< 1 Mose 21 >

1 Afei, Awurade dom Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no.
And the LORD visited Sarah as he had said, and the LORD did to Sarah as he had spoken.
2 Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkwakoraabere mu, bere a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ.
For Sarah conceived, and bore Abraham a son in his old age, at the set time of which God had spoken to him.
3 Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no din Isak, a ase ne Serew.
And Abraham called the name of his son that was born to him, whom Sarah bore to him, Isaac.
4 Bere a Isak dii nnaawɔtwe no, otwaa no twetia, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no.
And Abraham circumcised his son Isaac being eight days old, as God had commanded him.
5 Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfe ɔha.
And Abraham was an hundred years old, when his son Isaac was born to him.
6 Sara kae se, “Onyankopɔn ama maserew. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbɔ mu aserew.”
And Sarah said, God has made me to laugh, so that all that hear will laugh with me.
7 Sara ka kaa ho se, “Hena na ɔsoo ho dae ka kyerɛɛ Abraham se Sara bɛwo mma. Nanso ne nkwakoraabere mu yi, mawo ɔbabarima ama no.”
And she said, Who would have said to Abraham, that Sarah should have given children suck? for I have born him a son in his old age.
8 Abofra no nyin ma wotwaa no nufu. Da a wotwaa Isak nufu no, Abraham too pon kɛse.
And the child grew, and was weaned: and Abraham made a great feast the same day that Isaac was weaned.
9 Nanso Sara hui sɛ, ɔbabarima a nʼafenaa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛw.
And Sarah saw the son of Hagar the Egyptian, which she had born to Abraham, mocking.
10 Enti Sara ka kyerɛɛ Abraham se, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi fi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyapade biara mu kyɛfa.”
Why she said to Abraham, Cast out this female slave and her son: for the son of this female slave shall not be heir with my son, even with Isaac.
11 Abraham tee saa asɛm no, esiane ne babarima Ismael nti, ne werɛ how yiye.
And the thing was very grievous in Abraham’s sight because of his son.
12 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nhaw wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, efisɛ Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefo.
And God said to Abraham, Let it not be grievous in your sight because of the lad, and because of your female slave; in all that Sarah has said to you, listen to her voice; for in Isaac shall your seed be called.
13 Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefo ayɛ ɔman kɛse, efisɛ ɔno nso yɛ wʼaseni.”
And also of the son of the female slave will I make a nation, because he is your seed.
14 Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ.
And Abraham rose up early in the morning, and took bread, and a bottle of water, and gave it to Hagar, putting it on her shoulder, and the child, and sent her away: and she departed, and wandered in the wilderness of Beersheba.
15 Nsu a ɛwɔ aboa nhoma no mu sae no, ɔde ne babarima no kohintaw wura no mu baabi.
And the water was spent in the bottle, and she cast the child under one of the shrubs.
16 Na ɔkɔtenaa akyiri baabi a wotow ɔbo a ɛbɛtɔ, kae se, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bewu.” Na bere a Hagar te hɔ saa no, ofii ase sui.
And she went, and sat her down over against him a good way off, as it were a bow shot: for she said, Let me not see the death of the child. And she sat over against him, and lift up her voice, and wept.
17 Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no.
And God heard the voice of the lad; and the angel of God called to Hagar out of heaven, and said to her, What ails you, Hagar? fear not; for God has heard the voice of the lad where he is.
18 Ma abarimaa no so, efisɛ mɛma no ayɛ ɔman kɛse.”
Arise, lift up the lad, and hold him in your hand; for I will make him a great nation.
19 Na Onyankopɔn buee Hagar ani ma ohuu asubura bi. Ɔde aboa nhoma no kɔsaw nsu ma, na ɔmaa abarimaa no bi nomee.
And God opened her eyes, and she saw a well of water; and she went, and filled the bottle with water, and gave the lad drink.
20 Onyankopɔn adom nti, abarimaa no nyinii. Ɔtenaa sare no so huu agyantow yiye.
And God was with the lad; and he grew, and dwelled in the wilderness, and became an archer.
21 Bere a ɔte Paran sare so no, ne na kɔfaa ɔbea fi Misraim asase so de no brɛɛ no aware.
And he dwelled in the wilderness of Paran: and his mother took him a wife out of the land of Egypt.
22 Saa bere no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho.
And it came to pass at that time, that Abimelech and Phichol the chief captain of his host spoke to Abraham, saying, God is with you in all that you do:
23 Enti afei, di nsew ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha se, worentwa me mma anaa mʼasefo nkontompo. Saa ayamye a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔnanani no.”
Now therefore swear to me here by God that you will not deal falsely with me, nor with my son, nor with my son’s son: but according to the kindness that I have done to you, you shall do to me, and to the land wherein you have sojourned.
24 Abraham penee so se, “Meka saa ntam no!”
And Abraham said, I will swear.
25 Na Abraham de asubura bi a Abimelek nkoa de anuɔden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim.
And Abraham reproved Abimelech because of a well of water, which Abimelech’s servants had violently taken away.
26 Nanso Abimelek kae se, “Minnim onipa ko a ɔyɛɛ saa ade no. Woammɔ me ho amanneɛ. Nnɛ na mate saa asɛm yi.”
And Abimelech said, I know not who has done this thing; neither did you tell me, neither yet heard I of it, but to day.
27 Enti Abraham de nguan ne anantwi brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam.
And Abraham took sheep and oxen, and gave them to Abimelech; and both of them made a covenant.
28 Abraham yii nguantenmma abere ason fii nguankuw no mu gyinaa nkyɛn,
And Abraham set seven ewe lambs of the flock by themselves.
29 na Abimelek bisaa Abraham se, “Nguantenmma abere ason a woayi wɔn agyina nkyɛn yi ase kyerɛ dɛn?”
And Abimelech said to Abraham, What mean these seven ewe lambs which you have set by themselves?
30 Abraham buae se, “Ne nkyerɛase ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛde a mede rema wo de adi adanse sɛ, me na mituu saa abura yi.”
And he said, For these seven ewe lambs shall you take of my hand, that they may be a witness to me, that I have dig this well.
31 Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no Beer-Seba, a ase ne Ntanka Abura, efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no.
Why he called that place Beersheba; because there they swore both of them.
32 Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so.
Thus they made a covenant at Beersheba: then Abimelech rose up, and Phichol the chief captain of his host, and they returned into the land of the Philistines.
33 Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no asantɛw wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na na ɔsom Awurade teasefo no daa.
And Abraham planted a grove in Beersheba, and called there on the name of the LORD, the everlasting God.
34 Abraham tenaa Filistifo asase no so sɛ ɔnanani nna bebree.
And Abraham sojourned in the Philistines’ land many days.

< 1 Mose 21 >