< Amos 7 >

1 Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: na ɔreboaboa mmoadabi bebree ano. Eyi yɛ bere a wɔatwa ɔhene kyɛfa afi mfuw no so na akyiri nnɔbae no renyin no.
主ヱホバの我に示したまへるところ是のごとし 即ち草の再び生ずる時にあたりて彼蝗を造りたまふ その草は王の刈たる後に生じたるものなり
2 Bere a mmoadabi no awe asase no so nnɔbae nyinaa no, meteɛɛ mu se “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn! Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
その蝗地の靑物を食盡しし後我言り 主ヱホバよ願くは赦したまへ ヤコブは小し 爭でか立ことを得んと
3 Ɛno nti, Awurade bo dwoe. Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”
ヱホバその行へる事につきて悔をなし我これを爲じと言たまふ
4 Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: Otumfo Awurade de ogya rebebu atɛn; ɛyow bun kɛse no, na ɛsɛee asase no.
主ヱホバの我に示したまへる所是のごとし 即ち主ヱホバ火をもて罰せんとて火を呼たまひければ火大淵を焚きまた產業の地を焚かんとす
5 Na meteɛɛ mu se, “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, gyae! Yakob rentumi nnyina! Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
時に我言り 主ヱホバよ願くは止みたまへ ヤコブは小し爭でか立ことを得んと
6 Ɛno nti, Awurade bo dwoe na ɔkae se, “Megyae mʼatirimpɔw yi nso.”
ヱホバその行へる事につきて悔をなし我これをなさじと主ヱホバ言たまふ
7 Eyi ne nea oyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasu a wɔato no kirebenn no ho, a okita kirebennyɛ susudua no.
また我に示したまへるところ是のごとし 即ち準縄をもて築ける石垣の上にヱホバ立ちその手に準縄を執たまふ
8 Na Awurade bisaa me se, “Amos, dɛn na wuhu?” Mibuae se, “Kirebennyɛ susudua.” Na Awurade kae se, “Mede kirebennyɛ susudua yi reto me nkurɔfo Israelfo ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.
而してヱホバ我にむかひアモス汝何を見るやと言たまひければ準縄を見ると我答へしに主また言たまはく我準縄を我民イスラエルの中に設く 我再び彼らを見過しにせじ
9 “Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea na Israel kronkron tenabea nso wobebubu no; mede mʼafoa bɛsɔre atia Yeroboamfi.”
イサクの崇邱は荒されイスラエルの聖所は毀たれん 我劍をもちてヤラベアムの家に起むかはん
10 Amasia a ɔyɛ Bet-El sɔfo de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam se, “Amos rebɔ pɔw atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nyɛ abodwosɛm.
時にベテルの祭司アマジヤ、イスラエルの王ヤラベアムに言遣しけるはイスラエルの家の眞中にてアモス汝に叛けり 彼の諸の言には此地も堪るあたはざるなり
11 Nea Amos reka ni: “‘Yeroboam bewu wɔ afoa ano, na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, wɔ akyirikyiri asase so.’”
即ちアモスかく言り ヤラベアムは劍によりて死ん イスラエルは必ず擄へられてゆきてその國を離れんと
12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos se, “Fi ha kɔ, wo ɔdehufo! San kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm.
而してアマジヤ、アモスに言けるは先見者よ 汝往てユダの地に逃れ彼處にて預言して汝の食物を得よ
13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, efisɛ ha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
然どベテルにては重ねて預言すべからず 是は王の聖所王の宮なればなり
14 Amos buaa Amasia se, “Mennyɛ odiyifo anaa odiyifo bi ba, na na meyɛ oguanhwɛfo a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so.
アモス對へてアマジヤに言けるは我は預言者にあらず また預言者の子にも非ず 我は牧者なり 桑の樹を作る者なりと
15 Nanso Awurade frɛɛ me fii nguan sohwɛ so, ka kyerɛɛ me se, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfo Israelfo.’
然るにヱホバ羊に從ふ所より我を取り往て我民イスラエルに預言せよとヱホバわれに宣へり
16 Na afei, tie Awurade asɛm. Woka se, “‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfo, na gyae asɛnka a wode tia Isakfifo no.’
今ヱホバの言を聽け 汝は言ふイスラエルにむかひて預言する勿れ イサクの家にむかひて言を出すなかれと
17 “Enti asɛm a Awurade ka ni: “‘Wo yere bɛbɔ aguaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmabarima ne wo mmabea bewuwu wɔ afoa ano. Wobesusuw wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wubewu wɔ abosonsomman mu, na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, wɔ akyirikyiri asase so.’”
是故にヱホバかく言たまふ 汝の妻は邑の中にて妓婦となり汝の男子女子は劍に斃れ汝の地は繩をもて分たれん 而して汝は穢れたる地に死にイスラエルは擄られゆきてその國を離れん

< Amos 7 >