< 2 Mose 31 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 “Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no
“Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu
3 de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma
de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.
4 sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow,
Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ.
5 sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa.
Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso.
6 Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no:
Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no:
7 “Ahyiae Ntamadan, Apam Adaka ne mpata agua ne Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa;
“sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan, sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea; sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ,
8 ɔpon no ne so nneɛma, sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma, ohuam afɔremuka;
sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma; sɛ ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ ohwam afɔrebukyia;
9 ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma, nsankason ne ne nnyinaso;
sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ kuduo ne ne nnyinasoɔ;
10 ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no ne ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no;
sɛ ɛyɛ ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron fɛfɛ no ne ne mma ntadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi adi asɔfoɔ;
11 ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no. “Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.”
anaasɛ ɔsra ngo no ne kronkronbea hɔ aduhwam. “Ɛsɛ sɛ wɔfa ɛkwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ yeinom nyinaa.”
12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
13 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’
“Ka kyerɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɛduru homeda a, wɔnhome, ɛfiri sɛ, saa homeda no na daa ɛkae apam a me ne mo apam no. Ɛboa mo ma mokae sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.
14 “‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no.
“‘Monhome homeda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛda kronkron. Obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Na deɛ ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no nso, wɔbɛkum no.
15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no.
Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛkum no.
16 Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ.
Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda kronkron ma Awurade. Saa mmara yi yɛ apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ daa ma Israelfoɔ.
17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’”
Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfoɔ ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛfiri sɛ, nna nsia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛnna ɔhomee ɛda a ɛtɔ so nson no.’”
18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no.
Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so wieeɛ no, ɔde aboɔ apono mmienu a ɔde ne nsa atwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no maa no.

< 2 Mose 31 >