< Hesekiel 8 >

1 Afe a ɛto so asia mu, asram asia no da a ɛto so anum a na mete me fi, na Yuda mpanyimfo tete mʼanim no, Otumfo Awurade nsa baa me so wɔ hɔ.
Now it came to pass in the sixth year, in the sixth month, on the fifth day of the month, as I sat in my house, and the elders of Judah sat before me, that the hand of the Lord Jehovah fell there upon me.
2 Mehwɛe, na mihuu abɔsu bi a ɛte sɛ onipa. Efi baabi a ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na efi hɔ rekɔ ne soro no na ne tebea hyerɛn sɛ dade a adɔ.
And I looked, and lo, a form having the appearance of fire; from the appearance of his loins downward, of fire; and from his loins upward, of a bright light, like the splendor of shining brass.
3 Ɔteɛɛ biribi te sɛ nsa de soo me tinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaw me de me kɔɔ wim na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehu mu kɔɔ Yerusalem kogyinaa mfimfini adiwo no atifi pon ano, faako a ohoni a ɛyɛ ninkutwe farebae no si.
And he put forth the form of a hand, and took me by a lock of my head. And the spirit lifted me up between the earth and the heaven, and brought me, in the visions of God, to Jerusalem, to the door of the inner gate, that looketh toward the north, where stood the idol of jealousy, which provoketh to jealousy.
4 Na hɔ, wɔ mʼanim na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ, te sɛ anisoadehu a minyaa no wɔ tataw no so no.
And behold, the glory of the God of Israel was there, according to the vision which I saw in the plain.
5 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛe, na mihuu saa ninkutwe farebae honi yi wɔ ɔpon a ɛwɔ afɔremuka no atifi fam no mu.
Then said he to me, Son of man, lift up thine eyes toward the north! And I lifted up my eyes toward the north, and behold, northward from the gate of the altar was this idol of jealousy, at the entrance.
6 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wuhu nea wɔreyɛ yi, akyiwade a ɛmfra, a Israelfi reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afi me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wubehu nneɛma a ɛsen akyiwade yi koraa.”
And he said to me: Son of man, seest thou what they do? Great are the abominations which the house of Israel commit here, that I should go far off from my sanctuary. But thou shalt yet again see great abominations.
7 Afei ɔde me baa adiwo hɔ pon no ano. Mehwɛe, na mihuu tokuru wɔ ɔfasu no mu.
And he brought me to the door of the court, and I looked, and behold, a hole in the wall.
8 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tu ɔfasu no mu tokuru.” Enti mituu ɔfasu no mu tokuru, na mihuu ɔpon ano kwan bi wɔ hɔ.
And he said to me, Son of man, break now through the wall. And when I had broken through the wall, behold, a door.
9 Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimɔdensɛm ne akyiwade a wɔreyɛ wɔ ha.”
And he said to me, Go in, and behold the wicked abominations which they practise here.
10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu afasu a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahorow nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwade ne Israelfi ahoni ahorow nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa.
So I went in and saw, and behold, every form of creeping things, and of abominable beasts, and all the idols of the house of Israel, portrayed upon the wall round about.
11 Wɔn anim na na Israelfo mpanyimfo aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrantraa a aduhuam wusiw huamhuam fi so rekɔ soro.
And there stood before them seventy men of the elders of the house of Israel, Jaazaniah, the son of Shaphan, standing in the midst of them, with every man his censer in his hand; and a thick cloud of incense went up.
12 Obisaa me se, “Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ wɔ nʼankasa honi abosonnan mu wɔ sum mu ana? Wɔka se, ‘Awurade nhu yɛn; Awurade agyaw asase no!’”
Then said he to me: Son of man, seest thou what the elders of the house of Israel do in the dark, each one in his image-chamber? For they say, “Jehovah seeth us not; Jehovah hath forsaken the land.”
13 Ɔkaa bio se, “Wubehu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwade a mpo ɛsen eyi.”
And he said to me, Thou shalt yet again see the great abominations which they practise.
14 Afei ɔde me baa Awurade fi no atifi pon no kwan ano, na mihuu mmea a wɔtete hɔ resu Tamus.
Then he brought me to the entrance of the gate of the house of Jehovah, which was toward the north, and behold, there sat women, weeping for Thammuz.
15 Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi? Wubehu nneɛma a ɛyɛ akyiwade a ɛsen eyi.”
And he said to me, Seest thou this, O son of man? Thou shalt yet again see greater abominations than these.
16 Afei ɔde me baa Awurade fi adiwo a ɛwɔ mfimfini no, na hɔ, hyiadan no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔremuka no ntam, na hɔ na mmarima bɛyɛ aduonu anum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ Awurade asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔrekotow som owia a ɛwɔ apuei fam.
And he brought me into the inner court of the house of Jehovah, and behold, at the entrance of the temple of Jehovah, between the porch and the altar, were about five and twenty men, with their backs toward the temple of Jehovah, and their faces toward the east; and they bowed themselves eastward toward the sun.
17 Obisaa me se, “Woahu eyi, onipa ba? Akyiwade a Yudafi reyɛ wɔ ha yi yɛ adewa ana? So ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuw ana? Hwɛ wɔabu me animtiaa agu mʼanim ase!
And he said to me: Seest thou, O son of man? Is it a light thing to the house of Judah, that they commit the abominations which they commit here, that they fill the land with violence, and continually provoke me to anger? And behold, they put the blanch to their nostrils.
18 Ɛno nti, me ne wɔn bedi no abufuw so. Merenhu wɔn mmɔbɔ na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwɔ mu sɛ, wɔteɛ mu tuatua mʼaso de, nanso merentie wɔn.”
Therefore will I also deal with them in fury; mine eye shall not spare, neither will I have pity; and though they cry in mine ears with a loud voice, yet will I not hear them.

< Hesekiel 8 >