< 아가 3 >

1 내가 밤에 침상에서 마음에 사랑하는 자를 찾았구나 찾아도 발견치 못하였구나
Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa so mehwehwɛɛ deɛ mʼakoma da no so; mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.
2 이에 내가 일어나서 성중으로 돌아다니며 마음에 사랑하는 자를 거리에서나 큰 길에서나 찾으리라 하고 찾으나 만나지 못하였구나
Mɛsɔre afei na makɔ kyinkyini kuropɔn no mu, ne mmɔntene so ne nʼadwabirem; na mahwehwɛ deɛ mʼakoma da no so. Enti mehwehwɛɛ no nanso manhunu no.
3 성중의 행순하는 자들을 만나서 묻기를 내 마음에 사랑하는 자를 너희가 보았느냐 하고
Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aprɔ wɔ kuropɔn no mu. “Moahunu deɛ mʼakoma da no so no anaa?”
4 그들을 떠나자마자 마음에 사랑하는 자를 만나서 그를 붙잡고 내 어미 집으로, 나를 잉태한 자의 방으로 가기까지 놓지 아니하였노라
Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ na mehunuu deɛ mʼakoma da no so no. Mesɔɔ ne nsa sɛ meremma no nkɔ kɔsii sɛ mede no baa me maame fie, de no kɔɔ deɛ ɔnyinsɛnee me dan mu.
5 예루살렘 여자들아! 내가 노루와 들 사슴으로 너희에게 부탁한다 사랑하는 자가 원하기 전에는 흔들지 말고 깨우지 말지니라
Yerusalem mmammaa mehyɛ mo sɛ, Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nsuae sɛ morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
6 연기 기둥과도 같고 몰약과 유향과 장사의 여러가지 향품으로 향기롭게도 하고 거친 들에서 오는 자가 누구인고
Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba te sɛ wisie kumɔnn a ɛfiri kurobo, aduhwam ne adwadifoɔ pɛprɛ ahodoɔ mu, atutu ne ho yi?
7 이는 솔로몬의 연이라 이스라엘 용사 중 육십인이 옹위하였는데
Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a akofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm; adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel,
8 다 칼을 잡고 싸움에 익숙한 사람들이라 밤의 두려움을 인하여 각기 허리에 칼을 찼느니라
Wɔn nyinaa bobɔ akofena, wɔn nyinaa wɔ akodie ho nyansa. Wɔn akofena bobɔ wɔn nkyɛn mu, na obiara asiesie ne ho ama deɛ ɛbɛsi anadwo a ɛyɛ hu biara.
9 솔로몬왕이 레바논 나무로 자기의 연을 만들었는데
Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho; ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ.
10 그 기둥은 은이요 바닥은 금이요 자리는 자색 담이라 그 안에는 예루살렘 여자들의 사랑이 입혔구나
Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum, ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ. Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho. Emu nsiesie yɛ ahomeka na Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ.
11 시온의 여자들아! 나와서 솔로몬 왕을 보라 혼인날 마음이 기쁠 때에 그 모친의 씌운 면류관이 그 머리에 있구나
Momfiri adi, mo Sion mmammaa, mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛ deɛ ne maame de hyɛɛ no nʼayeforɔhyia da no, da a ɔdii ahurisie nʼakoma mu no.

< 아가 3 >