< 1 Petro 5 >

1 Me a meyɛ ɔpanyin no, mitu asafo no mu mpanyimfo fo se, meyɛ Kristo amanehunu no ho dansefo nti nʼanuonyam a wɔbɛda no adi no bɛka me bi. Mitu mo fo se,
The elders among you I exhort, who am a fellow-elder, and a witness of the sufferings of Christ, who am also a sharer in the glory that is to be revealed;
2 monyɛ nguan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nguanhwɛfo na monhwɛ wɔn yiye sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. Adom ne asomdwoe mmunkam mo so.
tend the flock of God which is among you, overseeing it, not by constraint, but willingly; not for base gain, but with ready mind;
3 Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛso pa mma nguan no.
not as lording it over your allotted charge, but being examples to the flock;
4 Na sɛ Oguanhwɛfo panyin no ba a, wɔbɛma mo anuonyam ahenkyɛw a ɛrempa da.
and when the chief Shepherd shall appear, ye will receive the crown of glory that fadeth not away.
5 Saa ara na ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmabun no, mobrɛ mo ho ase ma mpanyimfo. Mo nyinaa mfa ahobrɛase nkataanim mmɔ mo asen na monsom mo ho mo ho efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan na ɔdom ahobrɛasefo.”
In like manner, ye younger men, submit yourselves to the elder; and all of you be clothed with humility toward each other; for “God resisteth the proud, but giveth grace to the humble.”
6 Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ bere a ɛsɛ mu.
Humble yourselves therefore under the mighty hand of God, that he may exalt you in due time;
7 Momfa mo dadwen ne mo haw nyinaa nto ne so, efisɛ odwen mo ho.
casting all your care upon him, because he careth for you.
8 Mo ani nna hɔ; monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔ mu hwehwɛ nea obenya no amene.
Be sober, be watchful. Your adversary the Devil, as a roaring lion, walketh about, seeking whom he may devour;
9 Momfa gyidi nnyina pintinn nsiw no kwan efisɛ munim sɛ mo nuanom agyidifo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa rehu saa amane koro no ara bi.
whom resist, steadfast in the faith, knowing that the same sufferings are being accomplished in your brethren in the world.
10 Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam mu wɔ Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma moanya nnyinaso. (aiōnios g166)
But the God of all grace, who called you to his everlasting glory in Christ Jesus, will, after ye have suffered a while, himself make you perfect, establish, strengthen, settle you. (aiōnios g166)
11 Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. (aiōn g165)
To him be the dominion for ever. Amen. (aiōn g165)
12 Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me ma mekyerɛw saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na midi adanse se eyi yɛ Onyankopɔn adom kann. Munnyina mu dennen.
By Silvanus, the faithful brother as I think, I have written to you in few words, exhorting, and testifying that this is the true grace of God wherein ye stand.
13 Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyia mo.
The church in Babylon, chosen with you, saluteth you; and Mark, my son.
14 Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyiakyia mo ho mo ho. Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.
Salute one another with a kiss of love. Peace to you all that are in Christ.

< 1 Petro 5 >