< 2 Mose 30 >

1 “Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ketewa bi a wobɛhyew aduhuam wɔ so.
Thou shalt make also an altar to burn incense, of setim wood.
2 Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abiɛsa a wɔasen; ne mmɛn a baako tua ho.
It shall be a cubit in length, and another in breadth, that is, foursquare, and two in height. Horns shall go out of the same.
3 Fa sikakɔkɔɔ dura ne soro, ne nkyɛn ne ne mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ mmuano twa afɔremuka no ho nyinaa hyia.
And thou shalt overlay it with the purest gold, as well as the grate thereof, as the walls round about and the horns. And thou shalt make to it a crown of gold round about,
4 Fa sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ mmuano no a ɛwɔ afanu no ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu.
And two golden rings under the crown on either side, that the bars may be put into them, and the altar be carried.
5 Wɔmfa ɔkanto na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa.
And thou shalt make the bars also of setim wood, and shalt overlay them with gold.
6 Fa afɔremuka no si ntwamtam no akyi wɔ mpatabea hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ no ho ban. Mehyia mo wɔ hɔ.
And thou shalt set the altar over against the veil, that hangeth before the ark of the testimony before the propitiatory wherewith the testimony is covered, where I will speak to thee.
7 “Da biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ afɔremuka no so.
And Aaron shall burn sweet smelling incense upon it in the morning. When he shall dress the lamps, he shall burn it:
8 Anwummere biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ Awurade anim ama awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa.
And when he shall place them in the evening, he shall burn an everlasting incense before the Lord throughout your generations.
9 Monhyew aduhuam a wɔama ho kwan wɔ afɔremuka no so. Mommmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so.
You shall not offer upon it incense of another composition nor oblation, and victim, neither shall you offer libations.
10 Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔremuka no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a etuatua ho no so sɛ mpata. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔtew afɔremuka no ho yɛ no kronkron ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no so kosi awo ntoatoaso so. Ɛyɛ kronkron ma Awurade.”
And Aaron shall pray upon the horns thereof once a year, with the blood of that which was offered for sin, and shall make atonement upon it in your generations. It shall be most holy to the Lord.
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses, saying:
12 “Bere biara a wobɛkan Israelfo no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne kra ho mpata mmrɛ Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so.
When thou shalt take the sum of the children of Israel according to their number, every one of them shall give a price for their souls to the Lord, and there shall be no scourge among them, when they shall be reckoned.
13 Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbona fa, a emu duru yɛ gram asia (sɛnea kronkronbea mu dwetɛbona bo te no.)
And this shall every one give that passeth at the naming, half a sicle according to the standard of the temple. A sicle hath twenty obols. Half a sicle shall be offered to the Lord.
14 Obiara a wadi mfe aduonu rekɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔre yi.
He that is counted in the number from twenty years and upwards, shall give the price.
15 Ɛnsɛ sɛ adefo ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafo nso ma nea esua sen saa, efisɛ ɛyɛ Awurade afɔre a ɔde retew yɛn ho ama yɛn.
The rich man shall not add to half a sicle, and the poor man shall diminish nothing.
16 Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiae Ntamadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfo, so na ayɛ mpata nso ama mo.”
And the money received which was contributed by the children of Israel, thou shalt deliver unto the uses of the tabernacle of the testimony, that it may be a memorial of them before the Lord, and he may be merciful to their souls.
17 Awurade ka kyerɛɛ Mose se.
And the Lord spoke to Moses, saying:
18 “Fa kɔbere yɛ hweaseammɔ a ne nnyinaso nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na fa nsu gu mu.
Thou shalt make also a brazen laver with its foot, to wash in: and thou shalt set it between the tabernacle of the testimony and the altar. And water being put into it,
19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mmabarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn anan ho
Aaron and his sons shall wash their hands and feet in it:
20 bere a wɔrekɔ Ahyiae Ntamadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ wɔrekɔ akɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka no so ama Awurade no. Saa ara na bere biara a wɔrekodi saa dwuma yi no,
When they are going into the tabernacle of the testimony, and when they are to come to the altar, to offer on it incense to the Lord,
21 ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho na wɔanwuwu. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama Aaron ne nʼasefo, awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa.”
Lest perhaps they die. It shall be an everlasting law to him, and to his seed by successions.
22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke to Moses,
23 “Hwehwɛ nnuhuam papa sɛ kurobow a ɛyɛ kilogram asia, sinamon kilogram abiɛsa ne mmetire huamhuam kilogram abiɛsa.
Saying: Take spices, of principal and chosen myrrh five hundred sicles, and of cinnamon half so much, that is, two hundred and fifty sicles, of calamus in like manner two hundred and fifty.
24 Kurobow dodow a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodow na momfa ngodua mu ngo lita anan.
And of cassia five hundred sicles by the weight of the sanctuary, of oil of olives the measure hin:
25 Awurade ahyɛ nnuhuamfrafo a wakwadaw ne yɛ mu yiye, sɛ wɔmfra saa nnuhuam yi mma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde tew onipa ho.
And thou shalt make the holy oil of unction, an ointment compounded after the art of the perfumer,
26 Na momfa eyi ntew Ahyiae Ntamadan ne Apam Adaka,
And therewith thou shalt anoint the tabernacle of the testimony, and the ark of the testament,
27 ɔpon no ne ɛho nkankyee nyinaa, kaneadua no ɛho nneɛma, nnuhuam afɔremuka no,
And the table with the vessels thereof, the candlestick and furniture thereof, the altars of incense,
28 ɔhyew afɔre ne ho nkankyee, ne hweaseammɔ ne nea esi so.
And of holocaust, and all the furniture that belongeth to the service of them.
29 Montew ho na ɛnyɛ kronkron na biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi no ho atew.
And thou shalt sanctify all, and they shall be most holy: he that shall touch them shall be sanctified.
30 “Monsra Aaron ne ne mmabarima no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtew na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma de asom me.
Thou shalt anoint Aaron and his sons, and shalt sanctify them, that they may do the office of priesthood unto me.
31 Na monka nkyerɛ Israelfo se, ‘Eyi bɛyɛ me srango kronkron ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no.
And thou shalt say to the children of Israel: This oil of unction shall be holy unto me throughout your generations.
32 Ɛnsɛ sɛ wohwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ankasa nso moyɛ bi, efisɛ ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron.
The flesh of man shall not be anointed therewith, and you shall make none other of the same composition, because it is sanctified, and shall be holy unto you.
33 Obiara a ɔbɛfra aduhuam a ɛte sɛ ɛno na obehwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfo so no, sɛ sɛ wo twa no asu.’”
What man soever shall compound such, and shall give thereof to a stranger, he shall be cut off from his people.
34 Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhuam no ho maa Mose se, “Fa nnuhuam atomude ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen na wonsusuw ne nyinaa mu duru mma ɛnyɛ pɛ,
And the Lord said to Moses: Take unto thee spices, stacte, and onycha, galbanum of sweet savour, and the clearest frankincense, all shall be of equal weight.
35 na fa yɛ aduhuam a wɔhyewee a aduhuamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhuam kronkron.
And thou shalt make incense compounded by the work of the perfumer, well tempered together, and pure, and most worthy of sanctification.
36 Monyam bi mma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim faako a mehyia mo wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ no. Saa aduhuam yi ne nea ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu.
And when thou has beaten all into very small powder, thou shalt set of it before the tabernacle of the testimony, in the place where I will appear to thee. Most holy shall this incense be to you.
37 Monnyɛ bi mfa, efisɛ wɔakora ama Awurade enti ɛsɛ sɛ moyɛ no kronkron.
You shall not make such a composition for your own uses, because it is holy to the Lord.
38 Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wontwa no asu.”
What man soever shall make the like, to enjoy the smell thereof, he shall perish out of his people.

< 2 Mose 30 >