< 1 Ahemfo 18 >

1 Mfe abiɛsa akyi no, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn se, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no se ɛrenkyɛ biara, mɛma osu atɔ asase no so.”
After many days, the LORD’s word came to Elijah, in the third year, saying, “Go, show yourself to Ahab; and I will send rain on the earth.”
2 Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab. Na ɔkɔm no ano yɛɛ den yiye wɔ Samaria.
Elijah went to show himself to Ahab. The famine was severe in Samaria.
3 Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfi so no. Na Obadia gye Awurade di yiye.
Ahab called Obadiah, who was over the household. (Now Obadiah feared the LORD greatly;
4 Bere a na Isebel rekunkum Awurade adiyifo no, Obadia faa adiyifo no ɔha de wɔn kosiee abodan abien mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduan ne nsu.
for when Jezebel cut off the LORD’s prophets, Obadiah took one hundred prophets, and hid them fifty to a cave, and fed them with bread and water.)
5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia se, “Kɔ na kɔhwehwɛ asase no so mmura ne abon nyinaa sɛ ebia yebenya sare ama apɔnkɔ ne mfurum yi awe sɛnea wɔrenwuwu.”
Ahab said to Obadiah, “Go through the land, to all the springs of water, and to all the brooks. Perhaps we may find grass and save the horses and mules alive, that we not lose all the animals.”
6 Enti wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa fa na Obadia nso faa fa.
So they divided the land between them to pass throughout it. Ahab went one way by himself, and Obadiah went another way by himself.
7 Obadia nam no, Elia hyiaa no. Obadia huu no, kaee no nti, ɔkotow no wɔ fam kae se, “Enti wo ni, me wura Elia?”
As Obadiah was on the way, behold, Elijah met him. He recognized him, and fell on his face, and said, “Is it you, my lord Elijah?”
8 Elia buae se, “Yiw, kɔka kyerɛ wo wura se, ‘Elia wɔ ha.’”
He answered him, “It is I. Go, tell your lord, ‘Behold, Elijah is here!’”
9 Obadia bisae se, “Me wura, dɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me yi?
He said, “How have I sinned, that you would deliver your servant into the hand of Ahab, to kill me?
10 Mmere dodow a Awurade, wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wunni so no, ɔma wɔka ntam, ka se wɔanhu wo.
As the LORD your God lives, there is no nation or kingdom where my lord has not sent to seek you. When they said, ‘He is not here,’ he took an oath of the kingdom and nation that they didn’t find you.
11 Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha.’
Now you say, ‘Go, tell your lord, “Behold, Elijah is here.”’
12 Minnim baabi a sɛ migyaw wo hɔ kɔ a, Awurade honhom bɛpagyaw wo akosi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhu wo a, obekum me. Nanso me, wo somfo, masom Awurade fi me mmofraase.
It will happen, as soon as I leave you, that the LORD’s Spirit will carry you I don’t know where; and so when I come and tell Ahab, and he can’t find you, he will kill me. But I, your servant, have feared the LORD from my youth.
13 Me wura, wontee nea meyɛɛ bere a na Isebel rekunkum Awurade adiyifo no ana? Mede Awurade adiyifo no ɔha siee abodan abien mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduan ne nsu nso.
Wasn’t it told my lord what I did when Jezebel killed the LORD’s prophets, how I hid one hundred men of the LORD’s prophets with fifty to a cave, and fed them with bread and water?
14 Na afei, woka kyerɛ me se menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha!’ Obekum me!”
Now you say, ‘Go, tell your lord, “Behold, Elijah is here”.’ He will kill me.”
15 Elia kaa se, “Mmere dodow a Awurade a mesom no te ase yi, nea ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab nnɛ.”
Elijah said, “As the LORD of Hosts lives, before whom I stand, I will surely show myself to him today.”
16 Enti Obadia kohyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kohyiaa Elia.
So Obadiah went to meet Ahab, and told him; and Ahab went to meet Elijah.
17 Ohuu Elia no, obisaa no se, “Wo ni, wo a wohaw Israelfo?”
When Ahab saw Elijah, Ahab said to him, “Is that you, you troubler of Israel?”
18 Elia buae se, “Menhaw Israel ɔkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fifo na moahaw Israel. Moagyae Awurade mmara so di, akodi Baal akyi.
He answered, “I have not troubled Israel, but you and your father’s house, in that you have forsaken the LORD’s commandments and you have followed the Baals.
19 Enti frɛ Israel nnipa nyinaa na wommehyia me Karmel bepɔw so. Na fa Baal adiyifo ahannan aduonum ne Asera adiyifo ahannan a wodidi Isebel didipon so no nso bra.”
Now therefore send, and gather to me all Israel to Mount Carmel, and four hundred fifty of the prophets of Baal, and four hundred of the prophets of the Asherah, who eat at Jezebel’s table.”
20 Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifo no ano wɔ Karmel bepɔw so.
So Ahab sent to all the children of Israel, and gathered the prophets together to Mount Carmel.
21 Elia dii nnipa no anim kae se, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akosi da bɛn? Sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a, munni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, munni nʼakyi.” Nanso nnipa no yɛɛ dinn.
Elijah came near to all the people, and said, “How long will you waver between the two sides? If the LORD is God, follow him; but if Baal, then follow him.” The people didn’t say a word.
22 Elia ka kyerɛɛ ɔman no se, “Me nko ara ne Awurade odiyifo a maka, nanso Baal wɔ adiyifo ahannan aduonum.
Then Elijah said to the people, “I, even I only, am left as a prophet of the LORD; but Baal’s prophets are four hundred fifty men.
23 Momma yɛn anantwinini abien. Momma wonyi mu baako, na wontwitwa no asinasin mfa ngu nnyina so, nsɔ wɔn mu gya. Nantwinini baako a waka no, mɛyɛ ne ho adwuma de agu nnyina so a merento mu gya.
Let them therefore give us two bulls; and let them choose one bull for themselves, and cut it in pieces, and lay it on the wood, and put no fire under; and I will dress the other bull, and lay it on the wood, and put no fire under it.
24 Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ Awurade. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.” Ɔmanfo no nyinaa penee so.
You call on the name of your god, and I will call on the LORD’s name. The God who answers by fire, let him be God.” All the people answered, “What you say is good.”
25 Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifo no se, “Momfa anantwinini no baako, na munni kan nsiesie no, efisɛ mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a, monnto mu gya.”
Elijah said to the prophets of Baal, “Choose one bull for yourselves, and dress it first, for you are many; and call on the name of your god, but put no fire under it.”
26 Enti wɔfaa nantwinini a wɔkae se wɔmfa no no, siesiee no too afɔremuka no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no fi anɔpa mu nyinaa se, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteɛteɛɛ mu saa ara, nanso wɔannya mmuae biara! Afei wɔde anibere saw faa afɔremuka a wɔasi no ho hyiae.
They took the bull which was given them, and they dressed it, and called on the name of Baal from morning even until noon, saying, “Baal, hear us!” But there was no voice, and nobody answered. They leaped about the altar which was made.
27 Eduu owigyinae no, Elia dii wɔn ho fɛw se, “Monteɛteɛ mu den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwen biribi ho denneennen anaa ɔregye nʼahome, onyaa adagyew anaa watu kwan. Ebi nso a, na wada a ɛsɛ sɛ wonyan no.”
At noon, Elijah mocked them, and said, “Cry aloud, for he is a god. Either he is deep in thought, or he has gone somewhere, or he is on a journey, or perhaps he sleeps and must be awakened.”
28 Enti wɔteɛteɛ mu den, de afoa twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho peaw sɛnea wɔn amanne te, maa mogya pram wɔn.
They cried aloud, and cut themselves in their way with knives and lances until the blood gushed out on them.
29 Owigyinae no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kosii anwummere afɔrebɔ bere no mu. Nanso mmuae biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so.
When midday was past, they prophesied until the time of the evening offering; but there was no voice, no answer, and nobody paid attention.
30 Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na osiesiee Awurade afɔremuka a na abubu no.
Elijah said to all the people, “Come near to me!”; and all the people came near to him. He repaired the LORD’s altar that had been thrown down.
31 Elia faa abo dumien a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuw baako,
Elijah took twelve stones, according to the number of the tribes of the sons of Jacob, to whom the LORD’s word came, saying, “Israel shall be your name.”
32 na ɔde abo no san sii Awurade afɔremuka no. Na otwaa amoa a ne trɛw bɛyɛ anammɔn abiɛsa faa afɔremuka no ho hyiae.
With the stones he built an altar in the LORD’s name. He made a trench around the altar large enough to contain two seahs of seed.
33 Ɔde nnyansin guu afɔremuka no so, twitwaa nantwinini no asinasin guu so. Afei ɔkae se, “Monhyɛ nhina akɛse no nsu ma ma, na munhwie ngu afɔrebɔde no ne nnyansin no so.” Wɔyɛɛ nea ɔkae no wiei no,
He put the wood in order, and cut the bull in pieces and laid it on the wood. He said, “Fill four jars with water, and pour it on the burnt offering and on the wood.”
34 ɔkae se, “Monyɛ saa ara bio!” Na wɔyɛɛ saa wiei no, ɔkae se, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛnea ɔkae no,
He said, “Do it a second time;” and they did it the second time. He said, “Do it a third time;” and they did it the third time.
35 maa nsu no sen faa afɔremuka no ho, maa mpo, ebu faa amoa no so.
The water ran around the altar; and he also filled the trench with water.
36 Eduu bere a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummere afɔre, sɛnea wɔn amanne kyerɛ no, odiyifo Elia kɔɔ afɔremuka no so, bɔɔ mpae se, “Awurade, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn, kyerɛ nnɛ sɛ woyɛ Nyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo somfo. Kyerɛ sɛ, nea mereyɛ yi nyinaa fi wo.
At the time of the evening offering, Elijah the prophet came near and said, “LORD, the God of Abraham, of Isaac, and of Israel, let it be known today that you are God in Israel and that I am your servant, and that I have done all these things at your word.
37 Awurade, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhu sɛ, Awurade, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asan aba wo nkyɛn.”
Hear me, LORD, hear me, that this people may know that you, LORD, are God, and that you have turned their heart back again.”
38 Nʼano sii pɛ, na ogya a efi Awurade nkyɛn tew fii soro bɛhyew nantwinini ba no, nnyansin no, abo no ne mfutuma no. Mpo, ɛyow amoa no mu nsu no nyinaa.
Then the LORD’s fire fell and consumed the burnt offering, the wood, the stones, and the dust; and it licked up the water that was in the trench.
39 Nnipa no hui no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, teɛteɛɛ mu se, “Awurade yɛ Onyankopɔn! Awurade yɛ Onyankopɔn!”
When all the people saw it, they fell on their faces. They said, “The LORD, he is God! The LORD, he is God!”
40 Na Elia hyɛe se, “Monkyere Baal adiyifo no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nguan.” Enti ɔmanfo no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bon mu kokunkum wɔn wɔ hɔ.
Elijah said to them, “Seize the prophets of Baal! Don’t let one of them escape!” They seized them; and Elijah brought them down to the brook Kishon, and killed them there.
41 Elia ka kyerɛɛ Ahab se, “Kɔ na kodi aduan pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛse bi rebɛtɔ.”
Elijah said to Ahab, “Get up, eat and drink; for there is the sound of abundance of rain.”
42 Enti Ahab too pon. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔw atifi, kobutuw fam, bɔɔ mpae.
So Ahab went up to eat and to drink. Elijah went up to the top of Carmel; and he bowed himself down on the earth, and put his face between his knees.
43 Na ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ po so.” Ɔsomfo no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia se, “Manhu hwee.” Elia kaa saa kyerɛɛ no mpɛn ason sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mpɛn ason.
He said to his servant, “Go up now and look toward the sea.” He went up and looked, then said, “There is nothing.” He said, “Go again” seven times.
44 Ne mpɛn ason so no, ne somfo no ka kyerɛɛ no se, “Mihuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a apue afi po no so reforo.” Ɛhɔ ara na Elia teɛɛ mu se, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na san kɔ fie. Sɛ woanka wo ho a, osu no besiw wo kwan.’”
On the seventh time, he said, “Behold, a small cloud, like a man’s hand, is rising out of the sea.” He said, “Go up, tell Ahab, ‘Get ready and go down, so that the rain doesn’t stop you.’”
45 Ankyɛ biara na osu munaa tumm. Osuframa bɔe, na osu kɛse tɔe, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel.
In a little while, the sky grew black with clouds and wind, and there was a great rain. Ahab rode, and went to Jezreel.
46 Afei, Awurade maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatade hyɛɛ nʼabɔso mu, na odii Ahab teaseɛnam no kan ara kosii Yesreel kwan ano.
The LORD’s hand was on Elijah; and he tucked his cloak into his belt and ran before Ahab to the entrance of Jezreel.

< 1 Ahemfo 18 >