ din El-Bet-El, efisɛ ɛhɔ na bere a ɔreguan afi ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.
ויבן שם מזבח ויקרא למקום אל בית אל כי שם נגלו אליו האלהים בברחו מפני אחיו׃
8 Eyi akyi no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyigyefo no wu ma wosiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bon mu no ase. Efi saa bere no, wɔtoo beae hɔ din Alon-Bakut, a ne nkyerɛase ne Agyaadwotwa Dum.
ותמת דברה מינקת רבקה ותקבר מתחת לבית אל תחת האלון ויקרא שמו אלון בכות׃
9 Yakob fi Paddan-Aram beduu Bet-El no, Onyankopɔn san yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no.
וירא אלהים אל יעקב עוד בבאו מפדן ארם ויברך אתו׃
10 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔfrɛ wo Yakob de, nanso efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a ne nkyerɛase ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asi.” Enti Onyankopɔn too ne din se Israel.
ויאמר לו אלהים שמך יעקב לא יקרא שמך עוד יעקב כי אם ישראל יהיה שמך ויקרא את שמו ישראל׃
11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob se, “Mene Onyankopɔn tumfo no. Wʼase nnɔ, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo befi wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso befi wo mu aba.
ויאמר לו אלהים אני אל שדי פרה ורבה גוי וקהל גוים יהיה ממך ומלכים מחלציך יצאו׃
12 Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Yiw, mede saa asase koro yi ara bɛma wʼasefo.”
ואת הארץ אשר נתתי לאברהם וליצחק לך אתננה ולזרעך אחריך אתן את הארץ׃
13 Na Onyankopɔn fii faako a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.
ויעל מעליו אלהים במקום אשר דבר אתו׃
14 Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔre. Ɔsan de afɔrengo sraa odum no ho.
ויצב יעקב מצבה במקום אשר דבר אתו מצבת אבן ויסך עליה נסך ויצק עליה שמן׃
15 Yakob too beae a Onyankopɔn ne no kasae no Bet-El, a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn fi.
ויקרא יעקב את שם המקום אשר דבר אתו שם אלהים בית אל׃
16 Yakob ne ne fifo sii mu fii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awo kaa Rahel wɔ akwantemfi.
ויסעו מבית אל ויהי עוד כברת הארץ לבוא אפרתה ותלד רחל ותקש בלדתה׃
17 Bere a ɔreko awo no, ɔbea ɔwogyefo no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.”
ויהי בהקשתה בלדתה ותאמר לה המילדת אל תיראי כי גם זה לך בן׃
18 Nanso Rahel koo awo tɔe. Na bere a ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo ne babarima a wawo no no din Ben-Oni, a ne nkyerɛase ne Mʼawerɛhow Mu Ba. “Nanso nʼagya san too no din Benyamin a, ne nkyerɛase ne Me dɔba.”
ויהי בצאת נפשה כי מתה ותקרא שמו בן אוני ואביו קרא לו בנימין׃
19 Rahel wu ma wosiee no Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi.
ותמת רחל ותקבר בדרך אפרתה הוא בית לחם׃
20 Yakob yɛɛ nkaedum sii Rahel da no so a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.
ויצב יעקב מצבה על קברתה הוא מצבת קברת רחל עד היום׃
21 Israel toaa nʼakwantu no so, kosii ne ntamadan wɔ Edir abantenten no akyi nohɔ baabi.
ויסע ישראל ויט אהלה מהלאה למגדל עדר׃
22 Bere a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panyin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda. Na Yakob wɔ mmabarima dumien:
ויהי בשכן ישראל בארץ ההוא וילך ראובן וישכב את בלהה פילגש אביו וישמע ישראל ויהיו בני יעקב שנים עשר׃
23 Lea mma na wɔn din didi so yi: Ruben a ɔno ne Israel abakan, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.
בני לאה בכור יעקב ראובן ושמעון ולוי ויהודה ויששכר וזבלון׃
24 Rahel nso mmabarima baanu no ne Yosef ne Benyamin.
בני רחל יוסף ובנימן׃
25 Rahel afenaa Bilha mmabarima baanu no ne Dan ne Naftali
ובני בלהה שפחת רחל דן ונפתלי׃
26 Lea afenaa Silpa nso mmabarima baanu no ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmabarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no.
ובני זלפה שפחת לאה גד ואשר אלה בני יעקב אשר ילד לו בפדן ארם׃
27 Akyiri yi no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, faako a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔho no.
ויבא יעקב אל יצחק אביו ממרא קרית הארבע הוא חברון אשר גר שם אברהם ויצחק׃
28 Isak dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe.
ויהיו ימי יצחק מאת שנה ושמנים שנה׃
29 Isak wu ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanyimfo ho; na wabɔ akwakoraa posoposo. Ne mmabarima Esau ne Yakob na wosiee no.
ויגוע יצחק וימת ויאסף אל עמיו זקן ושבע ימים ויקברו אתו עשו ויעקב בניו׃

< 1 Mose 35 >