< Ii Regum 23 >
1 Et renuntiaverunt regi quod dixerat. Qui misit: et congregati sunt ad eum omnes senes Juda et Jerusalem.
Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanyimfo nyinaa.
2 Ascenditque rex templum Domini, et omnes viri Juda, universique qui habitabant in Jerusalem cum eo sacerdotes et prophetæ, et omnis populus a parvo usque ad magnum: legitque, cunctis audientibus, omnia verba libri fœderis, qui inventus est in domo Domini.
Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo ne asɔfo ne adiyifo a efi akumaa so kosi ɔkɛse so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan Apam Nhoma a wɔahu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
3 Stetitque rex super gradum: et fœdus percussit coram Domino, ut ambularent post Dominum, et custodirent præcepta ejus, et testimonia, et cæremonias in omni corde, et in tota anima, et suscitarent verba fœderis hujus, quæ scripta erant in libro illo: acquievitque populus pacto.
Ɔhene no tenaa beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ se, ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi Awurade mmara nsɛm, ahyɛde ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɔkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛe ahorow a na wɔakyerɛw wɔ nhoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wobedi so.
4 Et præcepit rex Helciæ pontifici, et sacerdotibus secundi ordinis, et janitoribus, ut projicerent de templo Domini omnia vasa quæ facta fuerant Baal, et in luco, et universæ militiæ cæli: et combussit ea foris Jerusalem in convalle Cedron, et tulit pulverem eorum in Bethel.
Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanyin Hilkia ne asɔfo akunini ne asɔredan sohwɛfo no nyinaa sɛ, wonyiyi asɔredan no mu nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne wim atumfo no nyinaa mfi hɔ. Ɔhene no ma wɔhyew ne nyinaa wɔ Kidron bon a ɛwɔ Yerusalem mfikyiri no mu, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El.
5 Et delevit aruspices quos posuerant reges Juda ad sacrificandum in excelsis per civitates Juda, et in circuitu Jerusalem: et eos qui adolebant incensum Baal, et soli, et lunæ, et duodecim signis, et omni militiæ cæli.
Ɔpam abosom akɔmfo a Yuda ahemfo a wodii kan no yii wɔn no nyinaa, efisɛ na wɔhyew nnuhuam wɔ Yuda abosomfi nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akodu Yerusalem kurom. Wɔhyew nnuhuam maa Baal ne owia, ɔsram ne nsoromma ne wim atumfo.
6 Et efferri fecit lucum de domo Domini foras Jerusalem in convalle Cedron, et combussit eum ibi, et redegit in pulverem, et projecit super sepulchra vulgi.
Ɔhene no tuu Asera dua no fii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyiri wɔ Kidron bon mu hɔ kɔhyew no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtow ne mfutuma no guu amusiei.
7 Destruxit quoque ædiculas effeminatorum quæ erant in domo Domini, pro quibus mulieres texebant quasi domunculas luci.
Odwiriw nsɔree so nguamanfo adan a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu no, faako a na mmea no nwen nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa gui.
8 Congregavitque omnes sacerdotes de civitatibus Juda, et contaminavit excelsa ubi sacrificabant sacerdotes de Gabaa usque Bersabee, et destruxit aras portarum in introitu ostii Josue principis civitatis, quod erat ad sinistram portæ civitatis.
Yosia san de Awurade asɔfo no a na wɔtete Yuda nkurow afoforo so no nyinaa baa Yerusalem. Efi Geba kosi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beae no na na wɔhyew nnuhuam no. Obubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no pon ano no. Sɛ obi rewura kuropɔn no mu a obehu saa pon no wɔ kuropɔn pon no benkum so.
9 Verumtamen non ascendebant sacerdotes excelsorum ad altare Domini in Jerusalem: sed tantum comedebant azyma in medio fratrum suorum.
Asɔfo a na wɔsom wɔ abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn kwan mma wɔnsom wɔ Awurade afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfo a aka no di brodo a mmɔkaw nni mu no.
10 Contaminavit quoque Topheth, quod est in convalle filii Ennom, ut nemo consecraret filium suum aut filiam per ignem, Moloch.
Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔremuka a na ɛwɔ Ben-Hinom bon no mu no nti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babea mmɔ afɔre wɔ ogya mu wɔ so sɛ afɔrebɔde a wɔde ma Molek bio.
11 Abstulit quoque equos quos dederant reges Juda soli in introitu templi Domini juxta exedram Nathanmelech eunuchi, qui erat in Pharurim: currus autem solis combussit igni.
Otutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a esisi Awurade Asɔredan kwan no ano a Yuda ahemfo too din maa owia no nyinaa fii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adiwo a ɛbɛn piamni bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyew nteaseɛnam a na wɔato din ama owia no.
12 Altaria quoque quæ erant super tecta cœnaculi Achaz, quæ fecerant reges Juda, et altaria quæ fecerat Manasses in duobus atriis templi Domini, destruxit rex, et cucurrit inde, et dispersit cinerem eorum in torrentem Cedron.
Yosia bubuu afɔremuka a Yuda ahemfo sisii wɔ ahemfi no atifi wɔ Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔremuka a Manase sisii wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ no nyinaa gui. Odwiriw no pasapasa, too ne afabo no petee Kidron bon no mu.
13 Excelsa quoque, quæ erant in Jerusalem ad dexteram partem montis offensionis, quæ ædificaverat Salomon rex Israël Astaroth idolo Sidoniorum, et Chamos offensioni Moab, et Melchom abominationi filiorum Ammon, polluit rex.
Ɔhene no san guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no ne nea ɛwɔ Ɔsɛe Bepɔw no anafo fam no. Saa beae no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfo bosom bɔne, ne Kemos, Moabfo bosom bɔne, ne Molek, Amonfo bosom bɔne.
14 Et contrivit statuas, et succidit lucos: replevitque loca eorum ossibus mortuorum.
Yosia dwiriw afadum kronkron no nyinaa gui, bubuu Asera nnua no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so.
15 Insuper et altare quod erat in Bethel, et excelsum quod fecerat Jeroboam filius Nabat, qui peccare fecit Israël: et altare illud, et excelsum destruxit, atque combussit, et comminuit in pulverem, succenditque etiam lucum.
Ɔhene no san bubuu afɔremuka a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛe bere a odii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam abo no, ma ɛdan mfutuma, hyew Asera dua no.
16 Et conversus Josias, vidit ibi sepulchra quæ erant in monte: misitque et tulit ossa de sepulchris, et combussit ea super altare, et polluit illud juxta verbum Domini quod locutus est vir Dei, qui prædixerat verba hæc.
Bere a Yosia retoto nʼani no, ohuu nna pii wɔ koko no nkyɛn mu. Ɔhyɛɛ sɛ wontu nnompe no, na ɔhyew ne nyinaa wɔ afɔremuka a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔremuka no ho fi. Eyi sii sɛnea Awurade nam Onyankopɔn nipa so hyɛe, bere a Yeroboam kogyinaa afɔremuka no ho wɔ afahyɛ da no. Afei Yosia dan ne ho hwɛɛ Onyankopɔn nipa a ɔhyɛɛ eyinom nyinaa ho nkɔm no da.
17 Et ait: Quis est titulus ille, quem video? Responderuntque ei cives urbis illius: Sepulchrum est hominis Dei, qui venit de Juda, et prædixit verba hæc, quæ fecisti super altare Bethel.
Yosia bisae se, “Nkaedum bɛn na mihu no?” Na nnipa a wɔwɔ kurow no mu no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a ofi Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi mprempren wɔ afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.”
18 Et ait: Dimitte eum: nemo commoveat ossa ejus. Et intacta manserunt ossa illius cum ossibus prophetæ qui venerat de Samaria.
Yosia buae se, “Momma ɛnwɔ hɔ. Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no.” Ɛno nti, wɔanhyew ɔne odiyifo akwakoraa a ofi Samaria no nnompe.
19 Insuper et omnia fana excelsorum quæ erant in civitatibus Samariæ, quæ fecerant reges Israël ad irritandum Dominum, abstulit Josias: et fecit eis secundum omnia opera quæ fecerat in Bethel.
Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛnea ɔyɛɛ wɔ Bet-El no. Israel ahemfo ahorow bi na wosisi de hyɛɛ Awurade abufuw.
20 Et occidit universos sacerdotes excelsorum qui erant ibi super altaria, et combussit ossa humana super ea: reversusque est Jerusalem.
Okunkum nsɔree so akɔmfo no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, na ɔhyew nnipa nnompe wɔ afɔremuka ahorow no so, de guu ho fi. Akyiri no, ɔsan kɔɔ Yerusalem.
21 Et præcepit omni populo, dicens: Facite Phase Domino Deo vestro, secundum quod scriptum est in libro fœderis hujus.
Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ mudi Twam Afahyɛ ma Awurade, mo Nyankopɔn, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Apam Nhoma no mu no.”
22 Nec enim factum est Phase tale a diebus judicum qui judicaverunt Israël, et omnium dierum regum Israël et regum Juda,
Efi bere a atemmufo dii Israel so mfe bebree a atwa mu wɔ Israel ne Yuda ahemfo so no, wonnii Twam Afahyɛ no bi saa da.
23 sicut in octavodecimo anno regis Josiæ factum est Phase istud Domino in Jerusalem.
Bere a ɔhene Yosia dii mfe dunwɔtwe wɔ akongua so no na wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yerusalem maa Awurade.
24 Sed et pythones, et ariolos, et figuras idolorum, et immunditias, et abominationes, quæ fuerant in terra Juda et Jerusalem, abstulit Josias: ut statueret verba legis quæ scripta sunt in libro quem invenit Helcias sacerdos in templo Domini.
Yosia tɔree samanfrɛfo ne adunsifo ne afi mu anyame ne ahonisom biara ase wɔ Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a ɔsɔfo Hilkia kohuu wɔ Awurade Asɔredan mu no so.
25 Similis illi non fuit ante eum rex, qui reverteretur ad Dominum in omni corde suo, et in tota anima sua, et in universa virtute sua juxta omnem legem Moysi: neque post eum surrexit similis illi.
Ɔhene biara mmae a ɔte sɛ Yosia a ɔde ne koma, ne kra ne nʼahoɔden ama Awurade na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmae a ɔte sɛ ɔno.
26 Verumtamen non est aversus Dominus ab ira furoris sui magni quo iratus est furor ejus contra Judam propter irritationes quibus provocaverat eum Manasses.
Nanso eyi nyinaa akyi no, Awurade abufuw no dɛw tiaa Yuda, esiane bɔne akɛse a Ɔhene Manase yɛe no. Ɛno nti, wanyi nʼabufuwhyew no amfi wɔn so.
27 Dixit itaque Dominus: Etiam Judam auferam a facie mea, sicut abstuli Israël: et projiciam civitatem hanc quam elegi Jerusalem, et domum de qua dixi: Erit nomen meum ibi.
Awurade kae se, “Mɛsɛe Yuda, sɛnea mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afi mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me din anuonyam wɔ mu no.”
28 Reliqua autem sermonum Josiæ, et universa quæ fecit, nonne hæc scripta sunt in libro verborum dierum regum Juda?
Yosia ahenni ho asɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
29 In diebus ejus ascendit Pharao Nechao rex Ægypti contra regem Assyriorum ad flumen Euphraten, et abiit Josias rex in occursum ejus: et occisus est in Mageddo cum vidisset eum.
Bere a Yosia di hene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakofo tuu sa, kɔko tiaa no, nanso bere a wohyiaa wɔ Megido no, ɔhene Neko kum no.
30 Et portaverunt eum servi sui mortuum de Mageddo: et pertulerunt in Jerusalem, et sepelierunt eum in sepulchro suo. Tulitque populus terræ Joachaz filium Josiæ: et unxerunt eum, et constituerunt eum regem pro patre suo.
Yosia asraafo mu mpanyimfo no de nʼamu no too teaseɛnam mu fii Megido, baa Yerusalem besiee no wɔ nʼankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no hene.
31 Viginti trium annorum erat Joachaz cum regnare cœpisset, et tribus mensibus regnavit in Jerusalem: nomen matris ejus Amital filia Jeremiæ de Lobna.
Bere a Yehoahas dii hene no, na wadi mfe aduonu abiɛsa, na odii ade wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Yeremia a ofi Libna no babea a na ne din de Hamutal.
32 Et fecit malum coram Domino, juxta omnia quæ fecerant patres ejus.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no pɛpɛɛpɛ.
33 Vinxitque eum Pharao Nechao in Rebla, quæ est in terra Emath, ne regnaret in Jerusalem: et imposuit mulctam terræ centum talentis argenti, et talento auri.
Farao Neko de Yehoahas too afiase wɔ Ribla wɔ Hamat asase so, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni hene wɔ Yerusalem. Afei, ɔhyɛɛ sɛ Yuda ntua tow dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan sɛ sonkahiri.
34 Regemque constituit Pharao Nechao Eliacim filium Josiæ pro Josia patre ejus: vertitque nomen ejus Joakim. Porro Joachaz tulit, et duxit in Ægyptum, et mortuus est ibi.
Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima dii ade ma osii nʼagya anan mu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na owui wɔ hɔ.
35 Argentum autem et aurum dedit Joakim Pharaoni, cum indixisset terræ per singulos, ut conferretur juxta præceptum Pharaonis: et unumquemque juxta vires suas exegit, tam argentum quam aurum, de populo terræ, ut daret Pharaoni Nechao.
Sɛnea ɛbɛyɛ a Yehoiakim benya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ tow a Farao Neko regye no nti, otwitwaa tow maa Yudafo tuae. Obiara tuaa sɛnea nʼahonya te.
36 Viginti quinque annorum erat Joakim cum regnare cœpisset, et undecim annis regnavit in Jerusalem: nomen matris ejus Zebida filia Phadaia de Ruma.
Bere a Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii ade wɔ Yerusalem mfe dubaako. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ofi Ruma babea.
37 Et fecit malum coram Domino juxta omnia quæ fecerant patres ejus.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no.