< Hesekiel 5 >

1 “Afei onipa ba, fa afoa nnamnam yi yɛ sɛ obi a oyi ti oyiwan na fa yi wo tinwi ne wʼabogyesɛ. Fa nsania na kyekyɛ nwi no mu.
And thou, son of man, take thee a sharp instrument, even a barber's razor, and cause it to pass upon thy head and thy beard; and take thee weighing-balances, and divide the hair.
2 Sɛ wo bere a wɔatua mo ano nna no ba awiei a, fa ogya hyew nwi no nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa afoa twitwa nkyɛmu abiɛsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ mframa mu, efisɛ mɛtwe afoa ataa wɔn.
A third part shalt thou burn with fire in the midst of the city, when the days of the siege are fulfilled; and thou shalt take a third part and smite it round about with the sword; and a third part shalt thou scatter in the wind, and I will draw out a sword after them.
3 Nanso fa nwi no kakra bi kyekyere wʼatade ano.
Thou shalt also take thereof a small number, and bind them in thy skirts.
4 Afei nso, fa saa nwi no kakra bi na tow gu ogya mu na hyew. Ogya no bɛterɛw afi hɔ akɔ Israelfi nyinaa.
And of these again take some and cast them into the fire, and burn them in the fire. From them shall a fire come forth upon the whole house of Israel.
5 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Eyi ne Yerusalem a mede asi amanaman no ntam na nsase atwa ho ahyia.
Thus saith the Lord Jehovah: This is Jerusalem; in the midst of the nations have I set her, and countries are round about her.
6 Nanso nʼamumɔyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛe asen aman ne nsase a atwa ne ho ahyia no. Wapo me mmara na wanni mʼahyɛde so.
But she hath wickedly resisted my ordinances more than the nations, and my statutes more than the countries, that are round about her. For they have refused my ordinances, and have not walked in my statutes.
7 “Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Woayɛ asoɔden asen amanaman a wɔatwa wo ho ahyia na woanni mʼahyɛde anaa me mmara so no. Woanyɛ sɛnea aman a atwa wo ho ahyia no yɛ mpo.
Therefore thus saith the Lord Jehovah: Because ye have been rebellious more than the nations that are round about you, and have not walked in my statutes, nor kept my ordinances, but have done according to the ordinances of the nations which are round about you,
8 “Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne woanya, Yerusalem, na mede asotwe bɛba wo so wɔ amanaman no anim.
therefore thus saith the Lord Jehovah: Behold I, even I, am against thee, and will execute judgments against thee in the sight of the nations.
9 Esiane wʼahoni nyinaa a ɛyɛ akyiwade no nti, mɛyɛ wo nea menyɛɛ bi da na merenyɛ bi bio nso da.
I will do to thee that which I have not yet done, and the like of which I shall not do again, because of all thine iniquities.
10 Enti mo mu no, agyanom bedi wɔn mma nam na mma adi wɔn agyanom nam. Mɛtwe wʼaso na mahwete wo nkae akɔ mmaa nyinaa.
Therefore the fathers shall eat the sons in the midst of thee, and the sons shall eat their fathers; and I will execute judgments in thee, and I will scatter the whole remnant of thee to all the winds.
11 Enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, esiane sɛ wode nsɛsode tantan ne akyiwade nneyɛe agu me kronkronbea ho fi nti, mʼankasa meyi mʼadom afi wo so; merenhu wo mmɔbɔ na meremfa wo ho nkyɛ wo.
Therefore, as I live, saith the Lord Jehovah, because thou hast polluted my sanctuary with all thy detestable things, and with all thine abominations, therefore will I also withdraw mine eye from thee; neither will I spare, neither will I have any pity.
12 Wo nkurɔfo no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bewuwu wɔ ɔyaredɔm no mu, anaasɛ ɔkɔm bekunkum wɔn; nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ wʼafasu akyi na mabɔ nkyɛmu abiɛsa mu baako nso ahwete mmaa nyinaa na matwe afoa ataa wɔn.
A third part of thee shall die by the pestilence, or be consumed with hunger in the midst of thee; and a third part shall die by the sword round about thee; and a third part will I scatter to all the winds, and I will draw out a sword after them.
13 “Afei me bo bedwo na mʼabufuwhyew a etia wɔn no nso ano bɛbrɛ ase na matɔ were. Na sɛ meda mʼabufuwhyew adi kyerɛ wɔn a, wobehu sɛ ɛyɛ me Awurade na makasa wɔ me tumi mu.
Thus shall mine anger be accomplished, and I will satiate my fury upon them, and receive satisfaction; and they shall know that I, Jehovah, have spoken it in my zeal, when I shall have accomplished my fury upon them.
14 “Mɛyɛ wo nnwiriwii ne ahohora wɔ amanaman a atwa wo ho ahyia no mu, ne wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no ani so.
Moreover, I will make thee a waste, and a reproach among the nations that are round about thee, in the sight of all that pass by.
15 Wobɛyɛ ahohora ne fɛwdi, kɔkɔbɔ ne aninyanne ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, bere a mede abufuw ne abufuwhyew ne animka a ano yɛ den retwe wʼaso. Me Awurade na maka.
And thou shalt be a reproach, and a reviling, and a warning, and an astonishment to the nations that are round about thee, when I shall execute judgments upon thee in anger, and in fury, and in furious rebukes; —I, Jehovah, have spoken it; —
16 Sɛ metow me kɔm agyan a bɔre wɔ ano na ɛsɛe ade wɔ wo a, ɛbɛsɛe wo. Mede ɔkɔm a emu yɛ den bɛba wo so na masiw wʼaduan a wunya no ho kwan.
when I shall send upon you the evil arrows of famine which bring destruction, which I send to destroy you, and increase the famine upon you, and break your staff of bread.
17 Mede ɔkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na onni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe afoa wɔ wo so. Me Awurade na maka.”
And I will send upon you famine, and evil beasts, which shall make thee childless; and pestilence and blood shall pass through thee; and the sword will I bring upon thee. I, Jehovah, have spoken it.

< Hesekiel 5 >