< Hesekiel 30 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
And the word of the Lord came to me, saying:
2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Twa adwo na ka se, “Ao da no!”
Son of man prophesy, and say: Thus saith the Lord God: Howl ye, Woe, woe to the day:
3 Na da no abɛn, Awurade da no abɛn, omununkum da, amanaman no atemmu bere.
For the day is near, yea the day of the Lord is near: a cloudy day, it shall be the time of the nations.
4 Afoa bi bɛsɔre atia Misraim, na ahoyeraw bɛba Kus so. Sɛ apirafo totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyade akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam.
And the sword shall come upon Egypt: and there shall be dread in Ethiopia, when the wounded shall fall in Egypt, and the multitude thereof shall be taken away, and the foundations thereof shall be destroyed.
5 Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ afoa ano.
Ethiopia, and Libya, and Lydia, and all the rest of the crowd, and Chub, and the children of the land of the covenant, shall fall with them by the sword.
6 “‘Sɛɛ na Awurade se: “‘Misraim nnamfonom bɛtotɔ na nʼahomaso ahoɔden bedi no huammɔ. Efi Migdol kosi Aswan wɔbɛtotɔ wɔ afoa a ɛwɔ ne mu no ano, Otumfo Awurade asɛm ni.
Thus saith the Lord God: They also that uphold Egypt shall fall, and the pride of her empire shall be brought down: from the tower of Syene shall they fall in it by the sword, saith the Lord the God of hosts.
7 Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bebubu aka nkuropɔn a abubu ho.
And they shall be desolate in the midst of the lands that are desolate, and the cities thereof shall be in the midst of the cities that are wasted.
8 Afei wobehu sɛ mene Awurade no, bere a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛw nʼaboafo nyinaa no.
And they shall know that I am the Lord: when I shall have set a fire in Egypt, and all the helpers thereof shall be destroyed.
9 “‘Saa da no, asomafo de ahyɛn befi me nkyɛn akohunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyeraw no wɔ Misraim atemmuda no, na ampa ara ɛbɛba mu.
In that day shall messengers go forth from my face in ships to destroy the confidence of Ethiopia, and there shall be dread among them in the day of Egypt: because it shall certainly come.
10 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awiei mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.
Thus saith the Lord God: I will make the multitude of Egypt to cease by the hand of Nabuchodonosor the king of Babylon.
11 Ɔno ne nʼasraafo; amanaman no mu anuɔdenfo, wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no. Wɔbɛtwe wɔn afoa atia Misraim na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.
He and his people with him, the strongest of nations, shall be brought to destroy the land: and they shall draw their swords upon Egypt: and shall fill the land with the slain.
12 Mɛma Nil mu nsu ayow na matɔn asase no ama nnipa bɔne; menam ananafo so bɛsɛe asase no ne nea ɛwɔ mu nyinaa. Me Awurade na maka.
And I will make the channels of the rivers dry, and will deliver the land into the hand of the wicked: and will lay waste the land and all that is therein by the hands of strangers, I the Lord have spoken it.
13 “‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mɛsɛe ahoni no na mede Memfis nsɛsode ahorow no aba awiei. Misraim rennya mmapɔmma bio, na mɛma hu aba asase no so nyinaa.
Thus saith the Lord God: I will also destroy the idols, and I will make an end of the idols of Memphis: and there shall be no more a prince of the land of Egypt: and I will cause a terror in the land of Egypt.
14 Mɛsɛe Misraim Atifi, ato Soan mu gya na matwe Tebes aso.
And I will destroy the land of Phatures, and will make a fire in Taphnis, and will execute judgments in Alexandria.
15 Mehwie mʼabufuwhyew agu Pɛlusum so, Misraim bammɔ dennen no, na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
And I will pour out my indignation upon Pelusium the strength of Egypt, and will cut off the multitude of Alexandria.
16 Mɛto Misraim mu gya; Pɛlusum de ɔyaw bebubu ne mu. Ahum bebu afa Tebes so; na Memfis bedi abooboo da biara.
And I will make a fire in Egypt: Pelusium shall be in pain like a woman in labour, and Alexandria shall be laid waste, and in Memphis there shall be daily distresses.
17 Heliopolis ne Bubastis mmerante bɛtotɔ wɔ afoa ano, na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommum mu.
The young men of Heliopolis, and of Bubastus shall fall by the sword, and they themselves shall go into captivity.
18 Sum kabii beduru Tapanhes, da no sɛ mibubu Misraim konnua no a; hɔ na nʼahomaso ahoɔden bɛba awiei. Omununkum bɛkata no so, na ne nkuraa bɛkɔ nnommum mu.
And in Taphnis the day shall be darkened, when I shall break there the sceptres of Egypt, and the pride of her power shall cease in her: a cloud shall cover her, and her daughters shall be led into captivity.
19 Ɛno nti mɛtwe Misraim aso, na wobehu sɛ mene Awurade no.’”
And I will execute judgments in Egypt: and they shall know that I am the Lord.
20 Afe a ɛto so dubaako no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so ason no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
And it came to pass in the eleventh year, in the first month, in the seventh day of the month, that the word of the Lord came to me, saying:
21 “Onipa ba, mabu Misraimhene Farao basa mu. Wɔnkyekyeree, na atoa bio; na wɔmfa nhyɛɛ ntama bamma mu na anya ahoɔden a ɔde beso afoa mu.
Son of man, I have broken the arm of Pharao king of Egypt: and behold it is not bound up, to be healed, to be tied up with clothes, and swathed with linen, that it might recover strength, and hold the sword.
22 Ɛno nti, Otumfo Awurade na ose: Mene Misraimhene Farao anya; mebubu nʼabasa abien no mu; basa a eye ne nea mu abu no, na mama afoa afi ne nsam atɔ fam.
Therefore, thus saith the Lord God: Behold, I come against Pharao king of Egypt, and I will break into pieces his strong arm, which is already broken: and I will cause the sword to fall out of his hand:
23 Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so.
And I will disperse Egypt among the nations, and scatter them through the countries.
24 Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼafoa ahyɛ ne nsa, nanso Farao de, mebu nʼabasa mu, na wasi apini wɔ nʼanim sɛ obi a wapira opirabɔne.
And I will strengthen the arms of the king of Babylon, and will put my sword in his hand: and I will break the arms of Pharao, and they shall groan bitterly being slain before his face.
25 Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bedwudwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼafoa hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wobehu sɛ mene Awurade no.
And I will strengthen the arms of the king of Babylon, and the arms of Pharao shall fall: and they shall know that I am the Lord, when I shall have given my sword into the hand of the king of Babylon, and he shall have stretched it forth upon the land of Egypt.
26 Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade no.”
And I will disperse Egypt among the nations, and will scatter them through the countries, and they shall know that I am the Lord.

< Hesekiel 30 >