< Hesekiel 3 >

1 Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di nea wuhu wɔ wʼanim no, di saa nhoma mmobɔwee yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfo.”
He said to me, “Son of man, eat what you find. Eat this scroll, and go, speak to the house of Israel.”
2 Enti mibuee mʼanom na ɔde nhoma mmobɔwee no maa me dii.
So I opened my mouth, and he caused me to eat the scroll.
3 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di saa nhoma mmobɔwee a mede rema wo yi fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti midii na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom.
He said to me, “Son of man, eat this scroll that I give you and fill your belly and your bowels with it.” Then I ate it. It was as sweet as honey in my mouth.
4 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, afei kɔ Israelfo nkyɛn na kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn.
He said to me, “Son of man, go to the house of Israel, and speak my words to them.
5 Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nna hɔ anaa ntease nni mu nkyɛn na meresoma wo, mmom meresoma wo Israelfo hɔ.
For you are not sent to a people of a strange speech and of a hard language, but to the house of Israel—
6 Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nna hɔ na ɛyɛ den, wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo wɔ saa nnipa yi nkyɛn a, anka wotiee wo.
not to many peoples of a strange speech and of a hard language, whose words you can’t understand. Surely, if I sent you to them, they would listen to you.
7 Nanso Israelfo mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me. Israel nyinaa ayɛ komapirim ne asoɔden.
But the house of Israel will not listen to you, for they will not listen to me; for all the house of Israel are obstinate and hard-hearted.
8 Ɛno nti mɛma woayɛ asoɔden ne komapirim te sɛ wɔn.
Behold, I have made your face hard against their faces, and your forehead hard against their foreheads.
9 Mɛyɛ wo moma dennen sɛ apemmo, nea ɛyɛ den sen ɔtwɛrebo. Nsuro wɔn na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo de.”
I have made your forehead as a diamond, harder than flint. Don’t be afraid of them, neither be dismayed at their looks, though they are a rebellious house.”
10 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yiye na dwene ho wɔ wo koma mu.
Moreover he said to me, “Son of man, receive in your heart and hear with your ears all my words that I speak to you.
11 Afei kɔ wo nkurɔfo a wɔwɔ nnommum mu na kasa kyerɛ wɔn. Se wɔn sɛ, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo.”
Go to them of the captivity, to the children of your people, and speak to them, and tell them, ‘This is what the Lord GOD says,’ whether they will hear, or whether they will refuse.”
12 Na Honhom no maa me so kɔɔ soro na metee sɛ nnyigyei dennen bi reworo so wɔ mʼakyi bere a na Awurade anuonyam rema ne ho so wɔ ne gyinabea hɔ no
Then the Spirit lifted me up, and I heard behind me the voice of a great rushing, saying, “Blessed be the LORD’s glory from his place.”
13 Na ɛyɛ nnyigyei a efi ateasefo no ntaban a ɛkeka twiw ho ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyigyei dennen a ɛworo so.
I heard the noise of the wings of the living creatures as they touched one another, and the noise of the wheels beside them, even the noise of a great rushing.
14 Honhom no maa me so kɔɔ soro de me kɔɔ baabi, mekɔɔ no nweenwen ne honhom mu abufuw so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so.
So the Spirit lifted me up, and took me away; and I went in bitterness, in the heat of my spirit; and the LORD’s hand was strong on me.
15 Mebaa nnommum a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na hɔ na me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwiriw me.
Then I came to them of the captivity at Tel Aviv who lived by the river Chebar, and to where they lived; and I sat there overwhelmed among them seven days.
16 Nnanson akyi no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
At the end of seven days, the LORD’s word came to me, saying,
17 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israel; ɛno nti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a efi me.
“Son of man, I have made you a watchman to the house of Israel. Therefore hear the word from my mouth, and warn them from me.
18 Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Ampa ara wubewu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfi nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumɔyɛfo no bewu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa.
When I tell the wicked, ‘You will surely die;’ and you give him no warning, nor speak to warn the wicked from his wicked way, to save his life, that wicked man will die in his iniquity; but I will require his blood at your hand.
19 Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ na sɛ wansakra amfi nʼamumɔyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, obewu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa.
Yet if you warn the wicked, and he doesn’t turn from his wickedness, nor from his wicked way, he will die in his iniquity; but you have delivered your soul.”
20 “Bio, sɛ ɔtreneeni dan fi trenee ho kɔyɛ bɔne a, mede hintidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ nti, obewu wɔ ne bɔne mu. Adetrenee ahorow a ɔyɛe no, wɔrenkae na mɛma woabu ne mogya ho akontaa.
“Again, when a righteous man turns from his righteousness and commits iniquity, and I lay a stumbling block before him, he will die. Because you have not given him warning, he will die in his sin, and his righteous deeds which he has done will not be remembered; but I will require his blood at your hand.
21 Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni no kɔkɔ sɛ onnyae bɔneyɛ na ogyae a, obenya nkwa efisɛ otiee kɔkɔbɔ, na wo nso wubegye wo ho nkwa.”
Nevertheless if you warn the righteous man, that the righteous not sin, and he does not sin, he will surely live, because he took warning; and you have delivered your soul.”
22 Na Awurade tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na kɔ tataw no so, na hɔ na mɛkasa akyerɛ wo.”
The LORD’s hand was there on me; and he said to me, “Arise, go out into the plain, and I will talk with you there.”
23 Enti mesɔre kɔɔ tataw no so. Na Awurade anuonyam te sɛ nea mihuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuw fam.
Then I arose, and went out into the plain, and behold, the LORD’s glory stood there, like the glory which I saw by the river Chebar. Then I fell on my face.
24 Afei Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔmaa me so gyinaa hɔ. Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔto wo ho pon mu wɔ wo fi.
Then the Spirit entered into me and set me on my feet. He spoke with me, and said to me, “Go, shut yourself inside your house.
25 Na wo, onipa ba, wɔde ntampehama bɛkyekyere wo sɛnea worentumi mpue nkɔ nnipa no mu.
But you, son of man, behold, they will put ropes on you, and will bind you with them, and you will not go out among them.
26 Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanom sɛnea wobɛyɛ komm a worentumi nka wɔn anim, efisɛ wɔyɛ atuatewfo.
I will make your tongue stick to the roof of your mouth so that you will be mute and will not be able to correct them, for they are a rebellious house.
27 Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mebue wʼano ama woaka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea Otumfo Awurade se ni!’ Nea obetie no ma no ntie, na nea ɔmpɛ sɛ otie no mma no ntie; na wɔyɛ atuatewfo.
But when I speak with you, I will open your mouth, and you shall tell them, ‘This is what the Lord GOD says.’ He who hears, let him hear; and he who refuses, let him refuse; for they are a rebellious house.”

< Hesekiel 3 >