< תהילים 39 >

למנצח לידיתון מזמור לדוד אמרתי אשמרה דרכי מחטוא בלשוני אשמרה לפי מחסום בעד רשע לנגדי׃ 1
Dawid dwom. Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yie na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; mɛto mʼano nnareka ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.
נאלמתי דומיה החשיתי מטוב וכאבי נעכר׃ 2
Nanso brɛ a meyɛɛ komm a manka asɛm papa biara mpo no mʼapinisie mu yɛɛ den.
חם לבי בקרבי בהגיגי תבער אש דברתי בלשוני׃ 3
Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ:
הודיעני יהוה קצי ומדת ימי מה היא אדעה מה חדל אני׃ 4
“Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ ne me nna dodoɔ; ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.
הנה טפחות נתתה ימי וחלדי כאין נגדך אך כל הבל כל אדם נצב סלה׃ 5
Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ; na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so. Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ.
אך בצלם יתהלך איש אך הבל יהמיון יצבר ולא ידע מי אספם׃ 6
Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa; ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.
ועתה מה קויתי אדני תוחלתי לך היא׃ 7
“Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ? Mʼanidasoɔ wɔ wo mu.
מכל פשעי הצילני חרפת נבל אל תשימני׃ 8
Gye me firi me bɔne nyinaa mu; mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ.
נאלמתי לא אפתח פי כי אתה עשית׃ 9
Meyɛɛ komm, na mammue mʼano ɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei.
הסר מעלי נגעך מתגרת ידך אני כליתי׃ 10
Yi wʼasotwe firi me so; wo nsa ano amanehunu amene me.
בתוכחות על עון יסרת איש ותמס כעש חמודו אך הבל כל אדם סלה׃ 11
Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboa onipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ.
שמעה תפלתי יהוה ושועתי האזינה אל דמעתי אל תחרש כי גר אנכי עמך תושב ככל אבותי׃ 12
“Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me sufrɛ; nsi wʼaso wɔ me su ho Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ, sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.
השע ממני ואבליגה בטרם אלך ואינני׃ 13
Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio ansa na mafiri ha a mente ase bio.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< תהילים 39 >