< Књига о Јестири 5 >

1 А трећи дан обуче се Јестира у царско одело, и стаде у трему унутрашњег двора царског према стану царевом; а цар сеђаше на царском престолу свом у двору царском према вратима од двора.
Nnansa akyi, Ɛster hyɛɛ nʼahemmaa atadeɛ kɔɔ ahemfie no adihɔ hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa. Na ɔhene no te nʼahennwa so a nʼani kyerɛ abɔntene kwan ano.
2 И кад цар угледа царицу Јестиру где стоји у трему, она нађе милост пред њим, те цар пружи према Јестири златну палицу која му беше у руци, и Јестира приступи и дотаче се краја од палице.
Ɛberɛ a ɔhunuu Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔgyina adihɔ hɔ no, ɔgyee no fɛ so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempoma no kyerɛɛ ne so. Enti, Ɛster bɛneeɛ, kɔsɔɔ poma no ti.
3 И рече јој цар: Шта ти је, царице Јестиро? И шта желиш? Ако је и до половине царства, даће ти се.
Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, ɛdeɛn na wohwehwɛ? Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”
4 А Јестира рече: Ако је угодно цару, нека дође цар с Аманом данас на обед који сам му зготовила.
Na Ɛster buaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhene kɛseɛ, wo ne Haman mmra apontoɔ a masiesie ama wo ɛnnɛ no.”
5 А цар рече: Зовите брже Амана да учини шта рече Јестира. И дође цар с Аманом на обед који зготови Јестира.
Ɔhene no danee ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monka nkyerɛ Haman sɛ, ɔmmra apontoɔ no ase seesei ara, sɛdeɛ Ɛster abisa no.” Enti, ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster apontoɔ no.
6 Потом цар, напив се вина, рече Јестири: Шта желиш? Даће ти се; и шта молиш? Ако је и до половине царства, биће.
Na ɛberɛ a wɔgu so renom nsã no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster sɛ, “Afei, ka deɛ wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛdeɛ yɛ ɛdeɛn? Sɛ wobisa mʼahemman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”
7 А Јестира одговарајући рече: Желим и молим:
Ɛster buaa sɛ, “Mʼadesrɛdeɛ a mʼakoma da ho pa ara nie:
8 Ако сам нашла милост пред царем, и ако је угодно цару да ми да шта желим и учини шта молим, нека опет дође цар с Аманом на обед који ћу им зготовити, и сутра ћу учинити по речи царевој.
Sɛ ɔhene kɛseɛ ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛdeɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra apontoɔ a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo yei nyinaa ase.”
9 И тако отиде Аман онај дан весео и добре воље. Али кад виде Аман Мардохеја на вратима царевим, а он не уста нити се маче пред њим, напуни се Аман гнева на Мардохеја.
Haman firii apontoɔ no ase no, na nʼani agye mmorosoɔ! Nanso, ɔhunuu Mordekai a ɔte ɛpono no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuiɛ.
10 Али се уздржа Аман докле дође кући својој; потом посла и сазва пријатеље своје и Сересу жену своју.
Nanso, Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ efie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho ano,
11 И приповеди им Аман о слави богатства свог и о мноштву синова својих и о свему чим га је подигао цар и како га је узвисио сврх кнезова и слуга царских.
de ahonya ne mma dodoɔ a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔdeɛ ahodoɔ a ɔhene ama no nso ne sɛdeɛ wɔasi no panin wɔ mpanimfoɔ nkaeɛ no so no nso, tuu ne ho.
12 И дода Аман: Па и царица Јестира никога осим мене не позива с царем на обед, који беше зготовила, па и сутра сам позван к њој с царем.
Afei, Haman ka kaa ho sɛ, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmaa Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼapontoɔ ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena.”
13 Али све то није ми ни на шта докле год гледам оног Мардохеја Јудејца где седи на вратима царевим.
Afei, ɔtoaa so sɛ, “Nanso, sɛ mehunu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfie ɛpono ano a, yeinom nyinaa nka hwee.”
14 Тада му рече Сереса, жена његова и сви пријатељи његови: Нека начине вешала висока педесет лаката, и ујутру реци цару да се на њима обеси Мардохеј, па иди с царем весео на обед. И то би по вољи Аману и приправи вешала.
Enti, Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa adwene sɛ, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no sɛ, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigyeɛ ne ɔhene no bɛkɔ apontoɔ no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yie, maa ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no.

< Књига о Јестири 5 >