< اول پادشاهان 2 >
زمان وفات داوود پادشاه نزدیک میشد، پس به پسرش سلیمان اینطور وصیت کرد: | 1 |
Dawid rebɛwuo no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ:
«چیزی از عمرم باقی نمانده است. تو قوی و شجاع باش | 2 |
“Merekɔ baabi a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefoɔ biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ,
و همواره از فرمانهای خداوند، خدایت پیروی کن و به تمام احکام و قوانینش که در شریعت موسی نوشته شدهاند عمل نما تا به هر کاری دست میزنی و به هر جایی که میروی کامیاب شوی. | 3 |
na yɛ deɛ Awurade, wo Onyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ, nante nʼakwan mu, na di ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso.
اگر چنین کنی، آنگاه خداوند به وعدهای که به من داده وفا خواهد کرد. خداوند فرموده است: اگر نسل تو با تمام وجود احکام مرا حفظ کنند و نسبت به من وفادار بمانند، همیشه یکی از ایشان بر مملکت اسرائیل سلطنت خواهد کرد. | 4 |
Sɛ woyɛ yei a na Awurade bɛdi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ hwɛ wɔn asetena, na wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu nante nokorɛ mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahennwa no so.’
«در ضمن تو میدانی که یوآب چه بر سر من آورد و چطور دو سردار مرا یعنی ابنیر پسر نیر و عماسا پسر یِتِر را کشت. یوآب وانمود کرد که آنها را در جنگ کشته ولی حقیقت این است که در زمان صلح ایشان را کشت و کمربندی را که به کمر بسته بود و کفشهایی را که به پا داشت، به خون آلوده بود. | 5 |
“Wonim sɛ Seruia babarima Yoab kumm mʼakodɔm asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Ɔkunkumm wɔn, hwiee wɔn mogya guiɛ asomdwoeɛ berɛ mu a ɛnyɛ ɔko berɛ mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔwomu a ɛbɔ nʼasene mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so.
تو مردی حکیم هستی و میدانی چه باید کرد. اجازه نده او با موی سفید در آرامش به گور فرو رود. (Sheol ) | 6 |
Wo ne no nni, na mma no mmfa ne ti dwono nkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. (Sheol )
اما با پسران برزلائی جلعادی با محبت رفتار کن و بگذار همیشه از سفرهٔ شاهانهٔ تو نان بخورند. چون وقتی از ترس برادرت ابشالوم فرار میکردم، آنها از من پذیرایی کردند. | 7 |
“Na yɛ Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammarima adɔeɛ, na ma wɔnka wɔn a wɔdidi wɔ wo didipono so no ho. Ɛberɛ a medwane firii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔeɛ.
شِمعی پسر جیرای بنیامینی را هم که از اهالی بحوریم است به یاد داشته باش. وقتی من به محنایم میرفتم او به من اهانت کرد و ناسزا گفت. اما وقتی او برای استقبال از من به کنار رود اردن آمد، من برای او به خداوند قسم خوردم که او را نکشم؛ | 8 |
“Kae Gera Benyaminni a ɔfiri Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me dendeenden, da a meredwane akɔ Mahanaim no. Na ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade edin kaa ntam sɛ, Merenkum no.
ولی تو او را بیگناه نشمار. تو مردی حکیم هستی و میدانی با او چه باید کرد. موی سفیدش را خونآلود به گور بفرست.» (Sheol ) | 9 |
Nanso, ntam no mma ɔnni bem. Woyɛ ɔnyansafoɔ na wobɛhunu ɛkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.” (Sheol )
وقتی داوود درگذشت او را در شهر اورشلیم به خاک سپردند. | 10 |
Na Dawid wuiɛ, na wɔsiee no wɔ Dawid kurom.
داوود چهل سال بر اسرائیل سلطنت نمود. از این چهل سال، هفت سال در شهر حبرون سلطنت کرد و سی و سه سال در اورشلیم. | 11 |
Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔdii Hebron so mfeɛ nson ɛnna Yerusalem nso, ɔdii adeɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa.
سپس سلیمان به جای پدر خود داوود بر تخت نشست و پایههای سلطنت خود را استوار کرد. | 12 |
Enti, Salomo tenaa nʼagya Dawid ahennwa so, na nʼadedie ase timiiɛ yie.
یک روز ادونیا پسر حَجّیت به دیدن بَتشِبَع مادر سلیمان رفت. بَتشِبَع از او پرسید: «آیا به قصد صلح و صفا به اینجا آمدهای؟» ادونیا گفت: «بله، به قصد صلح و صفا آمدهام. | 13 |
Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne maame Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa?” Ɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ asomdwoeɛ so.”
آمدهام تا از تو درخواستی بکنم.» بَتشِبَع پرسید: «چه میخواهی؟» | 14 |
Na ɔka kaa ho sɛ, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔeɛ bi.” Na Batseba bisaa sɛ, “Adɔeɛ bɛn.”
ادونیا گفت: «تو میدانی که سلطنت مال من شده بود و تمام مردم هم انتظار داشتند که بعد از پدرم، من به پادشاهی برسم؛ ولی وضع دگرگون شد و برادرم سلیمان به پادشاهی رسید، چون این خواست خداوند بود. | 15 |
Adoniya kaa sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn ɔhene. Nanso, nneɛma sesaeɛ, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, ɛfiri sɛ, Awurade pɛ no saa.
اکنون خواهشی دارم و امیدوارم که این خواهش مرا رد نکنی.» بَتشِبَع پرسید: «چه میخواهی؟» | 16 |
Seesei, adeɛ baako na mepɛ sɛ mebisa wo. Mfa nkame me.” Ɔkaa sɛ, “Wotumi bisa me.”
ادونیا گفت: «از طرف من با برادرم سلیمانِ پادشاه، گفتگو کن چون میدانم هر چه تو از او بخواهی انجام میدهد. به او بگو که ابیشگ شونَمی را به من به زنی بدهد.» | 17 |
Na ɔtoaa so sɛ, “Kɔbisa ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekodeɛ no nkame wo. Bisa no na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.”
بَتشِبَع گفت: «بسیار خوب، من این خواهش را از او خواهم کرد.» | 18 |
Na Batseba buaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.”
پس بَتشِبَع به همین منظور نزد سلیمان پادشاه رفت. وقتی او داخل شد، پادشاه به پیشوازش برخاست و به او تعظیم کرد و دستور داد تا برای مادرش یک صندلی مخصوص بیاورند و کنار تخت او بگذارند. پس بَتشِبَع در طرف راست سلیمان پادشاه نشست. | 19 |
Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebɛhyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahennwa so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa adwa mmrɛ ɔhene maame, na ɔtenaa ɔhene nifa so.
آنگاه بَتشِبَع گفت: «من یک خواهش کوچک از تو دارم؛ امیدوارم آن را رد نکنی.» سلیمان گفت: «مادر، خواهش تو چیست؟ میدانی که من هرگز خواست تو را رد نمیکنم.» | 20 |
Ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Mewɔ adeɛ ketewaa bi bisa wo, na mfa nkame me.” Ɔhene no buaa no sɛ, “Bisa me, me maame. Meyɛ ama wo.”
بَتشِبَع گفت: «خواهش من این است که بگذاری برادرت ادونیا با ابیشَگِ شونَمی ازدواج کند.» | 21 |
Enti, ɔkaa sɛ, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya awadeɛ.”
سلیمان در جواب بَتشِبَع گفت: «چطور است همراه اَبیشَگ، سلطنت را هم به او بدهم، چون او برادر بزرگ من است! تا او با یوآب پسر صِرویه و اَبیّاتار کاهن روی کار بیایند و قدرت فرمانروایی را به دست بگیرند!» | 22 |
Ɔhene Salomo bisaa ne maame sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛnneɛ, sɛ wobɛbisa ahemman nso ama no. Wonim sɛ ɔyɛ me nua panin na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!”
سپس سلیمان به خداوند قسم خورد و گفت: «خدا مرا نابود کند اگر همین امروز ادونیا را به سبب این توطئه که علیه من چیده است نابود نکنم! به خداوند زنده که تخت و تاج پدرم را به من بخشیده و طبق وعدهاش این سلطنت را نصیب من کرده است قسم، که او را زنده نخواهم گذاشت.» | 23 |
Na ɔhene Salomo de Awurade edin kaa ntam sɛ, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisadeɛ yi so a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara.
Na seesei deɛ, mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahennwa so, na wabɔ me fie ahennie mu nnidisoɔ atenaseɛ ama me, sɛdeɛ ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya deɛ, twa ara na ɛtwa sɛ ɔwu ɛnnɛ yi ara.”
پس سلیمان پادشاه به بنایا پسر یهویاداع دستور داد که ادونیا را بکشد، و او نیز چنین کرد. | 25 |
Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkum no, na ɔkumm Adoniya.
سپس پادشاه به اَبیّاتار کاهن گفت: «به خانهٔ خود در عناتوت برگرد. سزای تو نیز مرگ است، ولی من اکنون تو را نمیکشم، زیرا در زمان پدرم مسئولیت نگهداری صندوق عهد خداوند با تو بود و تو در تمام زحمات پدرم با او شریک بودی.» | 26 |
Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, “Sane kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wowuo, nanso merenku wo seesei, ɛfiri sɛ, wosoaa Awurade Otumfoɔ Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na mohunuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.”
پس سلیمان پادشاه، اَبیّاتار را از مقام کاهنی برکنار نموده و بدین وسیله هر چه خداوند در شهر شیلوه دربارهٔ فرزندان عیلی فرموده بود، عملی شد. | 27 |
Enti, Salomo worɔɔ Abiatar atadeɛ sɛ ɔsɔfoɔ, nam so dii mmara a Awurade hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefoɔ ho no so.
وقتی خبر این وقایع به گوش یوآب رسید، او به خیمهٔ عبادت پناه برد و شاخهای مذبح را به دست گرفت. (یوآب هر چند در توطئهٔ ابشالوم دست نداشت اما در توطئهٔ ادونیا شرکت کرده بود.) | 28 |
Ɛwom, ahyɛaseɛ no na ɔnni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya adɔnyɛ no. Ɛberɛ a Yoab tee Adoniya wuo no, ɔtuu mmirika kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu, na ɔkɔsosɔɔ mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no mu.
وقتی به سلیمان پادشاه خبر رسید که یوآب به خیمهٔ عبادت پناه برده است، بنایا را فرستاد تا او را بکشد. | 29 |
Ɛberɛ a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkɔkum no.
بنایا به خیمهٔ عبادت داخل شد و به یوآب گفت: «پادشاه دستور میدهد که از اینجا بیرون بیایی.» یوآب گفت: «بیرون نمیآیم و همین جا میمیرم.» بنایا نزد پادشاه برگشت و آنچه یوآب گفته بود به او اطلاع داد. | 30 |
Na Benaia kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ɔhene se firi adi.” Nanso, Yoab buaa sɛ, “Dabi, mɛwu wɔ ha.” Enti, Benaia sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no.
پادشاه گفت: «همانطور که میگوید، عمل کن. او را بکش و دفن کن. کشتن او، لکههای خون اشخاص بیگناهی را که او ریخته است از دامن من و خاندان پدرم پاک میکند. | 31 |
Ɔhene no tee asɛm a Yoab kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ Benaia sɛ, “Yɛ deɛ ɔkaeɛ no. Ku no wɔ afɔrebukyia no ho, na sie no. Yei bɛyi adwenemherɛ mogyahwieguo ho afɔdie afiri me ne mʼagya fiefoɔ so.
او بدون اطلاع پدرم، ابنیر فرماندهٔ سپاه اسرائیل و عماسا پسر یِتِر فرماندهٔ سپاه یهودا را که بهتر از وی بودند کشت. پس خداوند هم انتقام این دو بیگناه را از او خواهد گرفت | 32 |
Na Awurade bɛtua no kum a ɔkumm mmarima ateneneefoɔ amapa baanu a na wɔyɛ sene no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel akodɔm sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda akodɔm sahene no wuo ho hwee.
و خون ایشان تا به ابد بر گردن یوآب و فرزندان او خواهد بود. اما خداوند نسل داوود را که بر تخت او مینشینند تا به ابد سلامتی خواهد داد.» | 33 |
Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!”
پس بنایا پسر یهویاداع به خیمهٔ عبادت برگشت و یوآب را کشت. بعد او را در خانهاش که در صحرا بود دفن کردند. | 34 |
Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab wɔ ne kurom wiram baabi.
آنگاه پادشاه، بنایا را به جای یوآب به فرماندهی سپاه منصوب کرد و صادوق را به جای اَبیّاتار به مقام کاهنی گماشت. | 35 |
Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan.
سپس پادشاه، شِمعی را احضار کرد. وقتی شِمعی آمد، پادشاه به او گفت: «خانهای برای خود در اورشلیم بساز و از اورشلیم خارج نشو. | 36 |
Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no sɛ, “Si efie wɔ Yerusalem ha na tena mu. Nanso, mfiri kuro no mu nkɔ baabiara.
اگر شهر را ترک کنی و از رود قدرون بگذری، بدان که کشته خواهی شد و خونت به گردن خودت خواهد بود.» | 37 |
Na da a wobɛtwa Kidron bɔnhwa no, wobɛwu; na wo mogya bɛgu wʼankasa wo tiri so.”
شِمعی عرض کرد: «هر چه بگویید اطاعت میکنم.» پس در اورشلیم ماند و مدتها از شهر بیرون نرفت. | 38 |
Na Simei buaa sɛ, “Wʼatemmuo no yɛ kronn. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti, Simei tenaa Yerusalem kyɛree yie.
ولی بعد از سه سال، دو نفر از غلامان شمعی پیش اخیش پسر مَعَکاه، پادشاه جَت فرار کردند. وقتی به شمعی خبر دادند که غلامانش در جت هستند، | 39 |
Na mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei asomfoɔ baanu dwane kɔɔ Gathene Akis, Maaka babarima nkyɛn. Ɛberɛ a Simei hunuu baabi a wɔwɔ no,
او الاغ خود را آماده کرده، به جت نزد اخیش رفت. او غلامانش را در آنجا یافت و آنها را به اورشلیم باز آورد. | 40 |
ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ɔhunuu wɔn no, ɔde wɔn sane baa Yerusalem.
سلیمان پادشاه وقتی شنید که شمعی از اورشلیم به جت رفته و برگشته است، | 41 |
Salomo tee sɛ Simei afiri Yerusalem akɔ Gat asane aba.
او را احضار کرد و گفت: «مگر تو را به خداوند قسم ندادم و به تأکید نگفتم که اگر از اورشلیم بیرون بروی تو را میکشم؟ مگر تو نگفتی هر چه بگویید اطاعت میکنم؟ | 42 |
Enti, wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei baeɛ, na ɔbisaa no sɛ, “Mamma woanka ntam Awurade edin mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wobɛwu? Na wobuaa sɛ, ‘Atemmuo no yɛ kronkron; na mɛdi asɛm a woaka no so.’
پس چرا سوگند خود را به خداوند نگاه نداشتی و دستور مرا اطاعت نکردی؟ | 43 |
Na adɛn enti na woanni wo ntanka no so amma Awurade, na woantie me nhyɛ?”
تو خوب میدانی چه بدیهایی در حق پدرم داوود پادشاه کردی. پس امروز خداوند تو را به سزای اعمالت رسانده است. | 44 |
Na ɔhene no ka kaa ho sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ wokae amumuyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. Awurade bɛtwe wʼaso wɔ ho.
اما من، سلیمان پادشاه، مبارک خواهم بود و سلطنت داوود در حضور خداوند تا ابد پایدار خواهد ماند.» | 45 |
Na medeɛ, mɛnya Awurade nhyira, na daa Dawid aseni atena ahennwa no so.”
آنگاه به فرمان پادشاه، بنایا شمعی را بیرون برد و او را کشت. به این ترتیب، سلطنت سلیمان برقرار ماند. | 46 |
Na ɔhene no nhyɛ so, Yehoiada babarima Benaia faa Simei de no firii adi kɔkumm no. Enti ahemman no timiiɛ wɔ Salomo nsam.