< Ɛster 2 >

1 Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyi yi no, ofii ase dwenee nea Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho.
Some time later, when the wrath of King Ahasuerus had subsided, he remembered what Vashti had done and what had been decreed against her.
2 Na nʼasomfo susuw ho kyerɛɛ no se, “Ma yenwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmabun ahoɔfɛfo mfa wɔn mmrɛ ɔhene.
Then the king’s servants who waited upon him said, “Let beautiful young virgins be sought for the king,
3 Ɔhene nyi ananmusifo bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmea ahoɔfɛfo yi mmra ɔhene yerenom atenae wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ piamni no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuru.
and let the king appoint commissioners to all the provinces of his kingdom to gather them all to Susa the royal residence. Let them be brought into the women’s quarters under the custody of Hegai, the king’s eunuch, who has charge of the women. Then give them what is needed to make them beautiful,
4 Ɛno akyi no, ababaa a ɔsɔ wʼani yiye no na wobesi no ɔhemmea, asi Wasti anan mu.” Saa afotu yi sɔɔ ɔhene no ani yiye, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so.
and let the girl who pleases the king be queen instead of Vashti.” The proposal pleased the king so he put it into action.
5 Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni.
In Susa the royal residence lived a Jew named Mordecai. He was son of Jair, son of Shimei, son of Kish, a Benjamite.
6 Ɔhene Nebukadnessar na otwaa nʼabusuafo ne Yudahene Yekonia ne afoforo bi asu fii Yerusalem kɔɔ Babilonia.
(Kish had been carried away from Jerusalem with the exiles who were deported with Jeconiah king of Judah, whom Nebuchadnezzar the king of Babylon took captive.)
7 Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfo bi a ne din de Hadasa a na wɔsan frɛ no Ɛster. Bere a nʼagya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetew no sɛ nʼankasa babea.
Mordecai had adopted Hadassah, that is, Esther, his uncle’s daughter, since she had neither father nor mother. The girl was shapely and beautiful; and after her father and mother died, Mordecai raised her as if she was his own daughter.
8 Ɔhene no mmara a ɔhyɛe no nti, wɔde Ɛster ne mmabaa bebree baa ɔhene yerenom atenae wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa.
When the king’s command and decree were known, many girls were gathered together to Susa the capital under the custody of Hegai. Esther was also taken into the king’s palace and placed under the custody of Hegai, who had charge of the women.
9 Hegai ani gyee Ɛster ho yiye, maa ɔhwɛɛ no yiye. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduan sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuru kaa ho. Ɔsan de mfenaa baason a oyii wɔn fii ahemfi hɔ no maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye pa ara wɔ mmea atenae hɔ.
The girl pleased him and gained his favor, so that he quickly gave her the cosmetics she needed to enhance her beauty and her allowance of food and the seven maids selected from the king’s household. He also transferred her and her maids to the best place in the harem.
10 Ɛster anka ne man a ofi mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, efisɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ.
Esther had not revealed her people nor her family background because Mordecai had ordered her not to.
11 Da biara Mordekai kɔnantew fa ahemfi no adiwo hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te dɛn.
Every day Mordecai would to walk in front of the courtyard of the harem and ask after Esther’s health and what was happening to her.
12 Ansa na wɔde ababaa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuru yɛ ne ho afe baako. Wɔde kurobow ngo yɛ ne ho asram asia na ɛno akyi no wɔde aduhuam ne nkum sononko bi ayɛ ne ho asram asia.
The girls were prepared for meeting King Ahasuerus for twelve months: six months being treated with oil of myrrh and six months with perfumes and cosmetics. After the twelve months,
13 Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atade anaa agude a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu.
each girl went in to the king. She was allowed to take with her whatever she wished from the women’s quarters,
14 Anwummere no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na ade kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom te no. Ɛhɔ na ɔhene piamni foforo bi a wɔfrɛ no Saasgas na bɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho ansa na wabɔ ne din afrɛ no.
and would enter the palace in the evening and return the next morning to another part of the harem under the care of the king’s eunuch Shaashgaz who was in charge of concubines. She would not go to the king again unless he desired her and summoned her by name.
15 Na eduu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piamni a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster).
When it was the turn of Esther (the girl adopted by Mordecai, daughter of his uncle Abihail) to go in to the king, she only took with her those things that Hegai, the king’s eunuch in charge of the women, had advised her to take. Esther was liked by all who saw her.
16 Bere a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfi hɔ Tebet ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedi mfe ason so no,
Esther was taken to King Ahasuerus in the royal palace in the tenth month, the month of Tebeth, in the seventh year of his reign.
17 ɔhene no dɔɔ no sen mmabun a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kosii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛw, pagyaw no sɛ ɔhemmea, sii Wasti anan mu.
And the king loved her more than all the other women, and she became his favorite and won his affection. He placed the royal diadem on her head and made her queen instead of Vashti.
18 Ahemmeasi no mu no, ɔtoo pon maa ne mmapɔmma ne asomfo nyinaa de hyɛɛ Ɛster anuonyam. Ɔmaa obiara akyɛde bebree, na ɔyɛɛ no afoofida wɔ amantam no nyinaa so.
Then the king gave a great feast to all his officials and courtiers in honor of Esther, and he remitted the taxes of the provinces and distributed gifts with royal liberality.
19 Mpo, bere a wɔde mmabaa no nyinaa kɔɔ mmea atenae a ɛto so abien no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ ɔpanyin wɔ ahemfi hɔ no,
All the time the virgins were assembled again, Mordecai was sitting as an offical at the king’s gate.
20 Ɛster ankyerɛ baabi a ofi ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotu no so sɛnea ɔyɛe bere a na ɔne no te no.
Esther had not revealed her people or family background because she still obeyed him as she had when he was bringing her up.
21 Da koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfi no, ɔhene no piamfo baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kokoamfi no pon ano awɛmfo no bo fuw ɔhene Ahasweros, na wɔpam ne ti so sɛ wobekum no.
In those days while Mordecai was sitting in the king’s gate, two of the royal court attendants, Bigthan and Teresh, who guarded the entrance of the palace, became enraged and attempted to kill King Ahasuerus.
22 Mordekai tee pɔwbɔ no, ɔbɔɔ ɔhemmea Ɛster amanneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai mo sɛ ɔbɛkaa asɛm no.
But Mordecai learned of the conspiracy and disclosed it to Queen Esther, and she told the king on Mordecai’s behalf.
23 Wɔkɔɔ asɛm no mu, huu sɛ asɛm a Mordekai bɛkae no yɛ nokware no, wɔsɛn mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔkyerɛw eyi nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedi abakɔsɛm nhoma mu.
When the affair was investigated and the facts discovered, the conspirators were both hanged on the gallows. The incident was recorded in the presence of the king in the daily record of events.

< Ɛster 2 >