< Amos 1 >

1 Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no.
The wordes of Amos, who was among the heardmen at Tecoa, which he sawe vpon Israel, in the dayes of Vzziah king of Iudah, and in the dayes of Ieroboam the sonne of Ioash King of Israel, two yeere before the earthquake.
2 Ɔkae se, “Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw so na ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem; nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyew na Karmel atifi nso kisa.”
And he saide, The Lord shall roare from Zion, and vtter his voyce from Ierusalem, and the dwelling places of the shepheards shall perish, and the top of Carmel shall wither,
3 Nea Awurade se ni: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno nti, merennan mʼabufuw. Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade se dwerɛw Gilead.
Thus saith the Lord, For three transgressions of Damascus, and for foure I will not turne to it, because they haue threshed Gilead with threshing instruments of yron.
4 Mede ogya bɛto Hasael fi na ahyew Ben-Hadad aban no.
Therefore will I sende a fire into the house of Hazael, and it shall deuoure the palaces of Ben-hadad.
5 Mebubu Damasko apon, na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu no ne nea okura ahempema wɔ Bet Eden no. Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,” sɛnea Awurade se ni.
I will breake also the barres of Damascus, and cut off the inhabitant of Bikeath-auen: and him that holdeth the scepter out of Beth-eden, and the people of Aram shall goe into captiuitie vnto Kir, sayth the Lord.
6 Nea Awurade se ni: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo.
Thus sayth the Lord, For three transgressions of Azzah, and for foure, I will not turne to it, because they caried away prisoners the whole captiuitie to shut them vp in Edom.
7 Mede ogya bɛto Gasa afasu mu, na ahyew nʼaban no.
Therefore will I sende a fire vpon the walles of Azzah, and it shall deuoure the palaces thereof.
8 Mɛsɛe Asdod hene no ne nea okura ahempema wɔ Askelon no. Mɛdan me nsa atia Ekron, kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
And I will cut off the inhabitant from Ashdod, and him that holdeth the scepter from Ashkelon, and turne mine hande to Ekron, and the remnant of the Philistims shall perish, sayth the Lord God.
9 Nea Awurade se ni: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔfaa ɔmanmu no nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo, a wankae onuadɔ apam.
Thus sayth the Lord, For three transgressions of Tyrus, and for foure, I will not turne to it, because they shut the whole captiuitie in Edom, and haue not remembred the brotherly couenant.
10 Mede ogya bɛto Tiro afasu no mu, na ahyew nʼaban.”
Therefore wil I send a fire vpon ye walles of Tyrus, and it shall deuoure the palaces thereof.
11 Nea Awurade se ni: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa taataa ne nua, a wannya ayamhyehye biara. Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii, na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano.
Thus sayeth the Lord, For three transgressions of Edom, and for foure, I will not turne to it, because hee did pursue his brother with the sworde, and did cast off all pitie, and his anger spoyled him euermore, and his wrath watched him alway.
12 Mede ogya bɛto Teman mu, na ahyew Bosra aban.”
Therefore will I send a fire vpon Teman, and it shall deuoure the palaces of Bozrah.
13 Sɛnea Awurade se ni: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu de trɛw nʼahye mu.
Thus sayth ye Lord, For three transgressions of the children of Ammon, and for foure, I will not turne to it, because they haue ript vp the women with child of Gilead, that they might enlarge their border.
14 Mede ogya bɛto Raba afasu mu na ahyew nʼaban wɔ ɔko da mu nteɛteɛmu ne ahum da mfɛtɛ mu.
Therefore will I kindle a fire in the wall of Rabbah, and it shall deuoure the palaces thereof, with shouting in the day of battell, and with a tempest in the day of the whirlewinde.
15 Na ne hene ne mmapɔmma bɛbɔ mu akɔ nnommum mu,” sɛnea Awurade se ni.
And their King shall go into captiuitie, he and his princes together, saith the Lord.

< Amos 1 >