< 2 Ahemfo 20 >

1 Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”
In those days was Hezekiah sick to death. Isaiah the prophet the son of Amoz came to him, and said to him, "Thus says the LORD, 'Set your house in order; for you shall die, and not live.'"
2 Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se,
Then he turned his face to the wall, and prayed to the LORD, saying,
3 “Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.
"Remember now, LORD, I beg you, how I have walked before you in truth and with a perfect heart, and have done that which is good in your sight." Hezekiah wept bitterly.
4 Na ansa na Yesaia befi adiwo no mfimfini no, Awurade de asɛm yi besii ne so se,
It happened, before Isaiah had gone out of the middle court, that the word of the LORD came to him, saying,
5 “San kɔ Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfo kannifo no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Nyankopɔn se: Mate wo mpaebɔ no, ahu wo nusu no. Mɛsa wo yare, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afi mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu.
"Turn back, and tell Hezekiah the prince of my people, 'Thus says the LORD, the God of David your father, "I have heard your prayer. I have seen your tears. Look, I will heal you. On the third day, you shall go up to the house of the LORD.
6 Mede mfe dunum bɛka wo mfe ho, na megye wo ne saa kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Me somfo Dawid nti, mɛyɛ eyi de agye mʼanuonyam.’”
I will add to your days fifteen years. I will deliver you and this city out of the hand of the king of Assyria. I will defend this city for my own sake, and for my servant David's sake."'"
7 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia asomfo no se, “Momfa borɔdɔma nyɛ ngo, na momfa nsrasra pɔmpɔ no so.” Wɔyɛɛ saa, na Hesekia nyaa ahoɔden.
Isaiah said, "Take a cake of figs." They took and laid it on the boil, and he recovered.
8 Ansa na ɔrebenya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia se, “Nsɛnkyerɛnne bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yare, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?”
Hezekiah said to Isaiah, "What shall be the sign that the LORD will heal me, and that I shall go up to the house of the LORD the third day?"
9 Yesaia buae se, “Eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ akyerɛ wo sɛ obedi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sɛ sunsuma no kɔ nʼanim anammɔntu du anaa ɛsan nʼakyi anammɔntu du?”
Isaiah said, "This shall be the sign to you from the LORD, that the LORD will do the thing that he has spoken: shall the shadow go forward ten steps, or go back ten steps?"
10 Hesekia buae se, “Honhom no kɔ nʼanim bere biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.”
Hezekiah answered, "It is a light thing for the shadow to go forward ten steps. Nay, but let the shadow return backward ten steps."
11 Enti Yesaia srɛɛ Awurade sɛ ɔnyɛ eyi, na ɔmaa sunsuma no tetew san nʼakyi anammɔntu du wɔ Ahas atrapoe no so.
Isaiah the prophet cried to the LORD; and he brought the shadow ten steps backward, by which it had gone down on the dial of Ahaz.
12 Saa bere yi mu na Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛde, efisɛ na wate sɛ ɔyare dennen bi bɔɔ Hesekia.
At that time Marduk-Baladan the son of Baladan, king of Babylon, sent letters and a present to Hezekiah, for he had heard that Hezekiah had been sick, and had recovered.
13 Hesekia gyee Babilonia ananmusifo yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam ne ngo a ɛyɛ huam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, san kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfi hɔ anaa nʼaheman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn.
Hezekiah was delighted at this, and showed them all the house of his precious things, the silver, and the gold, and the spices, and the precious oil, and the house of his armor, and all that was found in his treasures: there was nothing in his house, nor in all his dominion, that Hezekiah did not show them.
14 Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?” Hesekia buae se, “Wofi akyirikyiri asase bi so. Wofi Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”
Then Isaiah the prophet came to king Hezekiah, and said to him, "What did these men say? From where did they come to you?" Hezekiah said, "They have come from a far country, even from Babylon."
15 Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?” Hesekia buae se, “Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”
He said, "What have they seen in your house?" Hezekiah answered, "They have seen all that is in my house. There is nothing among my treasures that I have not shown them."
16 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, “Tie saa asɛm a efi Awurade nkyɛn yi:
Isaiah said to Hezekiah, "Hear the word of the LORD.
17 Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na Awurade se.
'Look, the days come, that all that is in your house, and that which your fathers have laid up in store to this day, shall be carried to Babylon. Nothing shall be left,' says the LORD.
18 Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfi.”
'Of your sons who shall issue from you, whom you shall father, shall they take away; and they shall be eunuchs in the palace of the king of Babylon.'"
19 Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia se, “Saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso na ɔhene no redwene sɛ, ne bere so de, obenya asomdwoe ne bammɔ.
Then Hezekiah said to Isaiah, "The word of the LORD which you have spoken is good." He said moreover, "Isn't it so, if peace and truth shall be in my days?"
20 Nsɛm a esisii Hesekia ahenni mu nkae no a ne tumidi ka ho, ne sɛnea ɔyɛɛ subun, twaa suka maa nsu baa kurow no mu no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
Now the rest of the acts of Hezekiah, and all his might, and how he made the pool, and the conduit, and brought water into the city, aren't they written in the book of the chronicles of the kings of Judah?
21 Bere a Hesekia wui no, ne babarima Manase na odii nʼade sɛ ɔhene.
Hezekiah slept with his fathers; and Manasseh his son reigned in his place.

< 2 Ahemfo 20 >