< 詩篇 44 >
1 聖歌隊の指揮者によってうたわせたコラの子のマスキールの歌 神よ、いにしえ、われらの先祖たちの日に、あなたがなされたみわざを彼らがわれらに語ったのを耳で聞きました。
Kora mma “maskil” dwom. Ao Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; deɛ woyɛeɛ wɔ wɔn berɛ so, wɔ tete mmerɛ no mu.
2 すなわちあなたはみ手をもって、もろもろの国民を追い払ってわれらの先祖たちを植え、またもろもろの民を悩まして、われらの先祖たちをふえ広がらせられました。
Wode wo nsa pamoo amanaman no na wobɔɔ yɛn agyanom atenaseɛ; wodwerɛɛ nnipa no na womaa yɛn agyanom dii yie.
3 彼らは自分のつるぎによって国を獲たのでなく、また自分の腕によって勝利を得たのでもありません。ただあなたの右の手、あなたの腕、あなたのみ顔の光によるのでした。あなたが彼らを恵まれたからです。
Ɛnyɛ wɔn akofena na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdie; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, ɛfiri sɛ na wodɔ wɔn.
4 あなたはわが王、わが神、ヤコブのために勝利を定められる方です。
Woyɛ me Ɔhene ne me Onyankopɔn, deɛ ɔhyɛ nkonimdie ma Yakob.
5 われらはあなたによって、あだを押し倒し、われらに立ちむかう者を、み名によって踏みにじるのです。
Ɛnam wo so na yɛpamoo yɛn Atamfoɔ; wo din mu na yɛtiatia wɔn a wɔkyiri yɛn soɔ.
6 わたしは自分の弓を頼まず、わたしのつるぎもまた、わたしを救うことができないからです。
Meremfa me ho nto mʼagyan so mʼakofena remfa nkonimdie mmrɛ me;
7 しかしあなたはわれらをあだから救い、われらを憎む者をはずかしめられました。
na wo na woma yɛdi yɛn atamfoɔ so. Wogu wɔn a wɔtane yɛn anim ase.
8 われらは常に神によって誇り、とこしえにあなたのみ名に感謝するでしょう。 (セラ)
Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.
9 ところがあなたはわれらを捨てて恥を負わせ、われらの軍勢と共に出て行かれませんでした。
Nanso seesei woapo yɛn abrɛ yɛn ase; wone yɛn asraafoɔ nnkɔ ɔsa bio.
10 あなたがわれらをあだの前から退かせられたので、われらの敵は心のままにかすめ奪いました。
Woma yɛdwane firii ɛdɔm anim ma yɛn atamfoɔ fom yɛn agyapadeɛ.
11 あなたはわれらをほふられる羊のようにし、またもろもろの国民のなかに散らされました。
Woyii yɛn maa sɛ wɔnkum yɛn sɛ nnwan na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.
12 あなたはわずかの金であなたの民を売り、彼らのために高い価を求められませんでした。
Wotɔn wo nkurɔfoɔ fofoofo, na woannya mfasoɔ biara amfiri mu.
13 あなたはわれらを隣り人にそしらせ、われらをめぐる者どもに侮らせ、あざけらせられました。
Woayɛ yɛn ahohoradeɛ ama yɛn afipamfoɔ, animtiabudeɛ ne aseredeɛ ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.
14 またもろもろの国民のなかにわれらを笑い草とし、もろもろの民のなかに笑い者とされました。
Woayɛ yɛn akasabɛbuo wɔ aman no mu na nnipa no woso wɔn ti de gu yɛn so.
15 わがはずかしめはひねもすわたしの前にあり、恥はわたしの顔をおおいました。
Mʼanimguaseɛ di mʼanim daa, na aniwuo akata mʼanim
16 これはそしる者と、ののしる者の言葉により、敵と、恨みを報いる者のゆえによるのです。
ɛsiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi, ɛsiane ɔtamfoɔ a nʼani abre sɛ ɔbɛtɔ were no enti.
17 これらの事が皆われらに臨みましたが、われらはあなたを忘れず、あなたの契約にそむくことがありませんでした。
Yeinom nyinaa too yɛn deɛ, nanso yɛn werɛ mfirii wo, na yɛmmuu wʼapam no nso so.
18 われらの心はたじろがず、またわれらの歩みはあなたの道を離れませんでした。
Yɛn akoma ntwe mfirii wo ho; na yɛn nan nso mmane mfirii wo kwan so.
19 それでもあなたは山犬の住む所でわれらを砕き、暗やみをもってわれらをおおわれました。
Nanso wodwerɛɛ yɛn yɛɛ yɛn sakraman tuo na wode esum kabii kataa yɛn so.
20 われらがもしわれらの神の名を忘れ、ほかの神に手を伸べたことがあったならば、
Sɛ na yɛn werɛ afiri yɛn Onyankopɔn din anaa sɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ ananafoɔ nyame a
21 神はこれを見あらわされないでしょうか。神は心の秘密をも知っておられるからです。
anka Onyankopɔn bɛhunu, ɛfiri sɛ ɔnim akoma mu ahintasɛm.
22 ところがわれらはあなたのためにひねもす殺されて、ほふられる羊のようにみなされました。
Nanso, wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn.
23 主よ、起きてください。なぜ眠っておられるのですか。目をさましてください。われらをとこしえに捨てないでください。
Nyane, Ao Awurade! Adɛn enti na wada? Keka wo ho! Nnya yɛn hɔ afebɔɔ.
24 なぜあなたはみ顔を隠されるのですか。なぜわれらの悩みと、しえたげをお忘れになるのですか。
Adɛn enti na wode wʼanim ahinta na wo werɛ firi yɛn ahohia ne nhyɛsoɔ?
25 まことにわれらの魂はかがんで、ちりに伏し、われらのからだは土につきました。
Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔteɛ mu na yɛn onipadua aka afam dɔteɛ.
26 起きて、われらをお助けください。あなたのいつくしみのゆえに、われらをあがなってください。
Sɔre bɛboa yɛn; wʼadɔeɛ a ɛnsa da no enti, gye yɛn. Wɔde “Sukooko” sankuo dwomtobea na ɛtoeɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.