< 1 Ahemfo 17 >

1 Afei, Elia a ofi Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab se, “Mmere dodow a Awurade, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Nyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osu nso rentɔ mfe kakraa bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.”
Elijah the Tishbite, from Tishbe in Gilead, said to Ahab, “As Yahweh, the God of Israel lives, before whom I stand, there will not be dew or rain these years unless I say so.”
2 Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se,
The word of Yahweh came to Elijah, saying,
3 “Kɔ asu Kerit a ɛwɔ apuei fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kohintaw hɔ.
“Leave from here and go eastward; hide yourself by the brook Kerith, east of the Jordan.
4 Nom asu no mu nsu, na di nea kwaakwaadabi no de bɛbrɛ wo, efisɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduan.”
It will happen that you will drink from the brook, and I have commanded the ravens to feed you there.”
5 Enti Elia yɛɛ sɛnea Awurade aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenae wɔ asu Kerit ho.
So Elijah went and did as the word of Yahweh commanded. He went to live by the brook Kerith, east of the Jordan.
6 Kwaakwaadabi no brɛɛ no brodo ne nam anɔpa ne anwummere biara, na ɔnom nsu fii asu no mu.
The ravens brought him bread and meat in the morning and bread and meat in the evening, and he drank from the brook.
7 Akyiri no, asu no yowee, efisɛ na osu ntɔ wɔ asase no so baabiara.
But after a while the brook dried up because there was no rain in the land.
8 Na Awurade ka kyerɛɛ Elia se,
The word of Yahweh came to him, saying,
9 “Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kurow no mu. Okunafo bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduan adi. Makyerɛ no nea ɔnyɛ.”
“Arise, go to Zarephath, which belongs to Sidon, and live there. Look, I have commanded a widow there to provide for you.”
10 Na Elia kɔɔ Sarefat. Oduu kurow no abɔntenpon no ano no, ohuu okunafo bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Obisaa no se, “Mesrɛ wo, wubetumi ama me nsu kuruwa ma bi?”
So he arose and went to Zarephath, and when he came to the gate of the city a widow was there gathering sticks. So he called to her and said, “Please bring me a little water in a jar so that I may drink.”
11 Ɔrekɔsaw nsu no aba no, ɔsrɛɛ no se, “Ɛyɛ a fa brodo sin bi nso ka ho.”
As she was going to get water he called to her, and said, “Please bring me a piece of bread in your hand.”
12 Okunafo no kae se, “Meka Awurade, wo Nyankopɔn no ntam se, minni brodo sin koraa wɔ fie. Na nea mewɔ wɔ fie yɛ asikresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduan a etwa to, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.”
She replied, “As Yahweh your God lives, I do not have any bread, but only a handful of meal in a jar and a little oil in a jug. See, I am gathering two sticks so I may go in and cook it for me and my son, that we may eat it, and die.”
13 Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduan a etwa to no. Nanso ɛyɛ a, to brodo ketewa bi di kan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduan bebree bɛka ama wo ne wo ba no.
Elijah said to her, “Do not fear. Go and do as you have said, but make me a little bread first and bring it out to me. Then afterward make some for you and for your son.
14 Na sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn ka, ‘Daa asikresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekorade no mu kosi bere a Awurade bɛma osu atɔ, ama nnɔbae anyin bio.’”
For Yahweh, the God of Israel, says, 'The jar of meal will not empty, neither will the jug of oil stop flowing, until the day that Yahweh sends rain on the earth.”
15 Na ɔyɛɛ sɛnea Elia kae no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree.
So she did as Elijah had told her. She and Elijah, along with her household, ate for many days.
16 Bere biara na wɔwɔ asikresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekorade mu sɛnea Awurade nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no.
The jar of meal did not empty, neither did the jug of oil stop flowing, just as the word of Yahweh had said, as he had spoken by Elijah.
17 Akyiri no, ɔbea no babarima no yaree. Ɔyare no kɔɔ so ara kosii sɛ abofra no wui.
After these things the woman's son, the woman who owned the house, fell sick. His sickness was so severe that there was no more breath left in him.
18 Ɔbea no bisaa Elia se, “Onyankopɔn nipa, dɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho nti na woakum me ba yi?”
So his mother said to Elijah, “What do you have against me, man of God? Have you come to me to remind me of my sin and to kill my son?”
19 Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba no ma me.” Na ogyee abarimaa no fii ne nsam. Ɔde no kɔɔ soro dan bi a wɔsoɛɛ mu no mu. Ɔde owufo no too ne mpa so.
Then Elijah replied to her, “Give me your son.” He took the boy from her arms and carried him up into the room where he was staying, and he laid the boy on his own bed.
20 Elia su guu Awurade so se, “Awurade, adɛn nti na wode saa awerɛhow yi abɛto okunafo yi a ɔde ne fi asom me hɔho yi so, na wama ne ba awu yi?”
He cried to Yahweh and said, “Yahweh my God, have you also brought disaster on the widow with whom I am staying, by killing her son?”
21 Obutuw abofra no so mprɛnsa, su guu Awurade so se, “Ao Awurade, me Nyankopɔn, mesrɛ, ma abofra yi nnya nkwa bio.”
Then Elijah stretched himself on the child three times; he cried out to Yahweh and said, “Yahweh my God, I beg you, please let this child's life return to him.”
22 Awurade tiee Elia mpaebɔ, na abofra no nyaa nkwa bio.
Yahweh listened to the voice of Elijah; the life of the child returned to him, and he revived.
23 Enti Elia de no fi soro hɔ brɛɛ ne na, ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo ba no anyan.”
Elijah took the child and brought him out of his room down into the house; he handed the boy to his mother and said, “See, your son is alive.”
24 Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia se, “Afei, mahu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa, na Awurade kasa fa wo so ampa.”
The woman said to Elijah, “Now I know that you are a man of God, and that the word of Yahweh in your mouth is true.”

< 1 Ahemfo 17 >