< 2 Beresosɛm 12 >

1 Rehoboam ahenni timii, na ɔyɛɛ den no, ɔne Israel nyinaa gyaw Awurade mmara.
ויהי כהכין מלכות רחבעם וכחזקתו עזב את תורת יהוה וכל ישראל עמו׃
2 Esiane sɛ na wonni Awurade nokware no nti, afe a ɛto so anum wɔ ɔhene Rehoboam adedi mu no, Misraimhene Sisak kɔtow hyɛɛ Yerusalem so.
ויהי בשנה החמישית למלך רחבעם עלה שישק מלך מצרים על ירושלם כי מעלו ביהוה׃
3 Ɔde nteaseɛnam apem ahannu, apɔnkɔsotefo mpem aduosia ne anammɔnmufo asraafo a wontumi nkan wɔn dodow a Libiafo, Sukifo ne Etiopiafo ka ho na wɔbae.
באלף ומאתים רכב ובששים אלף פרשים ואין מספר לעם אשר באו עמו ממצרים לובים סכיים וכושים׃
4 Sisak dii Yudafo nkurow a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na otu teɛɛ sɛ ɔrekɔtow ahyɛ Yerusalem so nso.
וילכד את ערי המצרות אשר ליהודה ויבא עד ירושלם׃
5 Odiyifo Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanyimfo a Sisak nti, wɔaguan aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Awurade se ni! Moagyaw me nti, me nso meregyaw mo ama Sisak.”
ושמעיה הנביא בא אל רחבעם ושרי יהודה אשר נאספו אל ירושלם מפני שישק ויאמר להם כה אמר יהוה אתם עזבתם אתי ואף אני עזבתי אתכם ביד שישק׃
6 Ɔhene no ne Israel mpanyimfo brɛɛ wɔn ho ase, kae se, “Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!”
ויכנעו שרי ישראל והמלך ויאמרו צדיק יהוה׃
7 Awurade huu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛ, mɛma wɔn ahomegye. Meremfa Sisak so nna mʼabufuw adi wɔ Yerusalem so.
ובראות יהוה כי נכנעו היה דבר יהוה אל שמעיה לאמר נכנעו לא אשחיתם ונתתי להם כמעט לפליטה ולא תתך חמתי בירושלם ביד שישק׃
8 Nanso wɔbɛyɛ nʼasomfo sɛnea ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sen sɛ wɔbɛsom wiase ahemfo.”
כי יהיו לו לעבדים וידעו עבודתי ועבודת ממלכות הארצות׃
9 Enti Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaw agyapade a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ nkatabo no nyinaa ka ho.
ויעל שישק מלך מצרים על ירושלם ויקח את אצרות בית יהוה ואת אצרות בית המלך את הכל לקח ויקח את מגני הזהב אשר עשה שלמה׃
10 Akyiri no, ɔhene Rehoboam de kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo nsa sɛ wɔnhwɛ so.
ויעש המלך רחבעם תחתיהם מגני נחשת והפקיד על יד שרי הרצים השמרים פתח בית המלך׃
11 Bere biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu.
ויהי מדי בוא המלך בית יהוה באו הרצים ונשאום והשבום אל תא הרצים׃
12 Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase nti, Awurade abufuw no fii ne so, nti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiyedi kɔɔ so wɔ Yuda asase so.
ובהכנעו שב ממנו אף יהוה ולא להשחית לכלה וגם ביהודה היה דברים טובים׃
13 Ɔhene Rehoboam timii wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii hene. Bere a odii ade no, na wadi mfirihyia aduanan baako. Na odii ade mfirihyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afi Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam na din de Naama a ofi Amon.
ויתחזק המלך רחבעם בירושלם וימלך כי בן ארבעים ואחת שנה רחבעם במלכו ושבע עשרה שנה מלך בירושלם העיר אשר בחר יהוה לשום את שמו שם מכל שבטי ישראל ושם אמו נעמה העמנית׃
14 Na ɔyɛ ɔhene bɔne, efisɛ wamfa ne koma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyi kwan.
ויעש הרע כי לא הכין לבו לדרוש את יהוה׃
15 Wɔankyerɛw Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no a efi mfiase kosi awiei no wɔ odiyifo Semaia nhoma ne nhumuni Ido nhoma a ɛyɛ awo ntoatoaso nhoma no fa bi mu ana? Bere biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam.
ודברי רחבעם הראשנים והאחרונים הלא הם כתובים בדברי שמעיה הנביא ועדו החזה להתיחש ומלחמות רחבעם וירבעם כל הימים׃
16 Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼade sɛ ɔhene.
וישכב רחבעם עם אבתיו ויקבר בעיר דויד וימלך אביה בנו תחתיו׃

< 2 Beresosɛm 12 >