< Hesekiel 36 >

1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔw na ka se: ‘Israel mmepɔw, muntie Awurade asɛm.
Also, thou son of man, prophesy unto the mountains of Israel, and say, Ye mountains of Israel, hear the word of the LORD:
2 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛɛ na ɔtamfo no ka faa wo ho, “Aaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.”’
Thus saith the Lord GOD; Because the enemy hath said against you, Aha, even the ancient high places are ours in possession:
3 Ɛno nti, hyɛ nkɔm na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno nti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapade ne nnipa no ahohora nsɛnka ne atwetwesi,
Therefore prophesy and say, Thus saith the Lord GOD; Because they have made [you] desolate, and swallowed you up on every side, that ye might be a possession unto the residue of the heathen, and ye are taken up in the lips of talkers, and [are] an infamy of the people:
4 ɛno nti, Israel mmepɔw, muntie Otumfo Awurade asɛm: Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon, nnwiriwii a ada mpan ne nea ayɛ amamfo, nkurow amamfo a wɔadwiriw agu na aman no nkae a atwa wɔn ho ahyia no di wɔn ho fɛw.
Therefore, ye mountains of Israel, hear the word of the Lord GOD; Thus saith the Lord GOD to the mountains, and to the hills, to the rivers, and to the valleys, to the desolate wastes, and to the cities that are forsaken, which became a prey and derision to the residue of the heathen that [are] round about;
5 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mifi anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, efisɛ wɔde fɛwdi ne adwemmɔne ayɛ me man wɔn agyapade, sɛnea wobetumi afom ne didibea.’
Therefore thus saith the Lord GOD; Surely in the fire of my jealousy have I spoken against the residue of the heathen, and against all Idumea, which have appointed my land into their possession with the joy of all [their] heart, with despiteful minds, to cast it out for a prey.
6 Ɛno nti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, subon ne abon se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede ninkutwe mu anibere kasa, efisɛ amanaman no abu wo animtiaa.
Prophesy therefore concerning the land of Israel, and say unto the mountains, and to the hills, to the rivers, and to the valleys, Thus saith the Lord GOD; Behold, I have spoken in my jealousy and in my fury, because ye have borne the shame of the heathen:
7 Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wobebu wɔn animtiaa.
Therefore thus saith the Lord GOD; I have lifted up mine hand, Surely the heathen that [are] about you, they shall bear their shame.
8 “‘Nanso mo, Israel mmepɔw, mubenya mman, asow aba ama me nkurɔfo Israelfo, efisɛ ɛrenkyɛ wɔbɛba fie.
But ye, O mountains of Israel, ye shall shoot forth your branches, and yield your fruit to my people of Israel; for they are at hand to come.
9 Mo ho hia me na mehu mo mmɔbɔ; wobefuntum mo na wɔadua mo so aba,
For, behold, I [am] for you, and I will turn unto you, and ye shall be tilled and sown:
10 na mɛma wo so nnipa adɔɔso, Israelfi nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkurow no so bio, na wobesisi nnwiriwii no nso.
And I will multiply men upon you, all the house of Israel, [even] all of it: and the cities shall be inhabited, and the wastes shall be builded:
11 Mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso wɔ mo so na wɔbɛwowo na wɔadodɔ, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kan no na wɔbɛma woadi yiye asen kan no. Na afei mubehu sɛ mene Awurade no.
And I will multiply upon you man and beast; and they shall increase and bring fruit: and I will settle you after your old estates, and will do better [unto you] than at your beginnings: and ye shall know that I [am] the LORD.
12 Mɛma nkurɔfo, me nkurɔfo Israelfo, anantew wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapade na woremma wonni mmakɔm bio.
Yea, I will cause men to walk upon you, [even] my people Israel; and they shall possess thee, and thou shalt be their inheritance, and thou shalt no more henceforth bereave them [of men].
13 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ nkurɔfo ka kyerɛ wo se, “Wukum nnipa we na woma wo man no hwere nʼadehye,”
Thus saith the Lord GOD; Because they say unto you, Thou [land] devourest up men, and hast bereaved thy nations;
14 ɛno nti worenkum nnipa nwe bio na woremma wo man nhwere nʼadehye bio, Otumfo Awurade asɛm ni.
Therefore thou shalt devour men no more, neither bereave thy nations any more, saith the Lord GOD.
15 Meremma wonte amanaman no fɛwdi bio, na worenhu nkurɔfo no animtiaabu bio, na wo man nso renhwe ase bio, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
Neither will I cause [men] to hear in thee the shame of the heathen any more, neither shalt thou bear the reproach of the people any more, neither shalt thou cause thy nations to fall any more, saith the Lord GOD.
16 Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
Moreover the word of the LORD came unto me, saying,
17 “Onipa ba, bere a Israelfo te wɔn ankasa asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbea ɔsram-sram afide wɔ mʼani so.
Son of man, when the house of Israel dwelt in their own land, they defiled it by their own way and by their doings: their way was before me as the uncleanness of a removed woman.
18 Enti mihwiee mʼabufuwhyew guu wɔn so, efisɛ wɔahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi.
Wherefore I poured my fury upon them for the blood that they had shed upon the land, and for their idols [wherewith] they had polluted it:
19 Mebɔɔ wɔn ahwete wɔ amanaman mu, na wɔhwete faa amanaman mu; migyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe so buu wɔn atɛn.
And I scattered them among the heathen, and they were dispersed through the countries: according to their way and according to their doings I judged them.
20 Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, woguu me din kronkron ho fi, efisɛ wɔka faa wɔn ho se, ‘Eyinom yɛ Awurade nkurɔfo, nanso na ɛsɛ sɛ wofi nʼasase so.’
And when they entered unto the heathen, whither they went, they profaned my holy name, when they said to them, These [are] the people of the LORD, and are gone forth out of his land.
21 Me din kronkron ho hia me, nea Israelfi guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no.
But I had pity for mine holy name, which the house of Israel had profaned among the heathen, whither they went.
22 “Ɛno nti, ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Israelfi, ɛnyɛ mo nti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no nti, nea muguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no.
Therefore say unto the house of Israel, Thus saith the Lord GOD; I do not [this] for your sakes, O house of Israel, but for mine holy name’s sake, which ye have profaned among the heathen, whither ye went.
23 Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a moagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, din a moagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wohu a, afei amanaman no behu sɛ mene Awurade no, Otumfo Awurade asɛm ni.
And I will sanctify my great name, which was profaned among the heathen, which ye have profaned in the midst of them; and the heathen shall know that I [am] the LORD, saith the Lord GOD, when I shall be sanctified in you before their eyes.
24 “‘Na meyi mo afi amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afi nsase no nyinaa so de mo asan aba mo ankasa asase so.
For I will take you from among the heathen, and gather you out of all countries, and will bring you into your own land.
25 Mede nsu kurunnyenn bɛpete mo so na mo ho atew: Mɛtew mo ho afi nkekae ne mo ahoni nyinaa ho.
Then will I sprinkle clean water upon you, and ye shall be clean: from all your filthiness, and from all your idols, will I cleanse you.
26 Mɛma mo koma foforo na mede honhom foforo ahyɛ mo mu. Meyi koma a ɛte sɛ ɔbo no afi mo mu na mama mo koma foforo a ɛyɛ ɔhonam.
A new heart also will I give you, and a new spirit will I put within you: and I will take away the stony heart out of your flesh, and I will give you an heart of flesh.
27 Na mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mama moadi mʼahyɛde so na moahwɛ adi me mmara so.
And I will put my spirit within you, and cause you to walk in my statutes, and ye shall keep my judgments, and do [them].
28 Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ mo Nyankopɔn.
And ye shall dwell in the land that I gave to your fathers; and ye shall be my people, and I will be your God.
29 Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduan aba ama abu so na meremma ɔkɔm mma mo so.
I will also save you from all your uncleannesses: and I will call for the corn, and will increase it, and lay no famine upon you.
30 Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuw nso abɔ nnɔbae sɛnea ɔkɔm nti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu.
And I will multiply the fruit of the tree, and the increase of the field, that ye shall receive no more reproach of famine among the heathen.
31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo amumɔyɛ, na mo bɔne ne akyiwade nti, mo ho bɛyɛ mo nwini.
Then shall ye remember your own evil ways, and your doings that [were] not good, and shall lothe yourselves in your own sight for your iniquities and for your abominations.
32 Mepɛ sɛ muhu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ eyi, Otumfo Awurade asɛm ni. Momfɛre na momma mo ani nwu wɔ mo abrabɔ ho Israelfi!
Not for your sakes do I [this], saith the Lord GOD, be it known unto you: be ashamed and confounded for your own ways, O house of Israel.
33 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a mɛtew mo ho afi mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkurow so bio na wobesisi nnwiriwii no bio.
Thus saith the Lord GOD; In the day that I shall have cleansed you from all your iniquities I will also cause [you] to dwell in the cities, and the wastes shall be builded.
34 Asase a ada mpan no, wobedua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛnea na ɛte wɔ wɔn a na wotwa mu fa hɔ no ani so no.
And the desolate land shall be tilled, whereas it lay desolate in the sight of all that passed by.
35 Wɔbɛka se, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo, nkuropɔn a na adan nnwiriwii, ayɛ amamfo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.”
And they shall say, This land that was desolate is become like the garden of Eden; and the waste and desolate and ruined cities [are become] fenced, [and] are inhabited.
36 Afei aman a aka a atwa mo ho ahyia no behu sɛ me Awurade makyekyere nea na asɛe na madua wɔ nea na ada mpan so, me Awurade na maka na mɛyɛ.’
Then the heathen that are left round about you shall know that I the LORD build the ruined [places, and] plant that that was desolate: I the LORD have spoken [it], and I will do [it].
37 “Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Metie Israelfi abisade na mayɛ eyi ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfo adɔɔso sɛ nguan,
Thus saith the Lord GOD; I will yet [for] this be enquired of by the house of Israel, to do [it] for them; I will increase them with men like a flock.
38 wɔbɛdɔɔso sɛ nguankuw a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔde wɔ nʼafahyɛnna. Saa ara na nnipa dodow bɛhyɛ nkuropɔn a adwiriw no so ma. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”
As the holy flock, as the flock of Jerusalem in her solemn feasts; so shall the waste cities be filled with flocks of men: and they shall know that I [am] the LORD.

< Hesekiel 36 >