< 1 Beresosɛm 26 >

1 Eyinom ne apon ano ahwɛfo no akuwakuw: Korafo mu no, yɛwɔ Kore babarima Meselemia a ofi Asaf abusua mu.
For the divisions of the porters: of the Korahites, Meshelemiah the son of Kore, of the sons of Asaph.
2 Meselemia mmabarima yɛ: Sakaria a ɔyɛ abakan, Yediael a ɔto so abien, Sebadia a ɔto so abiɛsa, Yatniel a ɔto so anan.
And Meshelemiah had sons: Zechariah the firstborn, Jediael the second, Zebadiah the third, Jathniel the fourth,
3 Elam a ɔto so anum, Yehohanan a ɔto so asia, Eliehoenai a ɔto so ason.
Elam the fifth, Jehohanan the sixth, Eliehoenai the seventh.
4 Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ: Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien, Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan, Netanel a ɔto so anum,
And Obed-edom had sons: Shemaiah the firstborn, Jehozabad the second, Joah the third, and Sacar the fourth, and Nethanel the fifth,
5 Amiel a ɔto so asia, Isakar a ɔto so ason, ne Peuletai a ɔto so awotwe. Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree.
Ammiel the sixth, Issachar the seventh, Peullethai the eighth, for God blessed him.
6 Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmabarima a wotumi ade yɛ yiye nti, wonyaa dibea a ekura tumi wɔ abusua no mu.
Also sons were born to Shemaiah his son, who ruled over the house of their father, for they were mighty men of valor.
7 Na wɔn din ne: Otni, Refael, Obed ne Elsabad; na wɔn abusuafo Elihu ne Semaia nso yɛ mmɔdemmɔfo.
The sons of Shemaiah: Othni, and Rephael, and Obed, Elzabad, whose brothers were valiant men, Elihu, and Semachiah.
8 Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn.
All these were of the sons of Obed-edom, they and their sons and their brothers, able men in strength for the service, sixty-two of Obed-edom.
9 Saa ara nso na na Meselemia mmabarima dunwɔtwe no ne wɔn abusuafo nso bɔ wɔn ho mmɔden yiye.
And Meshelemiah had sons and brothers, valiant men, eighteen.
10 Hosa a ofi Merari abusua mu mma ne: Simri na odi kan (na ɔnyɛ abakan de, nanso nʼagya paw no sɛ ntuanoni wɔ ne mmabarima mu).
Also Hosah, of the sons of Merari, had sons: Shimri the chief (for though he was not the firstborn, yet his father made him chief),
11 Na ne mmabarima no bi ne: Hilkia a na ɔto so abien. Tebalia na ɔto so abiɛsa na Sakaria to so anan. Na Hosa mmabarima ne nʼabusuafo a wɔsom sɛ apon ano ahwɛfo no nyinaa dodow yɛ dumiɛnsa.
Hilkiah the second, Tebaliah the third, Zechariah the fourth. All the sons and brothers of Hosah were thirteen.
12 Saa apon ano hwɛfo akuw yi nam wɔn mmusua ntuanofo so som wɔ Awurade fi, sɛnea wɔn abusuafo yɛe no.
Of these were the divisions of the porters, even of the chief men, having offices like their brothers to minister in the house of Jehovah.
13 Wɔnam ntontobɔ kronkron so, de ɔwɛn adwuma wɔ apon ahorow ano hyɛɛ mmusua no nsa a wɔnhwɛ mfirihyia a obi adi, anaa ntetewee a wanya so.
And they cast lots, the small as well as the great, according to their fathers' houses for every gate.
14 Wɔde apuei pon ho dwumadi no hyɛɛ Meslemia ne ne kuw nsa. Atifi pon ho dwumadi nso, wɔde hyɛɛ ne babarima onyansafo Sakaria nsa.
And the lot eastward fell to Shelemiah. Then for Zechariah his son, a discreet counselor, they cast lots, and his lot came out northward.
15 Anafo pon no, wɔde hyɛɛ Obed-Edom nsa, na wɔmaa ne mmabarima no hwɛɛ adekoradan no so.
To Obed-edom southward, and to his sons the store-house.
16 Wɔmaa Supim ne Hosa hwɛɛ atɔe pon no ne ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so. Wɔkyekyɛɛ ɔwɛn nnwuma no pɛpɛɛpɛ maa wɔn.
To Shuppim and Hosah westward, by the gate of Shallecheth, at the causeway that goes up, watch against watch.
17 Da biara, na wɔma Lewifo baasia kɔ apuei pon no ho, na wɔma baanan kɔ atifi pon no ho, na baanan nso akɔ anafo pon no ho, na baanu baanu akokɔ adekoradan ahorow no mu biara ho.
Eastward were six Levites, four a day northward, four a day southward, and for the store-house two by two.
18 Da biara, na wɔma baasia kɔ atɔe pon no ho. Baanan kɔ ɔkwan a ɛkɔ asɔredan no mu no so, na baanu nso akɔ adiwo hɔ.
For Parbar westward, four at the highway, and two at Parbar.
19 Eyinom ne apon ano ahwɛfo a wofi Kora ne Merari mmusua mu no nkyekyɛmu.
These were the divisions of the porters, of the sons of the Korahites, and of the sons of Merari.
20 Lewifo a wɔaka a na Ahiya da wɔn ano no na na wɔhwɛ Onyankopɔn fi sikakorabea ne adekoradan so.
And of the Levites, Ahijah was over the treasures of the house of God, and over the treasures of the dedicated things.
21 Libni fi a na ɛwɔ Gerson abusua mu no, na Yehieli na na otua wɔn ano.
The sons of Ladan, the sons of the Gershonites belonging to Ladan, the heads of the fathers belonging to Ladan the Gershonite: Jehieli.
22 Yehieli mmabarima Setam ne ne nuabarima Yoel na na wɔhwɛ Awurade fi sikakorabea so.
The sons of Jehieli: Zetham, and Joel his brother, over the treasures of the house of Jehovah.
23 Eyinom ne ntuanofo a wɔyɛ Amram, Yishar, Hebron ne Usiel asefo.
Of the Amramites, of the Izharites, of the Hebronites, of the Uzzielites:
24 Amram abusua mu, Sebuel yɛ Mose babarima Gersom aseni. Ɔno na na ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sikakorabea no so.
Shebuel the son of Gershom, the son of Moses, was ruler over the treasures.
25 Wɔn a wɔnam Elieser so yɛ nʼabusuafo ne Rehabia, Yesaia, Yoram, Sikri ne Selomot.
And his brothers: of Eliezer came Rehabiah his son, and Jeshaiah his son, and Joram his son, and Zichri his son, and Shelomoth his son.
26 Selomot ne nʼabusuafo na na wɔhwɛ sikakorabea a na wɔkora agyapade a wɔde ama Awurade no so. Agyapade no bi ne nea Dawid ne mmusua ntuanofo ne asahene ne asraafo mpanyimfo de maa Awurade no.
This Shelomoth and his brothers were over all the treasures of the dedicated things, which David the king, and the heads of the fathers, the captains over thousands and hundreds, and the captains of the army, had dedicated.
27 Na saa mmarima yi de wɔn asade a wonyaa wɔ akodi mu no bi bae sɛ wɔmfa nsiesie Awurade fi.
They dedicated to repair the house of Jehovah out of the spoil won in battles.
28 Afei, na Selomot ne nʼabusuafo na wɔhwɛ nneɛma a Samuel a ɔyɛ odiyifo, Kis babarima Saulo, Ner babarima Abner ne Seruia babarima Yoab de maa Awurade no so. Nneɛma nkae a wɔde maa Awurade no nyinaa, na ɛhyɛ wɔn nsa.
And all that Samuel the seer, and Saul the son of Kish, and Abner the son of Ner, and Joab the son of Zeruiah, had dedicated, whoever had dedicated anything, it was under the hand of Shelomoth, and of his brothers.
29 Yishar abusua mu na Kenania fi. Ɔne ne mmabarima na woyii wɔn sɛ ɔman sohwɛfo ne atemmufo wɔ Israelman mu nyinaa.
Of the Izharites, Chenaniah and his sons were for the outer business over Israel, for officers and judges.
30 Hebron abusua mu na Hasabia fi. Ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ mmɔdemmɔfo a wɔn dodow yɛ apem ahanson na wɔma wɔhwɛɛ Israel nsase a ɛdeda Asubɔnten Yordan atɔe fam no so. Nsɛm a ɛfa Awurade ho, ne ɔhene a ɔwɔ mpasua no so som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.
Of the Hebronites, Hashabiah and his brothers, men of valor, a thousand and seven hundred, had the oversight of Israel beyond the Jordan westward, for all the business of Jehovah, and for the service of the king.
31 Bio, Hebron abusua mu na Yeria fi. Sɛnea awo ntoatoaso nkrataa kyerɛ no, ɔno na na ɔyɛ Hebronfo no ntuanoni. (Dawid dii hene no, ne mfe aduanan so, wɔhwehwɛɛ nkrataa mu na wohuu mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Hebron abusua no mu din wɔ kurow Yaser a ɛwɔ Gilead mu.
Of the Hebronites was Jerijah the chief, even of the Hebronites, according to their generations by fathers. In the fortieth year of the reign of David they were sought for, and there were found among them mighty men of valor at Jazer of Gilead.
32 Na mmarima a wɔbɔ wɔn ho mmɔden mpem abien ne ahanson na na wɔwɔ Yeria abusua mu. Ɔhene Dawid ma wɔkɔɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, maa wɔkɔhwɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa no so. Nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ho, ne ɔhene som ho nyinaa yɛ wɔn asɛde.)
And his brothers, men of valor, were two thousand and seven hundred, heads of fathers, whom king David made overseers over the Reubenites, and the Gadites, and the half-tribe of the Manassites, for every matter pertaining to God, and for the affairs of the king.

< 1 Beresosɛm 26 >