< 1 Mose 20 >

1 Afei, Abraham tu fii hɔ kɔɔ anafo mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkurow Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra.
Abraham journeyed from there toward the land of the Negev, and lived between Kadesh and Shur. He was a foreigner living in Gerar.
2 Abraham maa nnipa no tee ase sɛ, Sara yɛ ne nuabea. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfi.
Abraham said concerning Sarah his wife, “She is my sister.” So Abimelech king of Gerar sent for Sarah and took her.
3 Nanso Onyankopɔn soo Abimelek dae, ka kyerɛɛ no se, “Wosɛ owu, efisɛ ɔbea a woakɔfa no no yɛ obi yere.”
But God came to Abimelech in a dream in the night, and said to him, “Behold, you are a dead man because of the woman whom you have taken, for she is a man's wife.”
4 Nanso na Abimelek nnya ne Sara nnae, enti ɔkae se, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi?
Now Abimelech had not come near her and he said, “Lord, would you kill even a righteous nation?
5 Abraham ka kyerɛɛ me se, ‘Ɔyɛ me nuabea.’ Na Sara no nso kae se, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea meyɛe no.”
Did he not himself say to me, 'She is my sister?' Even she herself said, 'He is my brother.' I have done this in the integrity of my heart and the innocence of my hands.”
6 Na Onyankopɔn soo Abimelek dae bio ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ, wode adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea woyɛe no; ɛno nti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no.
Then God said to him in the dream, “Yes, I also know that in the integrity of your heart you did this, and I also kept you from sinning against me. Therefore I did not allow you to touch her.
7 Ne saa nti san fa ɔbarima no yere no kɔma no, efisɛ saa ɔbarima no yɛ odiyifo a obetumi abɔ mpae ama wo ama woatena. Na sɛ woansan amfa no ankɔma no a, hu sɛ, wo ne wʼasefo nyinaa bewuwu.”
Therefore, return the man's wife, for he is a prophet. He will pray for you, and you will live. But if you do not restore her, know that you and all who are yours will surely die.”
8 Ade kyee anɔpatutuutu no, Abimelek frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisi no ho amanneɛ. Na wosuroo yiye.
Abimelech rose early in the morning and called all of his servants to himself. He told all these things to them, and the men were very afraid.
9 Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛse a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me man so yi? Ade a wode ayɛ me yi nyɛ ade a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.”
Then Abimelech called for Abraham and said to him, “What have you done to us? How have I sinned against you, that you have brought on me and on my kingdom a great sin? You have done to me that which ought not to be done.”
10 Afei, Abimelek bisaa Abraham se, “Dɛn adwene na ɛkaa wo a ɛma woyɛɛ saa?”
Abimelech said to Abraham, “What prompted you to do this thing?”
11 Abraham buae se, “Misusuwii sɛ nokware, Onyankopɔn biara nni mo mu, na me yere nti, mubekum me.
Abraham said, “Because I thought, 'Surely there is no fear of God in this place, and they will kill me because of my wife.'
12 Eyi akyi no, ampa ara, ɔyɛ me nuabea. Yefi agya koro na yemfi ɛna koro. Ɛno nti na mewaree no no.
Besides, she is indeed my sister, the daughter of my father, but not the daughter of my mother; and she became my wife.
13 Na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham se mintu mfi mʼagya fi nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no. Me nso, meka kyerɛɛ Sara se, ‘Adɔe a ɛsɛ sɛ woyɛ me ni: baabiara a yebedu no, ka se meyɛ wo nuabarima.’”
When God caused me to leave my father's house and travel from place to place, I said to her, 'You must show me this faithfulness as my wife: At every place where we go, say about me, “He is my brother.”'”
14 Enti Abimelek de nguan, anantwi, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara san brɛɛ no.
Then Abimelech took sheep and oxen, and male and female slaves, and gave them to Abraham. Then he returned Sarah, Abraham's wife, to him.
15 Abimelek kae se, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”
Abimelech said, “Look, my land is before you. Settle wherever it pleases you.”
16 Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso se, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Eyi ne mpata a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodi biara nna wo so.”
To Sarah he said, “Look, I have given your brother a thousand pieces of silver. It is to cover any offense against you in the eyes of all that are with you, and before everyone, you are completely made right.”
17 Enti Abraham bɔɔ mpae, srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmea ne mfenaa a wɔwɔ fie hɔ no yare mma wɔnwo mma.
Then Abraham prayed to God, and God healed Abimelech, his wife, and his female slaves so that they were able to have children.
18 Esiane Abraham yere Sara nti, Awurade too Abimelek fifo nyinaa yafunu mu de twee Abimelek aso.
For Yahweh had caused all the women of the household of Abimelech to be completely infertile, because of Sarah, Abraham's wife.

< 1 Mose 20 >