< 2 Beresosɛm 32 >

1 Ɔhene Hesekia de nokwaredi wiee saa dwumadi yi, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Otuaa nkurow a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakofo sɛ wommubu wɔn afasu no, mmɔ nwura mu.
After these things and these acts of faithfulness, Sennacherib, king of Assyria, came and entered Judah. He camped to attack the fortified cities, which he intended to capture for himself.
2 Bere a Hesekia huu sɛ Sanaherib asan ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no,
When Hezekiah saw that Sennacherib had come and that he intended to fight against Jerusalem,
3 ɔne ne mpanyimfo ne nʼasraafo mu afotufo tuu agyina. Wosii gyinae sɛ wobesiw asu a ɛsen fa kuropɔn no akyi no kwan ma wɔboaa no.
he consulted with his leaders and his powerful men to stop up the waters of the springs that were outside the city; they helped him do so.
4 Wɔboaboaa adwumayɛfo ano sɛ wonkosi nsuti kwan na ansen ankɔ mfuw no mu. Na wɔkae se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abenya nsu bebree?”
So many people gathered together and stopped up all the springs and the stream that was flowing through the middle of the land. They said, “Why should the kings of Assyria come and find a lot of water?”
5 Afei, Hesekia miaa ne bammɔ mu, osiesiee ɔfasu no baabiara a abubu no, na ɔtoo ɔfasu foforo kaa nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Ɔsan miaa bammɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no mu. Afei ɔyɛɛ akode ne nkatabo bebree.
Hezekiah took courage and built up all the wall that was broken down. He built the towers higher, and also the other wall outside. He also strengthened the Millo in the city of David, and he made large amounts of weapons and shields.
6 Oyii asraafo mpanyimfo ma wɔhwɛɛ ɔmanfo no so, na ɔhyɛɛ sɛ wommehyia no wɔ kurow no pon ano aguabɔbea hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn se,
He placed military commanders over the people. He gathered them together to him in the broad place at the city gate and spoke encouragingly to them. He said,
7 “Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Munnsuro Asiriahene anaa nʼakofodɔm kɛse no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa.
“Be strong and of good courage. Do not be afraid or discouraged because of the king of Assyria and all the army that is with him, for someone is with us who is greater than those with him.
8 Ɛwɔ mu sɛ ɔwɔ asraafodɔm kɛse de, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn a ɔbɛboa yɛn adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kae yi hyɛɛ ɔmanfo no nkuran bebree.
With him is only an arm of flesh, but with us is Yahweh, our God, to help us, and to fight our battles.” Then the people comforted themselves with the words of Hezekiah, king of Judah.
9 Bere a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kurow no, ɔsomaa mpanyimfo kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa:
After this, Sennacherib, king of Assyria, sent his servants to Jerusalem (now he was in front of Lachish, and all his army was with him), to Hezekiah, king of Judah, and to all of Judah who were in Jerusalem. He said,
10 “Sɛnea Asiriahene Sanaherib se ni: Dɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susuw sɛ, mubetumi agyina Yerusalem anotua yi ano?
“This is what Sennacherib, king of Assyria, says: What are you relying on in order to endure a siege in Jerusalem?
11 Hesekia aka se: ‘Awurade, yɛn Nyankopɔn, begye yɛn afi Asiriahene nsam.’ Nokwarem, Hesekia regyigye mo ama ɔkɔm ne osukɔm akum mo!
Is not Hezekiah misleading you, that he may give you over to die by famine and by thirst, when he tells you, 'Yahweh our God will rescue us from the hand of the king of Assyria'?
12 Nokware, nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, Hesekia no ara na obubuu Awurade nsɔree so ne afɔremuka no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔre ahorow wɔ ɛno nko ara so.
Has not this same Hezekiah taken away his high places and his altars and commanded Judah and Jerusalem, 'On one altar you must worship, and on it you must burn your sacrifices'?
13 “Nokware, ɛsɛ sɛ muhu nea me ne Asiria ahemfo a wɔaka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfo fii me tumi ase ana?
Do you not know what I and my ancestors have done to all the peoples of the other lands? Were the gods of the peoples of the surrounding lands able in any way to rescue their land from my power?
14 Ma nhwɛso baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a otumi gyee ne nkurɔfo fii me nsam! Dɛn na ɛma wudwen sɛ, wo Nyankopɔn betumi ayɛ ade pa bi?
Among all the gods of those nations that my ancestors completely destroyed, was there any god who could rescue his people out of my hand? Why should your God be able to rescue you from my power?
15 Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Miti mu, ka bio se, ɔman biara anyame ntumi nnyee ne nkurɔfo mfii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Nyankopɔn agye mo afi me tumi ase!”
Now do not let Hezekiah deceive you or persuade you in this way. Do not believe him, for no god of any nation or kingdom has been able to rescue his people out of my hand, or out of the hand of my ancestors. How much less will your God rescue you from my hand?”
16 Na Sanaherib mpanyimfo kɔɔ so dii Awurade Nyankopɔn ne ne somfo Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa.
Sennacherib's servants spoke even more against Yahweh God and against his servant Hezekiah.
17 Ɔhene no san kyerɛw nkrataa de buu Awurade, Israel Nyankopɔn animtiaa. Ɔkyerɛw se: “Sɛnea anyame a wɔwɔ aman ahorow so antumi annye wɔn nkurɔfo amfi me tumi ase no, saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso bedi nkogu.”
Sennacherib also wrote letters in order to mock Yahweh, the God of Israel, and to speak against him. He said, “As the gods of the nations of the lands have not rescued their people out of my hand, so the God of Hezekiah will not rescue his people out of my hand.”
18 Asiria mpanyimfo a wɔde krataa no bae no teɛteɛɛ mu de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kurow no fasu fadansin no so, de hunahunaa wɔn, sɛnea wobetumi afa kuropɔn no a wɔremmrɛ ho.
They cried out in the language of the Jews to the people of Jerusalem who were on the wall, to frighten them and trouble them, in order that they might capture the city.
19 Saa mpanyimfo yi kasa faa Yerusalem Nyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfo anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛɛ no.
They spoke of the God of Jerusalem as they had spoken of the gods of the other peoples of the earth, which are merely the work of men's hands.
20 Ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifo Yesaia bɔɔ mpae dennen, frɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn no.
Hezekiah, the king, and Isaiah son of Amoz, the prophet, prayed because of this matter and he cried out to heaven.
21 Na Awurade somaa ɔbɔfo, bɛsɛee Asiria asraafodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanyimfo nyinaa. Na Sanaherib de aniwu san kɔɔ ne kurom. Na owuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmabarima no mu baako twee ne so afoa, kum no.
Yahweh sent an angel, who killed the fighting men, the commanders, and the officers of the king in the camp. So Sennacherib returned to his own land with shame on his face. When he had gone into the house of his god, some of his own children killed him there with the sword.
22 Saa ɔkwan yi na Awurade faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfo nkwa fii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wohunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti ɛmaa asomdwoe baa asase no so nyinaa.
In this way, Yahweh saved Hezekiah and the inhabitants of Jerusalem from the hand of Sennacherib, the king of Assyria, and from the hand of all others, and gave them rest on every side.
23 Efi saa bere no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obu ne nidi a enni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛde bebree a ɛyɛ Awurade dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso.
Many were bringing offerings to Yahweh in Jerusalem, and precious gifts to Hezekiah king of Judah, so that he was lifted up in the eyes of all nations from that time forward.
24 Bere no mu, Hesekia yaree owuyare. Ɔbɔɔ mpae frɛɛ Awurade ma ɔsaa no yare daa nsɛnkyerɛnne nwonwaso bi adi kyerɛɛ no.
In those days Hezekiah was sick to the point of dying. He prayed to Yahweh, who spoke to him and gave him a sign that he would be healed.
25 Nanso Hesekia anyɛ adɔe a wɔyɛ kyerɛɛ no no so ade, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti Awurade abufuw baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so.
But Hezekiah did not pay back Yahweh for the help given to him, for his heart was lifted up. So anger came on him, and on Judah and Jerusalem.
26 Enti Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno nti, Hesekia nkwanna mu no, Awurade abufuw amma wɔn so.
Nevertheless, Hezekiah later humbled himself for the pride of his heart, both he and the inhabitants of Jerusalem, so that Yahweh's anger did not come on them during Hezekiah's days.
27 Hesekia nyaa ne ho, na wobuu no yiye. Osisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔden abo, nnuhuam, ne nkatabo ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu.
Hezekiah had very many riches and much honor. He provided himself with storerooms for silver, gold, precious stones, and for spices, as well as for shields and for all kinds of valuable objects.
28 Ɔsan sisii adekoradan de nʼatoko, ne nsa ne ne ngo guu mu; osisii buw bebree maa nʼanantwi ne ne nguan ne ne mmirekyi.
He also had storehouses for the harvest of grain, new wine, and oil, and stalls for all kinds of animals. He also had flocks in their pens.
29 Ɔkyekyeree nkurow pii, pɛɛ nguan ne anantwi bebree, efisɛ na Onyankopɔn ama no ahonya bebree.
In addition, he provided himself with cities and possessions of flocks and herds in abundance, for God had given him very much wealth.
30 Osiw asuti a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsu no faa ɔdorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn no atɔe fam. Na biribiara a ɔyɛe no nso, ɛyɛɛ yiye.
It was this same Hezekiah who also stopped up the upper spring of the waters of Gihon, and who brought them straight down on the west side of the city of David. Hezekiah succeeded in all his projects.
31 Bere a Babilonia ananmusifo bebisaa nneɛma titiriw a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho fi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛe, pɛɛ sɛ ohu nea ɛwɔ ne koma mu.
However, in the matter of the ambassadors of the princes of Babylon, who sent to him to ask questions of those who knew, about the miraculous sign that had been done in the land, God left him to himself, in order to test him, and to know all that was in his heart.
32 Hesekia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama no, wɔakyerɛw wɔ Amos babarima odiyifo Yesaia anisoadehu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nhoma ho no mu.
As for the other matters concerning Hezekiah, including his actions of covenant loyalty, you can see that they are written in the vision of the prophet Isaiah son of Amoz, and in the book of the kings of Judah and Israel.
33 Bere a Hesekia wui no, wosiee no wɔ adehye amusiei no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no anuonyam wɔ ne wu mu. Na ne babarima Manase, dii nʼade sɛ ɔhene.
Hezekiah slept with his ancestors, and they buried him on the hill of the tombs of the descendants of David. All Judah and the inhabitants of Jerusalem honored him at his death. Manasseh his son became king in his place.

< 2 Beresosɛm 32 >