< 2 Samuel 18 >

1 Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakofo anim.
爰にダビデ己とともにある民を核べて其上に千夫の長百夫の長を立たり
2 Yoab na na otua wɔn mu nkyemu abiɛsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na na otua nkyemu abiɛsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyemu abiɛsa mu baako a aka no, Gatni Itai na na otua ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Me ne mo na ɛrekɔ.”
しかしてダビデ民を三に分ちて其一をヨアブの手に託け一をゼルヤの子ヨアブの兄弟アビシヤイの手に託け一をガテ人イツタイの手に託けたりかくして王民にいひけるは我もまた必ず汝らとともに出んと
3 Nanso ne mmarima no tiaa mu denneennen se, “Ɛnsɛ se wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae, na yeguan, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennu Absalom asraafo no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu mpem du, enti eye sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.”
されど民いふ汝は出べからず我儕如何に逃るとも彼等は我儕に心をとめじ又我儕半死とも我儕に心をとめざるべしされど汝は我儕の一萬に等し故に汝は城邑の中より我儕を助けなば善し
4 Ɔhene penee so se, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa de a, mate.” Enti okogyinaa kurow no pon ano, bere a asraafo no rekɔ no.
王かれらにいひけるは汝等の目に善と見ゆるところを爲すべしとかくて王門の傍に立ち民皆或は百人或は千人となりて出づ
5 Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai se, “Me nti mo ne abofra Absalom nni no bɔkɔɔ.” Na asraafo no nyinaa tee saa ɔhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no.
王ヨアブ、アビシヤイおよびイツタイに命じてわがために少年アブサロムを寛に待へよといふ王のアブサロムの事について諸の將官に命を下せる時民皆聞り
6 Enti ɔko no fii ase wɔ Efraim kwae mu.
爰に民イスラエルにむかひて野に出でエフライムの叢林に戰ひしが
7 Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel asraafo no pasaa. Ɛyɛ afoa ano kum, na da no, mmarima mpem aduonu na wɔhweree wɔn nkwa.
イスラエルの民其處にてダビデの臣僕のまへに敗る其日彼處の戰死大にして二萬にいたれり
8 Ɔko no didi kɔɔ nkurow so, na esiane kwae no nti, nnipa pii wuwu sen wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no.
しかして戰徧く其地の表に廣がりぬ是日叢林の滅ぼせる者は刀劒の滅ぼせる者よりも多かりき
9 Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ oguan wɔ nʼafurumpɔnkɔ so, nanso oguan kɔfaa ɔdɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafurumpɔnkɔ no de, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ogyaw no hɔ a, ɔsensɛn ɔdɔtɔ no mu a ɔretow donko wɔ wim.
爰にアブサロム、ダビデの臣僕に行き遭り時にアブサロム騾馬に乗居たりしが騾馬大なる橡樹の繁き枝の下を過ければアブサロムの頭其橡に繋りて彼天地のあひだにあがれり騾馬はかれの下より行過たり
10 Dawid mmarima no baako huu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab se, “Mihuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ ɔdɔtɔ mu.”
一箇の人見てヨアブに告ていひけるは我アブサロムが橡樹に懸りをるを見たりと
11 Yoab bisae se, “Asɛm pa ara? Wuhuu no na woankum no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan ne akokoduru nkyekyeremu sɛ siade.”
ヨアブ其告たる人にいひけるはさらば爾見て何故に彼を其處にて地に撃落さざりしや我爾に銀十枚と一本の帶を與へんものを
12 Ɔbarima no buae se, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai se, ‘Me nti, obiara nnyɛ aberante Absalom bɔne.’
其人ヨアブにいひけるは假令わが手に銀千枚を受べきも我は手をいだして王の子に敵せじ其は王我儕の聞るまへにて爾とアビシヤイとイツタイに命じて爾ら各少年アブサロムを害するなかれといひたまひたればなり
13 Na sɛ mibu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka nea ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ nea ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wubeyi me ama.”
我若し反いてかれの生命を戕賊はば何事も王に隱るる所なければ爾自ら立て我を責んと
14 Yoab kae se, “Merentwentwɛn me nan ase mma wo wɔ eyi ho.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ abiɛsa de wowɔɔ Absalom koma mu bere a na ɔsensɛn odum no so a na onwui no.
時にヨアブ我かく爾とともに滞るべからずといひて手に三本の槍を携へゆきて彼の橡樹の中に尚生をるアブサロムの胸に之を衝通せり
15 Yoab akodekurafo no mu mmerante du twaa Absalom ho hyiae, na wokum no.
ヨアブの武器を執る十人の少者繞きてアブサロムを撃ち之を死しめたり
16 Na Yoab hyɛn torobɛnto, maa asraafo no gyaee Israel taa.
かくてヨアブ喇叭を吹ければ民イスラエルの後を追ふことを息てかへれりヨアブ民を止めたればなり
17 Wɔfaa Absalom amu no tow kyenee amoa donkudonku bi mu wɔ kwae mu hɔ, na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfo no nyinaa guan kɔɔ wɔn afi.
衆アブサロムを將て叢林の中なる大なる穴に投げいれ其上に甚だ大きく石を疊あげたり是においてイスラエル皆おのおの其天幕に逃かへれり
18 Bere a Absalom te ase no, osii nkaedum bi wɔ ɔhene bon mu de kaee ɔno ara ne ho, efisɛ ɔdwenee se, “Minni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkae ade biara de akae me din.” Ɔde nkaedum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaedum de besi nnɛ.
アブサロム我はわが名を傳ふべき子なしと言て其生る間に己のために一の表柱を建たり王の谷にあり彼おのれの名を其表柱に與たり其表柱今日にいたるまでアブサロムの碑と稱らる
19 Na Sadok babarima Ahimaas kae se, “Momma mintu mmirika nkɔbɔ ɔhene amanneɛ sɛ, Awurade ayi no afi atamfo nsam.”
爰にザドクの子アヒマアズいひけるは請ふ我をして趨りて王にヱホバの王をまもりて其敵の手を免かれしめたまひし音信を傳へしめよと
20 Na Yoab nso ka kyerɛɛ no se, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wubetumi akɔbɔ saa amanneɛ no da foforo bi, na ɛnyɛ nnɛ.”
ヨアブかれにいひけるは汝は今日音信を傳ふるものとなるべからず他日に音信を傳ふべし今日は王の子死たれば汝音信を傳ふべからず
21 Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi se, “Kɔ na kɔka nea woahu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na otuu mmirika kɔe.
ヨアブ、クシ人にいひけるは往て爾が見たる所を王に告よクシ人ヨアブに禮をなして走れり
22 Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab se, “Nea ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ.” Nanso Yoab bisaa no se, “Me ba, adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ? Wunni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔde biara.”
ザドクの子アヒマアズ再びヨアブにいひけるは請ふ何にもあれ我をも亦クシ人の後より走ゆかしめよヨアブいひけるは我子よ爾は充分の音信を持ざるに何故に走りゆかんとするや
23 Ɔkae se, “Mepene so, nanso ma menkɔ.” Enti Yoab ka kyerɛɛ no se, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tataw no so kɔ kotwaa Kusni no ho.
かれいふ何れにもあれ我をして走りゆかしめよとヨアブかれにいふ走るべし是においてアヒマアズ低地の路をはしりてクシ人を走越たり
24 Bere a Dawid te kurow no pon ano no, ne wɛmfo no kɔɔ kurow no pon no atifi wɔ ɔfasu no so. Ɔtoo nʼani no, ohuu sɛ obi de mmirika reba.
時にダビデは二の門の間に坐しゐたり爰に守望者門の蓋上にのぼり石墻にのぼりて其目を擧て見るに視よ獨一人にて走きたる者あり
25 Ɔwɛmfo no teɛɛ mu ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buae se, “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam de a, ebia, na ɔde asɛm pa nam.” Bere a ɔsomafo no rebɛn no,
守望者呼はりて王に告ければ王いふ若し獨ならば口に音信を持つならんと其人進み來りて近づけり
26 ɔwɛmfo no huu sɛ ɔbarima foforo nso di so reba, na ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ onipa foforo bi de mmirika reba!” Ɔhene no kae se, “Ebia na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.”
守望者復一人の走りきたるを見しかば守望者守門者に呼はりて言ふ獨一人にて走きたる者あり王いふ其人もまた音信を持ものなり
27 Ɔwɛmfo no kae se, “Ɔbarima a odi kan no sɛ Sadok babarima Ahimaas.” Ɔhene no kae se, “Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam.”
守望者言ふ我先者の走を見るにザドクの子アヒマアズの走るが如しと王いひけるは彼は善人なり善き音信を持來るならん
28 Na Ahimaas teɛɛ mu, frɛɛ ɔhene no se, “Biribiara ye!” Ɔkotow wɔ ɔhene no anim, de nʼanim butuw fam kae se, “Anuonyam nka Awurade, wo Nyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ adɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa.”
アヒマアズ呼はりて王にいひけるはねがはくは平安なれとかくて王のまへに地に伏していふ爾の神ヱホバは讃べきかなヱホバかの手をあげて王わが主に敵したる人々を付したまへり
29 Ɔhene bisae se, “Na aberante, Absalom ho ye ana?” Ahimaas buae se, “Bere a Yoab yɛɛ nʼadwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔsoma ɔhene somfo ne me wo somfo no, mihuu sɛ nneɛma ayɛ basaa a na minhu mu yiye.”
王いひけるは少年アブサロムは平安なるやアヒマアズこたへけるは王の僕ヨアブ僕を遣はせし時我大なる噪を見たれども何をも知らざるなり
30 Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Gyina nkyɛn ha na twɛn.” Enti ogyinaa nkyɛn twɛnee.
王いひけるは側にいたりて其處に立よと乃ち側にいたりて立つ
31 Na Kusni no bedu kae se, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Nnɛ, Awurade ayi wo afi wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”
時に視よクシ人來れりクシ人いひけるはねがはくは王音信を受たまへヱホバ今日爾をまもりて凡て爾にたち逆ふ者の手を免かれしめたまへり
32 Na ɔhene bisaa Kusni no se, “Na aberante Absalom ho te dɛn?” Kusni no buae se, “Me wura ɔhene, atamfo nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhu amane sɛ saa aberante no.”
王クシ人にいひけるは少年アブサロムは平安なるやクシ人いひけるはねがはくは王わが主の敵および凡て汝に起ち逆ひて害をなさんとする者は彼少年のごとくなれと
33 Ɔhene ho wosowee. Ɔfaa ɔkwan ano pon no mu kɔɔ ne dan mu kosui, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkae se, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka minwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”
王大に感み門の樓にのぼりて哭り彼行ながらかくいへりわが子アブサロムよわが子わが子アブサロムよ鳴呼われ汝に代りて死たらん者をアブサロムわが子よわが子よ

< 2 Samuel 18 >