< Esekiel 42 >

1 Så førte han mig ut til den ytre forgård på veien mot nord, og derefter førte han mig til de kammer som lå midt imot den avsondrede plass og midt imot bygningen i nord,
Afei, ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyire adihɔ hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adihɔ di nhwɛanim, na ɛne atifi fam adihɔ ɔfasuo no nso di nhweanim.
2 til langsiden, som målte hundre alen, med inngang mot nord, og bredden var femti alen.
Ɛdan a ne ɛpono kyerɛ atifi fam yi tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduɔson enum.
3 Ut mot den tyve alen brede plass som hørte til den indre forgård, og ut mot stengulvet i den ytre forgård var det svalgang mot svalgang i tre stokkverk.
Adan no bi ne mfimfini adihɔ no a ne tentene yɛ anammɔn aduasa no di nhweanim. Na adan no bi nso ne aboɔ nsɛweeɛ a ɛwɔ mfikyire adihɔ no di nhwɛanim. Ɛso mmrannaa kyerɛkyerɛ anim wɔ nsan mmiɛnsa no mu biara so.
4 Og foran kammerne var det en gang på ti alens bredde til det indre, en vei på én alen, og deres dører vendte mot nord.
Adan no anim no, na ɛkwan bi da hɔ a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn dunum na tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apono no ano kyerɛkyerɛ atifi fam.
5 Og de øverste kammer var mindre enn de andre; for svalgangene tok mere rum fra dem enn fra de nederste og de midterste i bygningen;
Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ ɔsoro no mu susua, ɛfiri sɛ na nʼabrannaa no mu trɛ sene mmrannaa a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no.
6 for de lå i tre stokkverk, men hadde ingen søiler, således som forgårdene hadde; derfor blev rummet i de øverste kammer mindre enn i de nederste og midterste, fra jorden og opefter.
Adan a ɛwɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa no nni afadum sɛdeɛ nsan a ɛwɔ aseɛ no wɔ no; enti na emu susua sene adan a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no.
7 Og en mur som var utenfor, langsmed kammerne, mot den ytre forgård, gikk foran kammerne; den var femti alen lang.
Na ɔfasuo bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyire adihɔ no sa so; na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum a ɛfa adan no anim.
8 For lengden av de kammer som lå mot den ytre forgård, var femti alen, men mot templet hundre alen.
Adan a ɛsa soɔ na ɛtoa mfikyire adihɔ no so no tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, nanso adan a ɛsa soɔ a ɛbɛn asɔredan no tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
9 Og nedenfor disse kammer var inngangen fra øst, når en gikk inn i dem fra den ytre forgård.
Sɛ obi firi mfikyire adihɔ reba mu a, ɔbɛhunu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no aboboano ani kyerɛ apueeɛ fam.
10 Der hvor forgårdens mur mot øst var bredest, foran den avsondrede plass og foran bygningen, lå det også kammere,
Anafoɔ fam no, adan mmienu bi di nhwɛanim wɔ asɔredan no ne asɔredan no adihɔ hɔ ntam, na
11 og foran dem var det en vei; de var av utseende som de kammer som lå mot nord, og av samme lengde og bredde som de, og de hadde alle sine utganger og sine innretninger som de, og som dørene på dem,
ɛkwan bi da adan no anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; wɔn tentene ne wɔn tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Ɛho apono a wɔfa mu pue ne nsusuiɛ yɛ pɛ. Apono a ɛwɔ atifi fam no
12 så var også dørene på de kammer som lå mot syd; der var en dør ved begynnelsen av veien, veien foran den tilsvarende mur, veien mot øst, hvor en gikk inn til dem.
nso sesɛ adan a ɛwɔ anafoɔ fam no apono. Na ɛpono bi wɔ ɛkwan a ɛne ɔfasuo a ɛkɔ apueeɛ fam no sa soɔ no ano. Ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu.
13 Så sa han til mig: Kammerne mot nord og kammerne mot syd, som ligger mot den avsondrede plass, de er hellige kammer, hvor prestene, som står Herren nær, skal ete det høihellige; der skal de legge det høihellige, både matofferet og syndofferet og skyldofferet; for det er et hellig sted.
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Atifi fam ne anafoɔ fam adan a ani hwɛ asɔredan adihɔ no yɛ asɔfoɔ no dea. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔkɔ Awurade anim no bɛdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔdeɛ kronkron pa ara a ɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ ne afɔdie afɔrebɔdeɛ no bɛgu, ɛfiri sɛ beaeɛ no yɛ kronkron.
14 Når prestene går inn, skal de ikke gå ut igjen fra helligdommen i den ytre forgård, men de skal legge av der de klær som de gjør tjeneste i; for de er hellige; de skal ta på sig andre klær og så nærme sig til den plass som er for folket.
Sɛ asɔfoɔ no kɔ beaeɛ kronkron hɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ hɔ kɔsi sɛ wɔbɛyiyi wɔn ɔsom ntadeɛ agu hɔ, ɛfiri sɛ saa ntadeɛ no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ foforɔ bi ansa na wɔabɛn mmeammea a ɔmanfoɔ tumi kɔ hɔ no.”
15 Og da han var ferdig med målingen i det indre hus, førte han mig ut gjennem den port hvis forside vendte mot øst; og han målte der rundt omkring.
Ɔsusuu deɛ ɛwɔ asɔredan no mu wieeɛ no, ɔde me faa apueeɛ ɛpono no ano pueeɛ, na ɔsusuu asɔredan no ho hyiaaɛ.
16 Han målte østsiden med målestangen: den var fem hundre stenger efter målestangen rundt omkring.
Ɔsusuu apueeɛ fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
17 Han målte nordsiden: den var fem hundre stenger efter målestangen rundt omkring.
Ɔsusuu atifi fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
18 Også sydsiden målte han: den var fem hundre stenger efter målestangen.
Ɔsusuu anafoɔ fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
19 Så gikk han omkring vestsiden og målte fem hundre stenger efter målestangen.
Afei ɔdanee nʼani hwɛɛ atɔeɛ fam, na ɔsusuiɛ no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
20 På alle fire sider målte han det; det hadde en mur rundt omkring, fem hundre stenger lang og fem hundre bred, til å skille mellem det hellige og det som ikke var hellig.
Enti na ne mfefaremu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ afanan no nyinaa, na ɛtwa kronkronbea ne asafo atenaeɛ no ntam.

< Esekiel 42 >