< I Kronik 4 >

1 Synowie Judowi: Fares, Hesron, i Charmi, i Hur, i Sobal.
Yuda asefo no bi din de Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.
2 A Rejasz, syn Sobalowy spłodził Jahata, a Jahat spłodził Achuma, i Laada. Teć są rodzaje Zaratego.
Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Eyinom na na wɔyɛ Sorafo mmusua.
3 Ci też są z ojca Etama: Jezreel, i Jesema, i Idbas; a imię siostry ich Selelfuni.
Na Etam asefo no ne Yesreel, Yisma, Yidbas ne Haslelponi a na ɔyɛ ne babea,
4 A Faunuel ojciec Giedory, i Ezer ojciec Hosy. Cić są synowie Hura, pierworodnego Efraty, ojca Betlehemczyków.
Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Eyinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefo.
5 A Assur, ojciec Tekui, miał dwie żony: Chelę i Naarę.
Na Tekoa agya a ne din de Ashur no wɔ yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara.
6 I urodziła mu Naara Achusama, i Hefera, i Temana, i Achastara. Cić są synowie Naary.
Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari.
7 Synowie zasię Cheli: Seret, Jesochar, i Etnan.
Hela woo Seret, Sohar, Etnan,
8 A Kos spłodził Anuba, i Hasoboba, i dom Acharchela, syna Harumy.
ne Kos a nʼasefo ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.
9 A Jabes był zacniejszy nad braci swych, któremu matka jego dała imię Jabes, mówiąc: Bom go w boleści urodziła.
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛse sen ne nuabarimanom nyinaa. Ne na too no din Yabes, efisɛ onyaa ɔyaw wɔ nʼawo mu.
10 I wzywał Jabes Boga Izraelskiego, mówięc: Jeźli błogosławiąc błogosławić mi będziesz, a rozszerzysz granice moje, a będzie ręka twoja ze mną, a wybawisz mię od złego, abym utrapiony nie był. I wypełnił to Bóg, o co go prosił.
Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, “Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.
11 A Chelub, brat Sucha, spłodził Mechyra; ten jest ojcem Estona.
Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston.
12 A Eston spłodził Betrafa, i Paseacha, i Techynna, ojca miasta Nahas. Cić są mężowie Rechy.
Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Eyinom ne Reka asefo.
13 A synowie Kienazowi: Otonijel, i Seraja; a synowie Otonijelowi: Hatat i Meanataj.
Kenas mmabarima ne Otniel ne Seraia. Otniel mmabarima ne Hatat ne Meonotai.
14 A Meanataj spłodził Ofra, a Serajasz spłodził Joaba, ojca w dolinie mieszkających rzemieślników; bo rzemieślnicy byli.
Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab a ofii Adwumfo Bon ase, efisɛ na adwumfo pii tete hɔ.
15 Synowie zasię Kaleba, syna Jefumi: Hyru, Ela, i Nahain; a syn Ela jest Kienaz.
Na Yefune babarima Kaleb mmabarima yɛ Iru, Ela ne Naam. Na Ela babarima yɛ Kenas.
16 A synowie Jehaleleela: Zyf i Zyfa, Tyryja, i Azarel.
Yehalelel mmabarima ne Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.
17 A synowie Ezry: Jeter, i Mered, i Efer, i Jalon; a żona Merodowa urodziła Miryjama, i Samaja, i Isbacha, ojca Estemoa.
Ɛsra mmabarima yɛ Yeter, Mered, Efer ne Yalon. Mered waree Misraimnibea ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no.
18 Żona też jego Judaja urodziła Jereda, ojca Giedor, i Hebera, ojca Socho, i Jekutyjela, ojca Zanoach. Cić są synowie Betii, córki Faraonowej, którą był pojął Mered.
Mered nso waree ɔbea a ofi Yuda. Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no se Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babea.
19 A synowie żony Hodyjaszowej, siostry Nahama, ojca Ceili: Garmi i Estemoa Mahatczyk.
Na Hodia yere yɛ Naham nuabea. Ne mmabarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.
20 A synowie Symonowi: Amnon, i Rynna, Benchanan i Tylon; a synowie Isy: Zochet i Bensochet.
Simon mmabarima ne Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon. Na Yisi asefo no ne Sohet ne Ben-Sohet.
21 Synowie Seli, syna Judowego: Her, ojciec Lecha i Laada, ojciec Maraa; i rodzaje domów tych, którzy robili około bisioru w domu Asbeat,
Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako. Na Sela asefo no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
22 I Joakim i mężowie Chozeby, i Joaz i Saraf, którzy panowali w Moab, i Jasubi Lechem; ale te rzeczy są dawne.
Yokim, Kosebafo, Yoas, ne Saraf a na wodi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa din yi nyinaa, wonya fii tete nkyerɛw a na wɔakyerɛw agu hɔ mu.
23 Cić są garncarze, którzy mieszkali w sadach i między płotami, którzy tam przy królu dla robót jego mieszkali.
Na wɔyɛ nkukunwemfo a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene.
24 Synowie Symeonowi: Namuel, i Jamin, i Jaryb, Zera, Saul.
Na Simeon mmabarima no din de Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.
25 Sallum syn jego, Mabsam syn jego, Misma syn jego.
Na Saulo asefo yɛ Salum, Mibsam ne Misma.
26 A synowie Mismy: Hamuel syn jego, Zachur syn jego, Semej syn jego.
Na Misma asefo yɛ Hamuel, Sakur ne Simei.
27 Ten Semej miał synów szesnaście, i córek sześć; ale bracia jego nie mieli wiele synów, tak, że wszystkiej rodziny ich nie było tak wiele, jako synów Judowych.
Simei woo mmabarima dunsia ne mmabea baasia. Ne nuabarimanom de, na wɔn mu biara nni abusua kɛse saa. Ɛno nti, Simeon abusua annɔ te sɛ Yuda abusua no.
28 I mieszkali w Beerseba i w Molada, i w Hasersual,
Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual,
29 I w Bela, i w Asem, i w Etolad,
Bilha, Esem ne Tolad,
30 I w Betul, i w Horma, i w Sycelegu,
Betuel, Horma ne Siklag,
31 I w Bet Marchabot, i w Hasersusa, i w Betbirze, i w Saaraim. Te miasta ich były, póki królował Dawid.
Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkurow yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kosii ɔhene Dawid bere so.
32 A wsi ich były: Etam, i Hain, Remnon, i Tochen i Asan przy tych pięciu miastach;
Wɔn asefo nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurow anum yi so,
33 I wszystkie wsi ich, które były około tych miast aż do Baal; teć były mieszkaniem ich według narodu ich.
ne ne nkuraa a atwa ho ahyia no kosii Baal. Na wɔn atenae ni, na wɔahyehyɛ saa din yi nyinaa wɔ wɔn anato nkrataa mu.
34 A Mosobab, i Jamlech, i Josa, syn Amazyjaszowy;
Wɔn a wɔka Simeon asefo ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek ne Amasia babarima Yosa,
35 I Joel, i Jehu, syn Josabijasza, syna Serajaszowego, syna Asyjelowego;
Yoel, Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,
36 I Elichenaj, i Jakóba, i Jesochaja, i Asaja, i Adyjel, i Jesymijel, i Banajas;
Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia,
37 I Sysa, syn Syfy, syna Allonowego, syna Jodajaszowego, syna Symry, i syna Semajaszowego.
Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia.
38 Ci mianowani postanowieni są za książęta w narodach swych, a domy ojców ich rozmnożyły się bardzo.
Din a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofo a wɔdeda Simeon mmusuakuw a wɔyɛ adefo no ano no bi.
39 Przetoż ruszyli się, aby szli do Gador, aż na wschód słońca onej doliny, aby szukali paszy bydłu swemu.
Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ obon no apuei fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so.
40 I znaleźli obfite i wyborne pasze, a ziemię przestronną i spokojną i rodzajną; bo tam naród Chamów mieszkał przedtem.
Wonyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefo no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dedaw.
41 Przetoż przyszedłszy ci z imienia opisani za dni Ezechyjasza, króla Judzkiego, poburzyli namioty ich i przybytki ich, które tam były znalezione; a wymordoealiich, i nie masz ich aż do dnia tego, i osiedli miejsce ich; bo tam mieli paszy dla bydeł swoich.
Yudahene Hesekia bere so no, Simeon ntuanofo no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Meunifo afi pasaa. Wokum obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, efisɛ, na wɔpɛ sɛ wonya mmoa didibea pa no.
42 A z onych synów Symeonowych niektórzy szli na górę Seir, pięć set mężów, a Faltyjasz, i Necharyjasz, i Rafajasz, i Husel, synowie Isy, byli wodzami ich.
Akofo no mu ahannum a wofi Simeon abusuakuw mu no kɔɔ bepɔw Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmabarima no na na wodi wɔn anim.
43 I wymordowali ostatki, które były uszły z Amalekitów, a mieszkali tam aż po dziś dzień.
Amalekfo kakra a wɔkae no, wokunkum wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.

< I Kronik 4 >