< 2 Samuel 22 >
1 Bere a Awurade gyee Dawid fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
2 Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu ni: “Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;
Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie: “Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;
3 me Nyankopɔn yɛ me botan; ne mu na minya guankɔbea. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagye mu ahoɔden, mʼabandennen, mʼagyenkwa, nea ogye me fi basabasayɛ mu.
me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagyeɛ mu ahoɔden ne me banbɔeɛ, mʼabantenten, mʼagyenkwa, deɛ ɔgye me firi basabasayɛ mu.
4 “Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no, efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.
“Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ, ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.
5 Owu asorɔkye twaa me ho hyiae; ɔsɛe yiri faa me so.
Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ; ɔsɛeɛ yiri faa me so.
6 Ɔda mu hama kyekyeree me; mihyiaa owu mfiri. (Sheol )
Damena nhoma kyekyeree me; owuo ankasa too me anihaa. (Sheol )
7 “Na mʼamanehunu mu no, misu frɛɛ Awurade. Yiw, mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne fii ne kronkronbea. Me sufrɛ duu nʼasom.
“Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade. Aane, mefrɛɛ me Onyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne firii ne kronkronbea. Me sufrɛ duruu nʼasom.
8 Na asase wosowee na ehinhimii; ɔsoro fapem wosowee; wɔwosowee, nʼabufuw nti.
Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ; ɔsoro fapem wosoeɛ; wɔwosoeɛ, nʼabufuo enti.
9 Wusiw fii ne hwene mu; ogyaframa fii nʼanom; na nnyansramma dɛw fii mu.
Wisie firii ne hwene mu; ogyaframa firii nʼanom; na egyasramma dɛre firii mu.
10 Ofii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu nʼanan ase.
Ɔfirii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu ne nan ase.
11 Ɔte kerubim so tui; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
Ɔte Kerubim so tuiɛ; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
12 Ɔde sum kataa ne ho hyiae, ɔde osu mununkum dii nʼanim kan.
Ɔde sum kataa ne ho hyiaeɛ, ɔde osuo omununkum dii nʼanim ɛkan.
13 Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim, na anyinam pa fii mu.
Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim, na anyinam pa firi mu.
14 Awurade bobɔɔ mu fi ɔsoro; Ɔsorosoroni no teɛɛ mu dennen.
Awurade bobɔɔ mu firi soro; Ɔsorosoroni no teaam denden.
15 Ɔtow nʼagyan maa nʼatamfo hwetee; anyinam twa ma wɔyɛɛ basaa.
Ɔtoo nʼagyan maa nʼatamfoɔ hweteeɛ; anyinam dwaeɛ ma wɔyɛɛ basaa.
16 Awurade kasae, na wiase nnyinaso no nyinaa daa hɔ. Wotumi huu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ.
Awurade kasaeɛ, na ewiase nnyinasoɔ no nyinaa daa hɔ. Wɔtumi hunuu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ.
17 “Ofi ɔsoro baa fam besoo me mu; ɔtwee me fii asu a emu dɔ mu.
“Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu.
18 Ogyee me fii mʼatamfo a wɔyɛ den nsam, atamfo a wokyi me na wɔn ho yɛ den pa ara sen me.
Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam, atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me.
19 Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da, nanso Awurade pagyaw me.
Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me.
20 Ɔde me baa baabi a bammɔ wɔ; ogyee me, efisɛ nʼani kum me ho.
Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho.
21 “Awurade atua me papayɛ so ka; me bem a midi no, wahyɛ me anan mu.
“Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka.
22 Efisɛ manantew Awurade akwan so; mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
Ɛfiri sɛ, manante Awurade akwan so; Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
23 Ne mmara nyinaa gu mʼanim; mentwee me ho mfii ne nhyehyɛe ho.
Ne mmara nyinaa gu mʼanim; mentwee me ho mfirii ne nhyehyɛeɛ ho.
24 Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim; matwe me ho afi bɔne ho.
Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim; matwe me ho afiri bɔne ho.
25 Awurade tuaa me papayɛ so ka, efisɛ minni fɔ wɔ nʼanim.
Awurade tuaa me papayɛ so ka, ɛfiri sɛ menni fɔ wɔ nʼanim.
26 “Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware, wɔn a wodi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
27 Wuyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni, nanso amumɔyɛfo de wukyi wɔn.
Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wokyiri wɔn.
28 Wugye ahobrɛasefo, nanso wʼani kɔ ahantanfo so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.
Wogye ahobrɛasefoɔ, nanso wʼani kɔ ahantanfoɔ so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.
29 Wo Awurade, woyɛ me kanea. Yiw, Awurade woma me sum dan hann.
Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, Awurade woma me sum dane hann.
30 Wʼahoɔden mu, metumi aka asraafokuw agu; me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.
Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo.
31 “Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ nkatabo ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.
“Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.
32 Hena ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hena ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Nyankopɔn?
Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hwan ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn?
33 Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den; wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.
Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den; wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.
34 Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de; Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ; Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
35 Osiesie me ma ɔko; na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.
Ɔsiesie me ma ɔko; na mʼabasa tumi kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.
36 Woama me wo nkwagye kyɛm. Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛse.
Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm. Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛseɛ.
37 Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan sɛnea me nkotodwe rengurow.
Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan sɛdeɛ ɛrenwatiri.
38 “Metaa mʼatamfo sɛee wɔn; mannyina kosii sɛ wodii nkogu.
“Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn; mannyina kɔsii sɛ wɔdii nkoguo.
39 Meyam wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre; wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.
Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre; wɔhwehwee ase wɔ me nan ase.
40 Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko; woaka mʼatamfo ahyɛ mʼanan ase.
Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko; woaka mʼatamfoɔ ahyɛ me nan ase.
41 Womaa wɔdan wɔn ani guanee, na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.
Womaa wɔdanee wɔn ani dwaneeɛ, na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.
42 Wosu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn. Wosu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.
Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn. Wɔsu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.
43 Meyam wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfutuma; mepraa wɔn guu suka mu sɛ wura.
Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo; mepraa wɔn guu nsuka mu sɛ wira.
44 “Womaa me nkonimdi wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifo; na nnipa a minnim wɔn som me.
“Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifoɔ; na nnipa a mennim wɔn som me.
45 Ananafo brɛ wɔn ho ase ma me; wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.
Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me; wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.
46 Wɔn nyinaa bɔ huboa, na wɔde ahopopo fi wɔn nsraban mu ba.
Wɔn nyinaa bɔ huboa, na wɔde ahopopoɔ firi wɔn nsraban mu ba.
47 “Awurade te ase! Ayeyi nka me botan, ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagye botan so.
“Awurade te ase! Ayɛyi nka me botan, ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan so.
48 Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔhaw me so were; ɔka amanaman no hyɛ mʼase
Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔha me so awere; ɔka amanaman no hyɛ mʼase
49 na ogye me fi mʼatamfo nsam. Wode me si baabi a mʼatamfo nnu, wugye me fi atutuwpɛfo a wotia me nsam.
na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam. Wode me si baabi a mʼatamfoɔ nnuru, wogye me firi atutupɛfoɔ a wɔtia me nsam.
50 Awurade eyi nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade. Mɛto ayeyi dwom ama wo din.
Ao Awurade yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa; na mɛto ayɛyie nnwom ama wo edin.
51 “Wode nkonimdi akɛse ama wo hene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.”
“Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ deɛ woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefoɔ afebɔɔ.”