< Книга пророка Амоса 4 >

1 Слышите слово сие, юницы Васанитидския, яже в горе Самарийстей, преобидящыя убогих и попирающыя нищих, глаголющыя господем своим: подадите нам, да пием.
Montie asɛm yi, mo Basan “anantwie” a mowɔ Bepɔ Samaria so, mo mmaa a mohyɛ ahiafoɔ so, na moka mmɔborɔwa hyɛ na moka kyerɛ mo kununom sɛ, “Mommrɛ yɛn nsã!”
2 Клятся Господь святыми Своими, яко се, дние грядут на вы, и возмут вы во оружии, и сущих с вами ввергут в конобы подгнещаемыя огненнии губителие:
Otumfoɔ Awurade de ne kronkronyɛ aka ntam sɛ, “Ampa ara ɛberɛ no bɛba a wɔde nkawa bɛtwe mo akɔ mo mu deɛ ɔtwa toɔ no wɔde nsuomnam darewa bɛtwe no.
3 и извержены будете наги прямо друг друга и отвержетеся в гору Ремман, глаголет Господь.
Momu biara bɛpue akɔ, na mobɛfa ɔfasuo mu ntokuro mu, na wɔbɛto mo atwene Harmon fam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
4 Внидосте в Вефиль и беззаконновасте, и в Галгалех умножисте еже нечествовати, и принесосте заутра требы вашя, в треденство десятины вашя:
“Monkɔ Bet-El nkɔyɛ bɔne na monkɔ Gilgal na mo nkɔyɛ bɔne ara. Momfa mo afɔrebɔdeɛ mmra anɔpa biara, na momfa mo ntotosoɔ dudu mmra mfeɛ mmiɛnsa biara.
5 и прочтоша извне закон и призваша исповедание: возвестите, яко сия возлюбиша сынове Израилевы, глаголет Господь Бог.
Monhye mmɔreka burodo sɛ aseda afɔdeɛ; Momfa ayɛyɛdeɛ a ɛfiri mo pɛ mu nhoahoa mo ho, na momfa ntu mo ho, mo Israelfoɔ, na yei ne deɛ mopɛ sɛ moyɛ,” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.
6 Аз же дам вам оскомину зубом во всех градех ваших и недостаток хлеба во всех местех ваших: и не обратистеся ко Мне, глаголет Господь.
“Memaa yafunu daa mpan wɔ kuropɔn biara mu na aduane ho yɛɛ den wɔ nkuro so, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
7 И аз удержах дождь от вас прежде триех месяцев жатвы, и надождю на един град, а на другий (един) не надождю: часть едина надождится, и часть, на нюже не надождю, изсохнет:
“Mesane de osutɔ kamee mo ɛberɛ a aka abosome mmiɛnsa na otwa berɛ no aduru. Memaa osuo tɔɔ wɔ kuro baako so na mamma antɔ wɔ kuro foforɔ so. Afuo baako nyaa osutɔ afuo foforɔ annya bi na ɛhyeeɛ.
8 и соберутся два и три града во град един пити воду и не насытятся: и не обратистеся ко Мне, глаголет Господь.
Nnipa totɔɔ ntentan kyinii nkuro so pɛɛ nsuo nanso wɔannya dodo a ɛbɛso wɔn nom, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
9 Побих вы раждежением и златеницею: умножисте вертограды вашя, винограды вашя и смоквы вашя и масличия ваша: сия поядоша гусеницы: и ниже тако обратистеся ко Мне, глаголет Господь.
“Mpɛn bebree no mede nnɔbaeɛ yadeɛ ba mo mfikyifuo ne mo bobefuo so. Ntutummɛ sɛee mo borɔdɔma ne mo ngo nnua, nanso monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
10 Послах на вы смерть на пути Египетстем, и избих оружием юношы вашя, с пленом коней твоих, и изведох во огни Полки вашя во гневе Моем: и ниже тако обратистеся ко Мне, глаголет Господь.
“Mede ɔyaredɔm baa mo so sɛdeɛ mede yɛɛ Misraimfoɔ no, mede akofena kunkumm mo mmeranteɛ ne apɔnkɔ a mofaa wɔn nnommum. Mede mo nsramu hwa a ɛbɔn hyɛnee mo hwene mu, nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
11 Разорих вы, якоже разори Бог Содому и Гоморру, и бысте яко главня исторжена из огня: и ниже тако обратистеся ко Мне, глаголет Господь.
“Metuu mo mu bi guiɛ sɛdeɛ metɔree Sodom ne Gomora ase no. Moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu. Nanso, monnsane mmaa me nkyɛn,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
12 Сего ради сице сотворю ти, Израилю: обаче, яко сице сотворю ти, уготовися призывати Бога твоего, Израилю.
“Enti afei, Israel, deɛ mede bɛyɛ wo nie, na ɛsiane sɛ mede yei bɛyɛ wo enti, siesie wo ho, Ao Israel. Hyia wo Onyankopɔn.”
13 Се, Аз утвержаяй гром и созидаяй ветр и возвещаяй в человецех Христа Своего, творяй утро и мглу и восходяй на высокая земли: Господь Бог Вседержитель имя Ему.
Deɛ ɔyɛ mmepɔ na ɔbɔ mframa na ɔda nʼadwene adi kyerɛ nnipa, deɛ ɔma adekyeɛ hann dane esum na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so no. Asafo Awurade Onyankopɔn ne ne din.

< Книга пророка Амоса 4 >