< 1 Korintofo 5 >

1 Nnansa yi wɔkeka se aguaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfo mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere.
It is absolutely heard, that there is fornication among you, and such fornication as the like is not among the heathens; that one should have his father’s wife.
2 Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ how wɔ ho na mompam saa onipa no mfi mo mu?
And you are puffed up; and have not rather mourned, that he might be taken away from among you, that hath done this deed.
3 Ɛwɔ mu, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ.
I indeed, absent in body, but present in spirit, have already judged, as though I were present, him that hath so done,
4 Muhyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti,
In the name of our Lord Jesus Christ, you being gathered together, and my spirit, with the power of our Lord Jesus;
5 ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no du a, wagye ne honhom nkwa.
To deliver such a one to Satan for the destruction of the flesh, that the spirit may be saved in the day of our Lord Jesus Christ.
6 Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Munim sɛ mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no tu ana?
Your glorying is not good. Know you not that a little leaven corrupteth the whole lump?
7 Ɛsɛ sɛ muyi saa bɔne mmɔkaw dedaw yi fi mo mu na moayɛ kronkron. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforo a mmɔkaw nni mu sɛnea minim mo sɛ mote dedaw no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Guamma no abɔ afɔre no, yɛn Twam Afahyɛ no adu so.
Purge out the old leaven, that you may be a new paste, as you are unleavened. For Christ our pasch is sacrificed.
8 Eyi nti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom yɛmfa brodo a mmɔkaw nni mu na ɛyɛ kronkron no na enni afahyɛ no.
Therefore let us feast, not with the old leaven, nor with the leaven of malice and wickedness; but with the unleavened bread of sincerity and truth.
9 Krataa a mekyerɛw mo no, mekaa wɔ mu se mommfa mo ho mmmɔ nguamanfo ho koraa,
I wrote to you in an epistle, not to keep company with fornicators.
10 anaa wiase yi nguamanfo anaa aniberefo anaa akorɔmfo anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne eyinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wufi wiase koraa.
I mean not with the fornicators of this world, or with the covetous, or the extortioners, or the servers of idols; otherwise you must needs go out of this world.
11 Nea mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho se onua nanso ɔbɔ aguaman anaa ɔyɛ oniberefo anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfo. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi.
But now I have written to you, not to keep company, if any man that is named a brother, be a fornicator, or covetous, or a server of idols, or a railer, or a drunkard, or an extortioner: with such a one, not so much as to eat.
12 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mibu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mubu wɔn atɛn?
For what have I to do to judge them that are without? Do not you judge them that are within?
13 Onyankopɔn na obebu wɔn a wonni asafo no mu atɛn, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mompam onipa bɔne no mfi mo mu.”
For them that are without, God will judge. Put away the evil one from among yourselves.

< 1 Korintofo 5 >