< Hesekiel 34 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
And the word of Jehovah came to me, saying:
2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Nnome nka Israel nguanhwɛfo a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nguanhwɛfo hwɛ nguankuw no ana?
Son of man, prophesy against the shepherds of Israel; prophesy, and say to them, to the shepherds, Thus saith the Lord Jehovah: Woe to the shepherds of Israel, who feed themselves! Should not the shepherds feed the flocks?
3 Monom nufusu, mode mmoa no ho nwi fura mo ho na mukum mmoa a wɔadodɔ nanso monhwɛ nguankuw no.
Ye eat the fat, and ye clothe you with the wool, ye kill that which is fatted; but ye feed not the flock.
4 Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den, nsaa ayarefo yare na monkyekyeree apirafo akuru. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmae, na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimɔden na ahwɛ wɔn so.
The weak do ye not strengthen, and the sick do ye not heal, and the wounded do ye not bind up; ye bring not back that which hath been driven away, neither seek ye that which hath been lost; but with force and with cruelty do ye rule them.
5 Ɛno nti wɔbɔ ahwete, efisɛ wonni ɔhwɛfo bi, na wɔbɔ ahwete no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wuram mmoa nyinaa.
Therefore are they scattered abroad, because there is no shepherd, and they are food to all the beasts of the field, or are scattered abroad.
6 Me nguan kyinkyin mmepɔw ne nkoko nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn.
My sheep wander through all the mountains, and upon every high hill; yea, over the whole face of the land is my flock scattered, and none careth for them, or seeketh them.
7 “Enti, mo nguanhwɛfo, muntie Awurade asɛm:
Therefore, ye shepherds, hear the word of Jehovah:
8 Nokware, sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, esiane sɛ me nguankuw nni ɔhwɛfo nti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wuram mmoa, na esiane sɛ nguanhwɛfo no anhwehwɛ me nguan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nguan no asaworam
As I live, saith the Lord Jehovah, surely, because my flock is become a prey, and my flock is become meat to all the beasts of the field because there is no shepherd, and because my shepherds search not for my flock, and feed themselves, and feed not my flock, —
9 nti, nguanhwɛfo, muntie Awurade asɛm:
therefore, ye shepherds, hear the word of Jehovah.
10 Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne nguanhwɛfo no anya na mɛma wɔabu me nguankuw no ho akontaa. Meremma wɔnhwɛ nguankuw no bio sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum nguan no nnwe; megye me nguankuw afi wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduan bio.
Thus saith the Lord Jehovah: Behold, I am against the shepherds, and I will require my flock at their hand, and cause them to cease from feeding the flock; neither shall the shepherds feed themselves any more; for I will deliver my flock from their mouth, and they shall not be meat for them.
11 “‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ara mɛhwehwɛ me nguan na mahwɛ wɔn so.
For thus saith the Lord Jehovah: Behold I, even I, will seek my flock, and look after them;
12 Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan a wɔahwete bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nguan so. Meyi wɔn afi mmeae a wɔhwete kɔɔ wɔ omununkum ne sum kabii da no.
as a shepherd looketh after his flock in the day when he is among his sheep that are scattered, so will I look after my sheep, and will deliver them out of all the places where they have been scattered in the day of clouds and darkness.
13 Mede wɔn befi amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afi nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, subon ne asase no so atenae nyinaa.
And I will bring them out from the nations, and gather them from the countries; and I will bring them to their own land, and feed them upon the mountains of Israel, in the valleys, and in all the dwelling-places of the land.
14 Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔw atenten so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na hɔ na wɔbɛwe sare frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔw so.
I will feed them in a good pasture, and upon the high mountains of Israel shall their fold be; there shall they lie down in a good fold, and in a fat pasture shall they feed upon the mountains of Israel.
15 Me ara mɛhwɛ me nguan na mama wɔadeda hɔ. Awurade asɛm ni.
I will feed my flock, and I will cause them to lie down, saith the Lord Jehovah.
16 Mɛhwehwɛ nea wayera na mede nea wabɔ ko asan aba. Mɛkyekyere nea wapira no akuru, na mahyɛ nea ɔyɛ mmerɛw no den, nanso nea wadɔ ne nea ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede trenee bɛhwɛ nguankuw no.
I will seek that which was lost, and bring back that which was driven away, and will bind up that which was broken, and will strengthen the sick; but the fat and the strong will I destroy; I will feed them as they deserve.
17 “‘Na mo, me nguankuw, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn ne mpapo ne adwennini ntam.
And as for you, O my sheep, thus saith the Lord Jehovah: Behold, I will judge between the weak of the flock and the strong ones, even the rams and the he-goats.
18 Adidibea papa a mudidi so no, ɛyɛ ade ketewa ma mo ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan tiatia mo adidibea a aka no nso so ana? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsu a ani yɛ kurunnyenn ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan fono nkae no ana?
Seemeth it a small thing to you to eat up the good pasture, but ye must tread down with your feet the residue of your pastures? and to drink of the clear waters, but ye must foul the residue with your feet?
19 Ɛsɛ sɛ me nguankuw di nea moatiatia so na wɔnom nea mode mo anan afon ana?
and that my sheep eat that which ye have trodden with your feet, and drink that which ye have fouled with your feet?
20 “‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mebu nguan a wɔadodɔ ne nguan a wɔafonfɔn ntam atɛn.
Therefore thus saith the Lord Jehovah to them: Behold I, even I, will judge between the fat and the lean of the flock.
21 Esiane sɛ, mode mo nkyɛn mu ne mmati puapua nguan a wonni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kosi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri nti,
Because ye thrust with your side and with your shoulder, and push all the weak with your horns, till ye scatter them abroad,
22 megye me nguankuw na wɔremfom wɔn bio. Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn.
therefore will I save my sheep, and they shall no more be a prey; and I will judge between sheep and sheep.
23 Mɛma oguanhwɛfo baako, me somfo Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo.
And I will raise up one shepherd over them, and he shall feed them, even my servant David; he shall feed them, and he shall be their shepherd.
24 Na me, Awurade, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na me somfo Dawid ayɛ wɔn mu obirɛmpɔn. Me Awurade na maka.
And I, Jehovah, will be their God, and my servant David a prince among them. I, Jehovah, have spoken it.
25 “‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛnea wobetumi atena sare so na wɔadeda kwae mu asomdwoe mu.
And I will make with them a covenant of peace, and will cause evil beasts to cease out of the land, so that they shall dwell safely in the desert, and sleep in the woods.
26 Mehyira wɔn ne mmeae a atwa me pampa ho ahyia. Mɛtɔ obosu wɔ ne bere mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosu.
And I will make them, and the places round about my hill, a blessing; and I will cause the shower to come down in its season; showers rich in blessings shall there be.
27 Mfuw so nnua bɛsow wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduan. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mibubu wɔn konnua na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam a wobehu sɛ mene Awurade no.
And the tree of the field shall yield her fruit, and the earth shall yield her increase; and they shall be secure in their land, and shall know that I am Jehovah, when I shall break the bands of their yoke and deliver them out of the hand of them that made them servants.
28 Amanaman no remfow wɔn bio, na wuram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoe mu na obiara renhunahuna wɔn.
And they shall no more be a prey to the nations, neither shall the beasts of the land devour them; but they shall dwell in security, and none shall make them afraid.
29 Na mɛma wɔn asase a ɛsow nnɔbae ama agye din, na aduankɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no.
And I will raise up for them a plantation for my glory; and they shall no more be consumed with hunger in the land, neither shall they bear the reproach of the nations any more.
30 Afei wobehu sɛ me Awurade, wɔn Nyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israelfi, yɛ me nkurɔfo; Otumfo Awurade asɛm ni.
Then shall they know, that I, Jehovah, their God, am with them, and that they, the house of Israel, are my people, saith the Lord Jehovah.
31 Mo, me nguan, mʼadidibea nguan yɛ me nkurɔfo, na mene mo Nyankopɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
For ye, my flock, the flock of my pasture, are men, and I am your God, saith the Lord Jehovah.

< Hesekiel 34 >