< 2 Beresosɛm 4 >

1 Salomo san yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne sorokɔ yɛ anammɔn dunum.
ויעש מזבח נחשת עשרים אמה ארכו ועשרים אמה רחבו ועשר אמות קומתו׃
2 Afei, ɔyɛɛ nsukorade kɛse kurukuruwa bi a efi ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no din Po. Na emu dɔ yɛ anammɔn ason ne fa, na ne dantaban yɛ anammɔn aduanan anum.
ויעש את הים מוצק עשר באמה משפתו אל שפתו עגול סביב וחמש באמה קומתו וקו שלשים באמה יסב אתו סביב׃
3 Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no.
ודמות בקרים תחת לו סביב סביב סובבים אתו עשר באמה מקיפים את הים סביב שנים טורים הבקר יצוקים במצקתו׃
4 Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam.
עומד על שנים עשר בקר שלשה פנים צפונה ושלושה פנים ימה ושלשה פנים נגבה ושלשה פנים מזרחה והים עליהם מלמעלה וכל אחריהם ביתה׃
5 Po no afasu mu piw yɛ bɛyɛ nsateaa abiɛsa, na nʼano no trɛw te sɛ kuruwa a ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Po no tumi kora nsu gyare mpem dunsia ne ahannum.
ועביו טפח ושפתו כמעשה שפת כוס פרח שושנה מחזיק בתים שלשת אלפים יכיל׃
6 Ɔyɛɛ guasɛn du a wɔkora nsu a wɔde hohoro afɔrebɔde ho. Na emu anum wɔ Po no anafo fam na anum wɔ atifi fam. Asɔfo no de, na Po no ankasa mu nsu na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa guasɛn no mu nsu no bi.
ויעש כיורים עשרה ויתן חמשה מימין וחמשה משמאול לרחצה בהם את מעשה העולה ידיחו בם והים לרחצה לכהנים בו׃
7 Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akaneadua du, sɛnea wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisi bɛn anafo fam ɔfasu, na wɔde mu anum a aka no nso sisi bɛn atifi fam ɔfasu no.
ויעש את מנרות הזהב עשר כמשפטם ויתן בהיכל חמש מימין וחמש משמאול׃
8 Afei, ɔyɛɛ apon du de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisii anafo fam ɔfasu no anim, na wɔde mu anum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasu no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ guasɛn ɔha.
ויעש שלחנות עשרה וינח בהיכל חמשה מימין וחמשה משמאול ויעש מזרקי זהב מאה׃
9 Salomo sii adiwo maa asɔfo no, san sii adiwo kɛse bi wɔ Asɔredan no mfikyiri. Ɔyɛɛ apon totoo adiwo akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafrae duraa ho.
ויעש חצר הכהנים והעזרה הגדולה ודלתות לעזרה ודלתותיהם צפה נחשת׃
10 Wɔde Po no sii anafo fam ne apuei fam afasu ahyiae no twɔtwɔw so hɔ.
ואת הים נתן מכתף הימנית קדמה ממול נגבה׃
11 Huram-Abi yɛɛ nkuku, nsofi ne guasɛn a ɛho hia nyinaa. Nea ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa no, ɔyɛe.
ויעש חורם את הסירות ואת היעים ואת המזרקות ויכל חירם לעשות את המלאכה אשר עשה למלך שלמה בבית האלהים׃
12 Afadum abien, afadumti a wɔayɛ no sɛ asuhina abien a esisi afadum no atifi, ntweaban a wɔayɛ no sɛ atena abien a wɔde asiesie afadumti no,
עמודים שנים והגלות והכתרות על ראש העמודים שתים והשבכות שתים לכסות את שתי גלות הכתרות אשר על ראש העמודים׃
13 ne atoaa nsɛso ahannan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu ntaaso no so (atoaa a wɔahyehyɛ no ntenten so abien a biara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn ntaaso a egu afadum no atifi no so no).
ואת הרמונים ארבע מאות לשתי השבכות שנים טורים רמונים לשבכה האחת לכסות את שתי גלות הכתרות אשר על פני העמודים׃
14 Ɔyɛɛ nsu nteaseɛnam a guasɛn no sisi so,
ואת המכנות עשה ואת הכירות עשה על המכנות׃
15 Po no ne anantwi sɛso dumien a wɔhyɛ ase,
את הים אחד ואת הבקר שנים עשר תחתיו׃
16 nkuku, nsofi, nam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa. Huram-Abi de kɔbere mfrafrae a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa Awurade Asɔredan no, sɛnea Ɔhene Salomo hyɛɛ no no.
ואת הסירות ואת היעים ואת המזלגות ואת כל כליהם עשה חורם אביו למלך שלמה לבית יהוה נחשת מרוק׃
17 Ɔhene no ma woguu no wɔ kankua a na ɛwɔ Yordan tataw a na ɛwɔ Sukot ne Sereda ntam no so.
בככר הירדן יצקם המלך בעבי האדמה בין סכות ובין צרדתה׃
18 Kɔbere mfrafrae a wɔde dii dwuma no dodow nti, wɔantumi anhu emu duru ano.
ויעש שלמה כל הכלים האלה לרב מאד כי לא נחקר משקל הנחשת׃
19 Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: sikakɔkɔɔ afɔremuka; apon a wɔde Daa Daa Brodo gu so;
ויעש שלמה את כל הכלים אשר בית האלהים ואת מזבח הזהב ואת השלחנות ועליהם לחם הפנים׃
20 kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛnea wɔakyerɛ no;
ואת המנרות ונרתיהם לבערם כמשפט לפני הדביר זהב סגור׃
21 nhwiren a wɔde siesie, akanea ne adabaw a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛɛ ne nyinaa;
והפרח והנרות והמלקחים זהב הוא מכלות זהב׃
22 akanea adabaw, guasɛn, nyowa ne nkankyee a wɔnoa mu, ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ ankasa; apon a wosisii wɔ ɔkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne nea ɛkɔ Asɔredan no dan kɛse mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na eduraduraa ho nyinaa.
והמזמרות והמזרקות והכפות והמחתות זהב סגור ופתח הבית דלתותיו הפנימיות לקדש הקדשים ודלתי הבית להיכל זהב׃

< 2 Beresosɛm 4 >