< 1 Samuel 4 >

1 Saa bere no, na Israelfo ne Filistifo reko. Israelfo nsraadɔm kyeree nsraban wɔ Ebeneser, na Filistifo nso kyeree nsraban wɔ Afek.
U ono vrijeme skupiše Filistejci vojsku protiv Izraela. Izraelci iziđoše pred njih da se pobiju i utaboriše se kod Eben Haezera, dok su Filistejci udarili tabor kod Afeka.
2 Filistifo no tow hyɛɛ Israelfo nsraadɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wokum nnipa mpem anan.
Filistejci se svrstaše u bojni red protiv Izraela i nasta žestoka bitka. Izrael podleže Filistejcima: oko četiri tisuće ljudi pogibe na bojištu, na otvorenu polju.
3 Ɔko no baa awiei, na Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn nsraban mu hɔ no, Israel mpanyimfo no bisae se, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkogu nnɛ yi wɔ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfi Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ebegye yɛn afi yɛn atamfo nsam.”
Kad se narod vratio u tabor, rekoše starješine Izraelove: “Zašto je Jahve dopustio da nas Filistejci danas pobijede? Pođimo u Šilo po Kovčeg saveza Jahvina neka dođe u našu sredinu i spasi nas iz ruku naših neprijatelja.”
4 Enti nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Asafo Awurade a ɔte kerubim ntam Apam Adaka no bae. Saa bere no na Eli mmabarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho.
Narod posla ljude u Šilo i donesoše odande Kovčeg saveza Jahve nad vojskama, koji stoluje nad kerubinima; oba sina Elijeva, Hofni i Pinhas, dođoše kao pratioci Kovčega.
5 Bere a Israelfo no huu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosowee.
Kad je Kovčeg Jahvin stigao u tabor, sav Izrael podiže gromki poklik, od kojega odjeknu zemlja.
6 Filistifo no bisae se, “Dɛn na ɛrekɔ so yi? Dɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifo nsraban mu hɔ yi?” Wɔtee sɛ Awurade Apam Adaka no na abedu nsraban mu hɔ no,
Filistejci čuše taj gromki poklik i zapitaše: “Što znači taj gromki poklik u taboru Hebreja?” I shvatiše da je Kovčeg Jahvin stigao u njihov tabor.
7 wosuroe. Na wɔkae se, “Anyame no aba wɔn nsraban mu hɔ. Ɛno de, asɛm ato yɛn! Yenhyiaa asɛm a ɛte sɛɛ bi da.
Tada Filistejce obuze strah jer su govorili: “Bog je došao u tabor!” I povikaše: “Jao nama! Tako nije bilo dosad.
8 Hena na obegye yɛn afi saa Israel anyame atumfo yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu ɔyare ahorow nyinaa bi sɛee Misraimfo, bere a Israelfo wɔ sare so hɔ no.
Jao nama! Tko će nas izbaviti iz ruke toga silnog Boga? To je onaj koji je udario Egipat svakojakim nevoljama.
9 Monyere mo ho, Filistifo! Munnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifo no bɛfa mo nkoa sɛnea wɔyɛɛ yɛn nkoa no.”
Ohrabrite se i budite junaci, Filistejci, da ne postanete robovi Hebrejima kao što su oni bili robovi vama; budite junaci i borite se!”
10 Enti Filistifo no koe anibere so, dii Israelfo no so bio. Wɔn a wokunkum wɔn no dɔɔso. Israelfo mpem aduasa na wokunkum wɔn da no. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no guan kɔɔ wɔn ntamadan mu.
Tada Filistejci zametnuše bitku, Izraelci biše potučeni i pobjegoše svaki u svoj šator. Poraz je bio silan, jer je trideset tisuća pješaka poginulo na izraelskoj strani.
11 Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wokunkum Eli mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas.
I Kovčeg Božji bi otet, i oba sina Elijeva poginuše, Hofni i Pinhas.
12 Da no ara, ɔbarima bi fi Benyamin abusua mu guan fii akono hɔ beduu Silo. Na watetew ne ntade mu, de mfutuma ahura ne ti mu, de kyerɛ nʼawerɛhow.
Jedan Benjaminovac otrča iz bojnih redova i stiže u Šilo još istoga dana, razderanih haljina i glave posute prašinom.
13 Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, efisɛ na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfo no ba bɛkaa asɛm a asi no, wɔtee nteɛteɛmu bi wɔ kurow no mu nyinaa.
Kad je stigao, Eli je sjedio na svojoj stolici, pokraj vrata, pazeći na cestu, jer mu je srce strepilo za Kovčeg Božji. Taj dakle čovjek dođe da gradu donese glas, i nasta silna vika po svem gradu.
14 Eli bisae se, “Saa nteɛteɛmu yi ase ne dɛn?” Ɔbɔfo no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli,
Kad je Eli čuo viku, upita: “Kakva je to velika vika?” Čovjek se požuri i dođe da obavijesti Elija. -
15 a na wadi mfe aduɔkron awotwe na nʼani afura no nkyɛn.
A Eliju bijaše devedeset i osam godina, oči mu bijahu ukočene te ništa više nije vidio. -
16 Ɔka kyerɛɛ Eli se, “Mprempren ara na mifi akono hɔ bae. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.” Eli bisae se, “Na ekosii dɛn?”
Čovjek reče Eliju: “Dolazim s bojišta, danas sam utekao iz boja.” Tada starac zapita: “Što se dogodilo, sine?”
17 Ɔbɔfo no buae se, “Israelfo adi nkogu. Israel nsraadɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmabarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso awuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.”
Glasnik odgovori: “Izrael je pobjegao pred Filistejcima, bio je to težak poraz za narod i još su oba tvoja sina poginula i Kovčeg je Božji otet!”
18 Ɔbɔfo no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli fi akongua a ɔte so mu wɔ abɔntenpon ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu bui, efisɛ na wabɔ akwakoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirihyia aduanan.
Kad je spomenuo Kovčeg Božji, pade Eli sa stolice nauznak kraj vrata, slomi vrat i umrije, jer je bio star čovjek i težak. Bio je sudac u Izraelu četrdeset godina.
19 Saa bere no na nʼasebea a ɔyɛ Pinehas yere anyinsɛn a ɔreyɛ awo. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwu no, awo kaa no amono mu hɔ ara.
Njegova snaha, žena Pinhasova, bijaše trudna i pred porodom. Kad je čula vijest da je otet Kovčeg Božji i da je umro njezin svekar i poginuo njezin muž, savila se i rodila jer su je najednom uhvatili trudovi.
20 Owuu wɔ awoko mu, nanso ansa na ɔrebewu no, mmea a wɔregye no awo no kae se, “Mpa abaw; woawo abarimaa.” Nanso wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso.
Kako je bila na samrti, rekoše joj žene koje stajahu oko nje: “Budi bez brige jer si rodila sina!” Ali ona ne odgovori niti obrati misli na to.
21 Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no din Ikabod, “Anuonyam no wɔ he, Israel anuonyam no asa,” efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu.
Djetetu nadjenu ime Ikabod govoreći: “Otišla je slava od Izraela.” Time je mislila na oteti Kovčeg Božji i na svoga svekra i svoga muža.
22 Ɔkae se, “Anuonyam afi Israel mu, efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.”
Zato reče: “Otišla je slava od Izraela” jer je otet Kovčeg Božji.

< 1 Samuel 4 >