< Amos 4 >

1 Muntie asɛm yi, mo Basan “anantwi” a mowɔ Bepɔw Samaria so, mo mmea a mohyɛ ahiafo so, na moka mmɔborɔfo hyɛ na moka kyerɛ mo kununom se, “Mommrɛ yɛn nsa!” 2 Otumfo Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam se, “Ampa ara bere no bɛba a wɔde nkaa bɛtwe mo akɔ; mo mu nea otwa to no, wɔde nsumnam darewa bɛtwe no. 3 Mo mu biara bepue akɔ, na mobɛfa ɔfasu mu ntokuru mu, na wɔbɛtow mo akyene Harmon fam,” sɛnea Awurade se ni. 4 “Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne na monkɔ Gilgal na monkɔyɛ bɔne ara. Momfa mo afɔrebɔde mmra anɔpa biara, na momfa mo ntotoso du du mmra mfe abiɛsa biara. 5 Monhyew mmɔkaw brodo sɛ aseda afɔre; Momfa ayɛyɛde a efi mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfo, na eyi ne nea mopɛ sɛ moyɛ,” sɛnea Otumfo Awurade se ni. 6 “Memaa ɔyafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduan ho yɛɛ den wɔ nkurow so, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni. 7 “Mesan de osu kamee mo, bere a aka asram abiɛsa na otwabere no adu. Memaa osu tɔɔ wɔ kurow baako so na mamma antɔ wɔ kurow foforo so. Afuw baako nyaa osu afuw foforo annya bi na hyewee. 8 Nnipa totɔɔ ntintan kyinii nkurow so pɛɛ nsu nanso wɔannya dodow a ɛbɛso wɔn nom, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni. 9 “Mpɛn pii no mede nnɔbae yare ba mo mfikyifuw ne mo bobefuw so. Mmoadabi sɛee mo borɔdɔma ne mo ngonnua, nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni. 10 “Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛnea mede yɛɛ Misraimfo no, mede afoa kunkum mo mmerante ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum mede mo nsra mu hua a ɛbɔn hyɛn mo hwene mu, nanso, monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni. 11 “Mituu mo mu bi guu sɛnea metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu. Nanso monnsan mmaa me nkyɛn ɛ,” sɛnea Awurade se ni. 12 “Enti afei, Israel, nea mede bɛyɛ wo ni, na esiane sɛ mede eyi bɛyɛ wo nti, siesie wo ho, Israel. Hyia wo Nyankopɔn.” 13 Nea ɔyɛ mmepɔw na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, nea ɔma adekyee hann dan sum na ɔnantew asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo Awurade Nyankopɔn ne ne din.

< Amos 4 >