< 5 Mose 18 >

1 Lewifo Asɔfo no, nokware Lewi abusuakuw nyinaa no, nni kyɛfa ne agyapade biara wɔ Israelman mu te sɛ mmusuakuw a wɔaka no. Wobedi aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade no bi, efisɛ wonni agyapade.
Les sacrificateurs, les Lévites, la tribu entière de Lévi, n’auront ni part ni héritage avec Israël; ils se nourriront des sacrifices consumés par le feu en l’honneur de l’Éternel et de l’héritage de l’Éternel.
2 Israelfo mu de, wɔrennya agyapade biara sɛ wɔn ankasa kyɛfa. Awurade ankasa bɛyɛ wɔn kyɛfa sɛnea ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.
Ils n’auront point d’héritage au milieu de leurs frères: l’Éternel sera leur héritage, comme il le leur a dit.
3 Eyi ne kyɛfa a asɔfo no benya afi nantwi ne oguan a nnipa no de bɛbɔ afɔre no mu: ne mmati, nʼabogye ne nʼayamde.
Voici quel sera le droit des sacrificateurs sur le peuple, sur ceux qui offriront un sacrifice, un bœuf ou un agneau: on donnera au sacrificateur l’épaule, les mâchoires et l’estomac.
4 Afei, momma wɔn mo atokokan mu ade, nsa foforo ne ngo ne nwi a edi kan a wotwitwa fi mo nguan ho no.
Tu lui donneras les prémices de ton blé, de ton moût et de ton huile, et les prémices de la toison de tes brebis;
5 Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, apaw Lewifo ne wɔn asefo afi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ wonnyina, nsom daa wɔ Awurade din mu.
car c’est lui que l’Éternel, ton Dieu, a choisi entre toutes les tribus, pour qu’il fasse le service au nom de l’Éternel, lui et ses fils, à toujours.
6 Sɛ Lewini bi pɛ na ofi mo nkurow no mu biara a ɔte so wɔ Israel kɔ baabi a Awurade ayi a,
Lorsque le Lévite quittera l’une de tes portes, le lieu quelconque où il demeure en Israël, pour se rendre, selon la plénitude de son désir, au lieu que choisira l’Éternel,
7 otumi som wɔ Awurade, ne Nyankopɔn, din mu te sɛnea ne nkurɔfo Lewifo a wɔsom wɔ hɔ wɔ Awurade anim no yɛ no ara.
et qu’il fera le service au nom de l’Éternel, ton Dieu, comme tous ses frères les Lévites qui se tiennent là devant l’Éternel,
8 Sɛ mpo wanya sika bi afi abusua agyapade bi tɔn mu a, wɔde ne kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde no mu sɛ Lewini no bɛma no sɛ asɛde.
il recevra pour sa nourriture une portion égale à la leur, et jouira, en outre, des revenus de la vente de son patrimoine.
9 Sɛ munya du asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhwɛ yiye na moansua amanaman a ɛwɔ hɔ no amanne a ɛyɛ akyiwade no.
Lorsque tu seras entré dans le pays que l’Éternel, ton Dieu, te donne, tu n’apprendras point à imiter les abominations de ces nations-là.
10 Mommma wonhu sɛ mo mu bi de ne babarima anaa ne babea abɔ ɔhyew afɔre. Na mommma mo nnipa no nyɛ akɔmfo a wɔhyɛ abosom nkɔm, abayifo ne abisakɔfo, ne ntafowayifo
Qu’on ne trouve chez toi personne qui fasse passer son fils ou sa fille par le feu, personne qui exerce le métier de devin, d’astrologue, d’augure, de magicien,
11 ne nkaberekyerefo ne samanfrɛfo, osumanni a ɔfrɛ ɔsaman.
d’enchanteur, personne qui consulte ceux qui évoquent les esprits ou disent la bonne aventure, personne qui interroge les morts.
12 Obiara a ɔyɛ saa ade yi bi no yɛ Awurade akyiwade na saa akyiwade yi nti na Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpam saa aman no afi mo anim.
Car quiconque fait ces choses est en abomination à l’Éternel; et c’est à cause de ces abominations que l’Éternel, ton Dieu, va chasser ces nations devant toi.
13 Monyɛ pɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim.
Tu seras entièrement à l’Éternel, ton Dieu.
14 Aman a morekotu wɔn yi tie wɔn a wɔpɛ abayisɛm ne nkɔmhyɛnsɛm. Nanso mo de, Awurade, mo Nyankopɔn no, mmaa mo kwan sɛ monyɛ saa ɛ.
Car ces nations que tu chasseras écoutent les astrologues et les devins; mais à toi, l’Éternel, ton Dieu, ne le permet pas.
15 Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo Israelfo yi ara mu. Ɛsɛ sɛ moyɛ osetie ma no.
L’Éternel, ton Dieu, te suscitera du milieu de toi, d’entre tes frères, un prophète comme moi: vous l’écouterez!
16 Eyi ne nea mo ankasa mobisaa Awurade, mo Nyankopɔn no, bere a muhyiaa wɔ Horeb no. Mosrɛɛ sɛ mompɛ sɛ mote Awurade, mo Nyankopɔn no, nne anaa muhu ogyaframa bio, efisɛ musuro sɛ anhwɛ a, mubewuwu.
Il répondra ainsi à la demande que tu fis à l’Éternel, ton Dieu, à Horeb, le jour de l’assemblée, quand tu disais: Que je n’entende plus la voix de l’Éternel, mon Dieu, et que je ne voie plus ce grand feu, afin de ne pas mourir.
17 Na Awurade buae se, “Mɛyɛ wɔn abisade ama wɔn.
L’Éternel me dit: Ce qu’ils ont dit est bien.
18 Mɛda odiyifo te sɛ wo adi afi wɔn nkurɔfo Israelfo mu. Mede me nsɛm bɛhyɛ nʼanom, na ɔbɛka biribiara a mɛhyɛ wɔn no akyerɛ wɔn.
Je leur susciterai du milieu de leurs frères un prophète comme toi, je mettrai mes paroles dans sa bouche, et il leur dira tout ce que je lui commanderai.
19 Mʼankasa me ne obiara a wantie asɛm a odiyifo no bɛka wɔ me din mu no bedi.
Et si quelqu’un n’écoute pas mes paroles qu’il dira en mon nom, c’est moi qui lui en demanderai compte.
20 Na odiyifo biara bɛpatuw aka nea menhyɛe, anaa ɔnam onyame foforo bi din so ka asɛm no, ɛsɛ sɛ wokum no.”
Mais le prophète qui aura l’audace de dire en mon nom une parole que je ne lui aurai point commandé de dire, ou qui parlera au nom d’autres dieux, ce prophète-là sera puni de mort.
21 Mubebisa mo ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ adiyisɛm no fi Awurade anaasɛ emfi no?”
Peut-être diras-tu dans ton cœur: Comment connaîtrons-nous la parole que l’Éternel n’aura point dite?
22 Sɛ odiyifo no hyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu na amma mu a, na ɛnyɛ Awurade na ɔde asɛm no mae. Na ɛkyerɛ sɛ, saa odiyifo no ara kaa ɔno ankasa nʼasɛm bi kwa enti ɛnsɛ sɛ musuro.
Quand ce que dira le prophète n’aura pas lieu et n’arrivera pas, ce sera une parole que l’Éternel n’aura point dite. C’est par audace que le prophète l’aura dite: n’aie pas peur de lui.

< 5 Mose 18 >